Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Aware Ni?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Aware Ni?

Bible no Adwene

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Aware Ni?

ƐNNƐ ɛkame ayɛ sɛ nnipa pii na wɔbɛka sɛ wogye di sɛ aware som bo. Sɛ saa a, adɛn nti na aware pii kowie awaregu mu? Wɔ ebinom fam no, aware yɛ ɔbarima ne ɔbea ntam nkitahodi ne mmara kwan so nhyehyɛe bi kɛkɛ. Nanso bɔhyɛ de wobetumi abu so. Wɔn a wɔwɔ adwene a ɛte saa wɔ aware ho no, sɛ nsɛnnennen bi si a ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wobegu aware no.

Onyankopɔn bu aware nhyehyɛe no dɛn? Yebehu mmuae no wɔ N’asɛm Bible no mu, wɔ Hebrifo 13:4: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu.” Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ni” no kyerɛ biribi a ɛsom bo na wobu no kɛse. Sɛ biribi som bo ma yɛn a yɛde ahwɛ yiye kora so na amfi yɛn nsa, sɛ mpo yɛanhyɛ da a. Saa ara na ɛsɛ sɛ yebu aware nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ Kristofo bu no sɛ ade a nidi wom—sɛ biribi a ɛsom bo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ ho ban.

Ɛda adi sɛ, Yehowa Nyankopɔn bɔɔ aware no sɛ nhyehyɛe a ɛsom bo a ɛda a okunu ne ɔyere ntam. Nanso ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akyerɛ sɛ yɛne no yɛ adwene wɔ aware ho?

Ɔdɔ ne Obu

Aware nhyehyɛe a yebedi no ni no hwehwɛ sɛ aware mu ahokafo no di wɔn ho wɔn ho ni. (Romafo 12:10) Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi Kristofo no sɛ: ‘Mo mu biara nnɔ ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɛsɛ sɛ onya obu a emu dɔ ma ne kunu.’—Efesofo 5:33.

Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a ɔhokafo bi rennyɛ n’ade wɔ ɔdɔ anaa obu kwan so. Nanso sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ Kristofo da ɔdɔ ne obu adi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”—Kolosefo 3:13.

Bere a Mubenya Ama Mo Ho

Awarefo a wobu wɔn aware no sɛ ade a ɛsom bo no gye bere de di wɔn honam fam ne nkate fam ahiade ho dwuma. Mpɛn pii no bere a awarefo nya ma wɔn ho no kyerɛ sɛnea wɔn aware no som bo ma wɔn fa.

Saa pɛpɛɛpɛ nso na ɛte wɔ nna mu kyɛfa ho. Bible ka sɛ: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara.” (1 Korintofo 7:3) Nanso, awarefo bi abehu hia a ɛho hia sɛ okunu no kɔtra baabi kakra sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika pii aba fie. Ɛtɔ mmere bi a, wɔn ani bɛba wɔn ho so no na ntetewmu no abɛyɛ bere tenteenten. Mpɛn pii na ntetewmu a ɛte saa no de nhyɛso a emu yɛn den ba aware no so, na ɛtaa kowie awaresɛe ne awaregu. (1 Korintofo 7:2, 5) Ɛno nti, Kristofo awarefo pii asi gyinae sɛ wobegyae honam fam nneɛma akyi di na wɔamfa asiane amma aware a ɛsom wɔn bo no so.

Bere a Nsɛnnennen Sɔre

Sɛ nsɛm a emu yɛ den sɔre a, Kristofo a wodi wɔn aware ni no rempɛ ntɛm ntetew mu anaa wongu aware no. (Malaki 2:16; 1 Korintofo 7:10, 11) Yesu kae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, na wama ɔbea no asɛe aware; na obiara a ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.” (Mateo 5:32) Awaregu anaa ntetewmu a awarefo bɛpaw bere a ennyina Kyerɛwsɛm so no mma nidi mma aware mu.

Adwene a yɛwɔ wɔ aware ho no nso da adi denam afotu a yɛde ma wɔn a wohyia nsɛnnennen wɔ aware mu no so. So yɛpɛ ntɛm kamfo ntetewmu anaa awaregyae kyerɛ? Ɛwom, mmere bi wɔ hɔ a ebehia sɛ wɔtetew mu, sɛ wɔyɛ obi ayayade ntraso anaasɛ wɔhyɛ da po sɛ wɔnhwɛ no a. * Afei nso, sɛnea yɛadi kan aka no, Bible no ma awaregyae ho kwan bere a obi hokafo abɔ aguaman no. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristofo hyɛ afoforo wɔ wɔn gyinaesi ho wɔ tebea a ɛte saa mu sɛnea ɛnsɛ. Sɛnea ɛte biara no, onii no na ɔrehyia nsɛnnennen wɔ n’aware mu—ɛnyɛ nea ɔretu no fo no—na obenya nea ebefi gyinaesi no mu aba no mu kyɛfa.—Galatifo 6:5, 7.

Mmu W’ani Ngu Nneɛma So

Aware a wɔware de nya hokwan kɔtra ɔman foforo so abɛyɛ ade a abu so wɔ mmeae ahorow bi. Nea eyi taa kyerɛ ne sɛ wɔware obi a ofi saa man no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika. Ɛwom sɛ wɔaware de nanso mpɛ pii no wɔntra mmom, ebi mpo a wonnya ayɔnkofa biara. Sɛ wonya nya mmara ho kwan de tra ɔman no mu pɛ, na wɔagyae aware. Wobu wɔn aware no sɛ guadi nhyehyɛe nkutoo.

Bible no mpene ade a wobu ani gu so saa no so. Ɛmfa ho atirimpɔw ko a wokura wɔ saa aware no ho no, saa nkurɔfo no de wɔn ho hyɛ nhyehyɛe kronkron a Onyankopɔn bu no sɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nhyehyɛe a ɛte saa mu no bom tra sɛ okunu ne ɔyere, na wɔde Bible ahwehwɛde a ɛfa mmra kwan so a wɔfa gyae aware san ware bio ho no di dwuma.—Mateo 19:5, 6, 9.

Sɛnea ade foforo biara a ɛsom bo hwehwɛ hia mmɔden bɔ ne animia no, saa ara na ɛte wɔ aware pa a wɔhwehwɛ ho. Wɔn a wɔnkyerɛ anisɔ mma bo a ɛsom no, ɛnkyɛ na w’apa abaw. Anaasɛ wɔfa no sɛ wɔn aware no nyɛ anigye. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔkyerɛ anisɔ ma sɛnea aware som bo no nim sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔbom tra. (Genesis 2:24) Wonim nso sɛ sɛ wɔbɛbom ayɛ adwuma sɛ awarefo a, na wɔredi Nyankopɔn ni sɛ aware nhyehyɛe Hyehyɛfo. (1 Korintofo 10:31) Sɛ wonya adwene a ɛte saa a, ɛkanyan wɔn ma wɔyere wɔn ho yɛ adwuma bom ma wɔn aware no sɔ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ Ɔwɛn-Aban November 1, 1988 kratafa 22-23.