Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?

Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mmeae a Mmabun Kɔsaw Nso Ɛ?

“Minim nea enti a mekɔ—mikogye m’ani ankasa.”—Shawn.

“Nokwasɛm ni, ɛyɛ anigye—ɛyɛ anigye paa! Yɛsaw ara ma ade kye.”—Ernest.

MMEAE a mmabun kɔ kɔsaw abɛyɛ ade a abu so nnansa yi. Mmabun pii a wɔpɛ anigye no taa kɔ mmeae a ɛtete saa.

Ɛwom, yɛn nyinaa pɛ sɛ yegye yɛn ani. Na Bible no ka sɛ ‘anigye wɔ ne bere’ na mpo “asaw wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:4) Nanso, so beae a mmabun kɔsaw no ma wonya anigye a ɛfata? Anaasɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw ho yiye ansa na yɛakɔ beae a ɛte saa?

‘Apontow a Wɔma Ɛtra So’

Ɛwom sɛ Bible no nkasa ntia apontow a ɛfata de, nanso ɛkasa tia “agobɔne” anaasɛ ‘apontow a wɔma ɛtra so.’ (Galatifo 5:19-21) Wɔ Bible mmere mu no, na agobɔne ma wɔyɛ nneɛma tra so. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsã akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn, na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsã wɔ wɔn apontow ase, na [Yehowa, NW] nneyɛe de, wɔnhwɛ.”—Yesaia 5:11, 12.

Ná wɔde mmosa ne nnwom a ano yɛ den kɔ apontow ahorow yi ase. Wofi ase ntɛm na wɔapɔn anadwo. Afei wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ agobɔne mu no yɛɛ wɔn ade te sɛ nea Onyankopɔn nni hɔ! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn kasa tiaa apontow a ɛtete saa. Ɛnde, Onyankopɔn te nka dɛn wɔ nea ɛrekɔ so nnɛ wɔ mmeae pii a mmabun kɔsaw no ho?

Susuw asɛm no ho hwɛ. Ade biako ne sɛ, wɔtaa saw asabɔne wɔ mmeae bi a ɛte saa. Nhoma bi ka sɛ “US kuw bi a wɔfrɛ wɔn punk a na wɔyɛ wɔn nneɛma basabasa, bɔ nnwom gyegyeegye no wofii asabɔne no ase wɔ 1980 mfe no mu. Wonya fii asaw bi a na wɔn a wɔsaw no de wɔn ho pempem wɔn ho wɔn ho no mu.” Nea wɔtaa yɛ wɔ saa asaw no mu ne sɛ, wohuruhuruw kɔ soro ba fam, wosow wɔn ti denneennen de pempem afoforo de mu, na wɔn a wɔsaw no pempem wɔn ho nso. Nea ɛtaa fi mu ba ne sɛ wɔn a wɔsaw no anan ne wɔn nsa mu bubu, wɔn ho taa twitwa, wɔn mu binom akyi berɛmo ho tumi kã, na wɔn ti ho paapae. Owu mpo tumi fi mu ba. Bio nso, wɔ mmeae a wɔsaw no bi no, nkurɔfo a wɔresaw no tumi pagya obi kɔ soro ma omunimuni ne ho wɔ wɔn nsa so. Ɛtɔ da a wogyae wɔn mu pii hwe fam ma wopirapira. Na wɔtaa de wɔn nsa fofa mmabaa ho suso wɔn mu wɔ ɔkwan a ɛmfata so.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn ani nnye nneyɛe a ɛtete saa ho. Efisɛ N’asɛm no hyɛ Kristofo sɛ, ‘wɔmpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ na wɔmfa adwenemtew ntra ase.’—Tito 2:12.

