Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wo Ba Nnyae Su Da

Bere a Wo Ba Nnyae Su Da

Bere a Wo Ba Nnyae Su Da

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CANADA HƆ

NEA na abofra no maame susuw ho no ara na oduruyɛfo no kae. Na ne ba no anya ayamkeka denneennen soronko bi. Canada atesɛm krataa Globe and Mail ka sɛ “yare yi ka mmofra baanan biara mu biako.” Yare yi ho nsɛnkyerɛnne no bi ne sɛ abofra besu bere tenteenten, anyɛ yiye koraa no nnansa wɔ dapɛn biako mu. Dɛn na awofo a wɔn ho yeraw wɔn no betumi ayɛ? Nnuruyɛfo a wɔhwɛ mmofra ka sɛ mpɛn pii no, nea awofo ne mmofra betumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛtwɛn akosi sɛ ayamkeka no ara begyae. Nanso wɔntwɛn nkosi da bɛn?

Nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Canada nnansa yi wɔ ɛnanom a wɔn mma yam taa keka wɔn ho no daa no adi sɛ mmofra dodow no ara na wɔn yare no gyaee bere a wodii asram abiɛsa no. Oduruyɛfo Tammy Clifford a ɔyɛ nyarewa ano siw ho kwankyerɛfo wɔ Mmofra Ayaresabea a ɛwɔ Eastern Ontario Nhwehwɛmu Adesuabea a na odi nhwehwɛmu yi nso anim no daa no adi sɛ, sɛ obi wo abofra a ɔwɔ ayamkeka a, entumi nhyɛ ɛna no so bere nyinaa. Oduruyɛfo Clifford ka sɛ: “Wɔ awo akyi asram asia no, ɛnanom yi tebea yɛ te sɛ wɔn a wɔn mma nni ayamkeka no ara pɛ. Sɛ mmofra no gyae su a, ɛnanom no werɛ tumi fi ho asɛm koraa.”

Globe atesɛm krataa no ka sɛ saa nhwehwɛmu foforo a Oduruyɛfo Clifford ne n’ahokafo yɛe yi “ama yɛanya yare no ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri na ɛho hia, efisɛ ama yɛahu sɛ, mmofra ayamkeka gu ahorow abiɛsa: mmofra a wonya ayamkeka na egyae wɔ asram abiɛsa ntam; mmofra a wɔn ayamkeka no tumi di asram pii a ennyae; ne mmofra kakraa bi a wonnya yare no ntɛm.” Wɔreyɛ mmofra a wɔyare ayamkeka no ho nhwehwɛmu foforo de anya wɔn ho nsɛm pii bere a wɔrenyin no, na wɔde ani asi mmofra a wonnya ayamkeka ntɛm no so titiriw.

Wogye di sɛ nea ɛma mmofra su denneennen no fi wosow a wɔwosow wɔn no. Sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ Globe atesɛm krataa mu no, “osu ara kɛkɛ ntumi mpira abofra, nanso abofra a wobɛwosow no denneennen bere tiaa mu mpo no betumi aka n’adwene, na obetumi awu mpo.”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebia akokoaa no benya mfaso afi sũ a obesu denneennen no mu. Globe atesɛm krataa no ka sɛ: “Nhwehwɛmu ada no adi sɛ mmofra a wosu pii no ma nnipa a wɔhwɛ wɔn no nya bere a ɛfata ma wɔn, wɔsoso wɔn mu, serew kyerɛ wɔn, kasa kyerɛ wɔn pii na wogyigye wɔn agoru kɛse.”