Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ wɔ Adwumam

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ wɔ Adwumam

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ wɔ Adwumam

DƐN nti na nnipa binom haw afoforo? Bible no ma yehu asɛm no mu yiye. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛte “nna a edi akyiri” a ɛde “mmere a emu yɛ den” aba yɛn so mu. Nnipa pii yɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.” (2 Tim. 3:1-5) Su horow a ɛtete saa atrɛw wɔ basabasayɛ mmere yi mu, na nea afi mu aba a enye no mu biako ne adwumam ateetee. Ɛnde ɔkwan bɛn so na wubetumi ahwehwɛ asomdwoe wɔ adwumam?

Nsɛmnsɛm a Yebesiesie

Mpɛn pii no, ɔhaw taa fi ase bere a wobu ani gu adwumayɛfo ntam nsɛmnsɛm so no. Enti, bere a ɛnyɛ sɛ wode wo ho rehyehyɛ afoforo nsɛm mu no, yɛ ntɛm siesie akasakasa biara a ɛbɛsɔre a woka ho bi no. Fa anifere ne obu dwudwo abufuw ano. Wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo nni nsɛm sɛ ankorankoro na ɛnyɛ sɛ kuw. Sɛ wuhu sɛ ɛte sɛ nea obi ne wo wɔ asɛm bi a, bɔ mmɔden sɛ mubesiesie asɛm no. Ma Yesu afotusɛm yi ntra w’adwenem: “Wo ne wo nkurobɔfo wɔ kwan so no, wo ne no mmom ntɛm.”—Mateo 5:25.

Bio nso, obiara benya nkitahodi pa a ɛbɛtra mo ntam no so mfaso. Enti bɔ mmɔden sɛ wobɛte w’anim akyerɛ w’adwuma sohwɛfo a ɛnyɛ sɛ wode repɛ n’anim dom ara kwa. Kae nso sɛ nkitahodi pa a wo ne w’atipɛnfo ne wɔn a wɔhyɛ w’ase benya no beyi dadwen afi wo so. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.”—Mmebusɛm 15:22.

Enti yɛ nea wubetumi biara sɛ wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo ntam bedwo. Ɛno nkyerɛ sɛ “wobɛsɔ nnipa ani,” wode amemenemfe bɛyɛ biribiara a wɔhwehwɛ fi wo hɔ, na esiane sɛ wompɛ wo ho asɛm nti, wobɛpene so ayɛ nea wunim sɛ enye. Nanso anigye ne adamfofa su a wobɛda no adi no betumi ayi nitan biara afi mo ntam. Hwɛ w’anom nsɛm, ne ɔkwan a wofa so kasa no yiye. Bio nso, Bible de afotu a nyansa wom yi ma sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmebusɛm 15:1) “Tɛkrɛmabere yɛ nkwa dua.” (Mmebusɛm 15:4) “Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti.” (Mmebusɛm 25:15) “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.”—Kolosefo 4:6.

“Momma Nnipa Nyinaa Nhu Mo Dwo”

Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a wɔwɔ Filipi fo sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Di saa nnyinasosɛm yi so fa abrabɔ gyinapɛn a ɛfata sisi w’ani so. Kwati sɛ wubegye wo ho adi dodo anaasɛ wobɛfɛre ade mmoroso. Sɛ wo mfɛfo adwumayɛfo di wo ho fɛw a, mmɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ bi atua wɔn ka. Sɛ woyɛ nyaatwom a, worennya so mfaso biara. Di afoforo ni na bu wɔn, na saa ara na wɔn nso wɔde bɛyɛ wo.

Nnwen wo nneyɛe nkutoo ho na mmom susuw w’ahosiesie nso ho. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ntade a mehyɛ ma wɔka fa me ho? So m’ahosiesie haw afoforo adwene? So minni me ho ni? Ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ ntade a mehyɛ kɔ adwuma no mu?’

Wɔ mmeae pii no, wobu adwumayɛfo a wɔyɛ nsi na wodi nokware no kɛse. Enti bɔ mmɔden yɛ w’adwuma yiye na wɔabu wo. Yɛ obi a afoforo tumi de wɔn ho to wo so. Eyi nkyerɛ sɛ wubegye adwuma biara abɔ so. Ɔbea bi a wɔateetee no pɛn no kae sɛ ɔka ho bi na saa haw no too no. Ɔka sɛ: “Na mepɛ sɛ meyɛ biribiara frenkyemm.” Nanso ɔbea yi behui sɛ ɔrentumi nyɛ biribiara frenkyemm mma ɛnyɛ yiye. Ɔka sɛ: “Meyɛ odwumayɛfo pa, nanso ɛnsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ mɛyɛ biribiara frenkyemm.”