Nnwom ne Nnubɔne

Afei susuw nnwom ko a wɔbɔ wɔ mmeae a wɔsaw yi ho hwɛ. Ebinom bɔ nnwom a ano yɛ den mmoroso a ahuhusɛm nkutoo na ɛwom. Nanso nnwom a wɔtaa bɔ wɔ mmeae pii ne rap anaa hip-hop. Ɛyɛ nnwom a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ, basabasayɛ, ne atuatew. So nnwom a ɛtete saa a wubetie wɔ mmeae a ɛmfata saa no rentumi nnya wo so nkɛntɛnso? David Hollingworth a ɔyɛ asanombea ho nimdefo no kae sɛ: “Nnwom tumi nya nnipa adwene so tumi kɛse. Sɛ nnipa pii hyia a, nnwom betumi ama wɔayɛ basabasa.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ, basabasayɛ taa si wɔ mmeae pii a wɔsaw wɔ U.S. no. Nnipa pii te nka sɛ basabasayɛ a ɛte saa no fi nnwom a aba so a ɛhyɛ nneyɛe a ɛmfata ne abrabɔ bɔne ho nkuran no. *

Nnansa yi, nnubɔnenom nso abɛka asaw a wɔsaw wɔ mmeae ahorow no ho. Nhwehwɛmufo bi kae sɛ mmeae a wohyia saw a aba so no na ama “nnubɔnenom abu so saa no.” Nokwarem no nnubɔne bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no asaw aduru. Ebinom a wɔtaa kɔ mmeae a wɔsaw yi nom nnubɔne fra. Nnuru a wɔtaa de fra no bi ne ketamine a ebetumi ama obi anya adwenemhaw, n’ani so betumi ayɛ no krakra, ɔhome a ensi so yiye, na wanya akyi berɛmo mu yare. Aduru a wɔfrɛ no Methamphetamine betumi ama obi ayare awerɛfi, n’ani so ayɛ hyew, wayɛ basabasa, na ebetumi ama wanya komayare ne akyi berɛmo mu yare nso. Aduru a agye din paa ne nea wɔde amphetamine ayɛ a wɔfrɛ no ecstasy no. Ebetumi ama obi adwene atu afra, ne ho ayeraw no, ne koma abɔ ntɛmntɛm, wanya mogya mmoroso, na ne ho ayɛ hyehyeehye. Nnipa a wɔnom ecstasy no bi mpo awuwu.

Nnubɔne a wɔde di dwuma no ne Bible ahyɛde a ɛka sɛ ‘yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu’ no nhyia. (2 Korintofo 7:1) So nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ baabi a wɔnom nnubɔne pii no?

Fekubɔne

Kae kɔkɔbɔ a wɔtaa ka ho asɛm yi: ‘Fekubɔne sɛe ɔbra pa.’ (1 Korintofo 15:33) Ɛte sɛ nea mmabun a wɔtaa kɔ mmeae a wɔsaw no nnwen Onyankopɔn a wɔbɛsɔ n’ani ho no sɛnea nnipa a na wodi atuturaasɛm a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Bible mu te no. Nokwarem no, yebetumi aka wɔn mu pii ho asɛm sɛ “wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) So wobɛpɛ sɛ wo ne nnipakuw a ɛte saa bɛbɔ?

Ebia ebinom besusuw sɛ sɛ wɔne Kristofo mmabun kɔ beae a wɔsaw a, ɛnyɛ hu pii. Nanso, Kristofo mmabun a wɔyɛ “gyidifo nhwɛso . . . abrabɔ mu” no rempɛ sɛ wɔbɛkɔ mmeae a ɛte saa. (1 Timoteo 4:12) Sɛ mpo Kristofo mmabun kɔ beae bi a wɔsaw na wɔne afoforo a wɔn bra asɛe ammɔ a, wɔrentumi nkwati nnwom ne nneɛma bɔne a ɛkɔ so wɔ hɔ no. Sɛ ɛba sɛ afoforo to nsa frɛ wɔn sɛ wɔne wɔn mmɛsaw a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛpo. Mmabun no binom mpo de wɔn ho ahyɛ ntɔkwaw a esi wɔ beae a ɛte saa no mu pɛn! Enti Bible asɛm yi yɛ nokware sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.