Mma nsɛm a nkurɔfo ka tia wo no nhaw wo pii. Ɛnyɛ kasatia nyinaa na ɛkyerɛ sɛ wɔreteetee wo. Ɔhene Salomo kyerɛwee wɔ Bible mu sɛ: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho . . . Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, . . . Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom.”—Ɔsɛnkafo 7:9, 21, 22.

Nokwarem no, nnyinasosɛm a ɛtɔ asom saa a wubedi akyi no nkyerɛ sɛ wɔrenteetee wo da. Mmɔden a wobɛbɔ nyinaa akyi no, mfɛfo adwumayɛfo betumi ahaw wo. Ɛnde na dɛn na wobɛyɛ?

Hwehwɛ Mmoa

Gregory ka sɛ: “Bere a wɔtan m’ani asram bebree akyi no, meyɛɛ basaa.” Nkate mu yaw a ɔfaa mu te sɛ abufuw, afobu, aniwu, adwenem basaayɛ, ne te a ɔtee nka sɛ ne ho nni mfaso biara no ne nnipa afoforo a wɔateetee wɔn no de hyia. Ateetee betumi ama onipa a n’adwenem da hɔ mpo abam abu. Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.” (Ɔsɛnkafo 7:7) Enti dɛn na wubetumi ayɛ?

Nhwehwemu kyerɛ sɛ ɛyɛ papa sɛ woremmɔ mmɔden sɛ wo nkutoo bedi ɔhaw no ho dwuma. Sɛ obi hyia ateetee a, ɛhe na obetumi anya mmoa? Nnwuma akɛse bi ayɛ nhyehyɛe a wɔde boa wɔn adwumayɛfo a wɔte nka sɛ afoforo teetee wɔn no. Nnwuma a ɛte saa no nim sɛ sɛ wɔhwɛ sɔw saa ɔhaw no ano a, ɛbɛboa wɔn ankasa. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, bere a adwumayɛfo a wɔhaw afoforo de yɛ adwuma no so tew ɔha mu nkyem 10. Wɔn a wɔhaw wɔn no betumi ahwehwɛ mmoa afi baabiara a wɔayɛ saa nhyehyɛe yi. Obi foforo koraa—sɛ ebia ɔwɔ adwuma koro no ara mu anaa ofi baabi foforo no—betumi aboa ma wɔasusuw tebea no ho na wɔahyehyɛ abrabɔ ho mmara wɔ adwuma no mu ama obiara adi so.

Ano Aduru Edi Mu Biara Nni Hɔ

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ateetee ano aduru a edi mu biara nni hɔ. Mpo wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm a yɛaka ho asɛm yi di dwuma no betumi ahu sɛ wɔda so ara yɛ nkurɔfo ayayade wɔ adwumam. Ɛsɛ sɛ saafo no nya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn hu wɔn boasetɔ ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛda suban pa adi wɔ ɔhaw mu no.—2 Beresosɛm 16:9; Yeremia 17:10.

Ebinom hwɛ sɛnea ayayade a wɔyɛ wɔn no te so de hwehwɛ adwuma foforo. Afoforo fam de, wontumi nyɛ saa, efisɛ ebia na adwuma a wobenya ayɛ ho yɛ na, na mmeae a wobetumi anya mmoa afi no nso nnɔɔso. Monika a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hui sɛ bere bi akyi no wodii tebea no ho dwuma bere a wɔn a wɔhaw no no mu biako fii adwuma no mu no. Eyi maa asomdwoe baa adwumam hɔ, na otumi suaa n’adwuma no wiei ansa na ɔrekɔpɛ adwuma foforo ayɛ.

Peter a yɛbɔɔ ne din wɔ asɛm a edi kan no mu no nyaa ahotɔ koraa bere a ɔkɔɔ pɛnhyen ntɛm no. Nanso ne yere boaa no, bere a na wɔreteetee no no. Peter ka sɛ: “Na onim tebea a na merefa mu no, na ɔhyɛɛ me den bere nyinaa.” Bere a Monika ne Peter wɔ ɔhaw no mu no, Yehowa Adansefo a na wɔyɛ no ma wonyaa awerɛkyekye kɛse. Asɛnka adwuma a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no hyɛɛ wɔn den, na wɔn mfɛfo gyidifo fekubɔ no nso maa wohui sɛ wɔwɔ nnamfo pa.

Sɛnea wo tebea te biara no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wo ne afoforo ntam bedwo wɔ adwumam. Sɛ wɔhaw wo a, bɔ mmɔden sɛ wubedi ɔsomafo Paulo afotu yi akyi: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. . . . Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!”—Romafo 12:17-21.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Adamfofa su a wobɛda no adi no betumi ayi nitan biara afi hɔ

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—ROMAFO 12:18

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Di akasakasa biara a ɛbɛsɔre ho dwuma ntɛm ara