Asabɔne

Ade foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne asaw a wɔsaw wɔ hɔ no. Asaw soronko bi aba so wɔ United States a mmofra a wɔasi so titiriw na wɔsaw. Wɔtaa de hip-hop dwom a wɔka ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm pefee wom no na ɛsaw. Bio nso, asaw no ankasa te sɛ nea wɔrenya nna mu kyɛfa. Enti, wɔaka asaw a ɛma wobubu wɔn mu yi ho asɛm sɛ ‘aguaman asaw.’

So Kristoni babun bɛpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ asaw a ɛte saa mu? Ɔrenyɛ saa bere a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn a ɔhyɛ yɛn sɛ, ‘Yenguan aguamammɔ!’ no ani no. (1 Korintofo 6:18) Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Sɛ obiara reyɛ bi a, ɛnde na mfomso biara nni ho.’ Nanso, nnipa dodow tumi di mfomso. (Exodus 23:2) Nya akokoduru sɛ wobɛko atia atipɛnfo nhyɛso na kɔ so nya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim!—1 Petro 4:3, 4.

Ɛho Gyinaesi

Eyi nkyerɛ sɛ asaw nyinaa nye. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ bere a wɔde Onyankopɔn apam adaka no san baa Yerusalem no, Ɔhene Dawid ani gyei araa ma ɔde “n’ahoɔden nyinaa sawee.” (2 Samuel 6:14) Wɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba desɛefo no ho mu no, na ‘nnwom ne asaw’ ka ahurusi a na wɔredi bere a ɔba no san baa fie no ho.—Luka 15:25.

Saa ara na ebetumi aba sɛ asaw bi wɔ faako a wowɔ no a Kristofo betumi asaw bi. Ɛno mpo no, ebehia sɛ wokari pɛ na wode nhumu di dwuma. Ahobammɔ wom sɛ wubetie nnwom na w’asaw wɔ Kristofo apontow a wɔhwɛ so yiye ase sen sɛ wobɛyɛ saa wɔ mmeae a mmabun nkutoo kɔsaw no. Wɔ Kristofo apontow a wɔhwɛ so yiye ase no, mmofra ntew wɔn ho, na mmom wɔne Kristofo mmofra ne mpanyin nyinaa bom nya fekubɔ pa.

Ɛwom, ebetumi aba sɛ adidibea bi wɔ mo mpɔtam hɔ a wɔbɔ nnwom pa na wɔsaw asaw papa wɔ hɔ. Nanso ansa na wobɛpene so ne obi akɔ hɔ no, eye sɛ wubisa wo ho sɛ: Din bɛn na saa beae no agye? So mmabun nkutoo na wɔkɔ hɔ? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na tebea a ɛwɔ hɔ no betumi ayɛ papa? Nnwom bɛn na wɔbɛbɔ? Asaw bɛn na wɔsaw wɔ hɔ? M’awofo te nka dɛn wɔ kɔ a mɛkɔ hɔ no ho? Nsɛm a ɛtete sɛɛ a wubebisa wo ho no bɛma woayi wo ho afi ɔhaw mu.

Shawn a yɛfaa n’asɛm kae wɔ asɛm yi mfiase no bɔ asɛm no mua fɛfɛɛfɛ. Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na ɔtaa kɔ mmeae a wɔsaw. Ɔka sɛ: “Ahohwibra abu so wɔ asanombea. Nnwom a wɔbɔ wɔ hɔ no taa yɛ ɔbrasɛe nnwom, asaw no nye koraa, na nnipa dodow a wɔkɔ hɔ no kura atirimpɔw bi—wɔpɛ sɛ wobefi hɔ no na wɔanya obi a wɔne no bɛda.” Bere a Shawn ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ogyaee mmeae a wɔsaw no kɔ. Osuahu a ɛyɛ yaw a wanya no ma ɔka sɛ: “Mmeae a ɛte saa no nyɛ baabi a ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Hwɛ asɛm a ɛne “Nea Enti a Nnwom Nya Yɛn So Tumi” a ɛwɔ October 8, 1999 Nyan! a ɛbae no mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Mmabun binom de wɔn ho akɔhyɛ tebea a ɛmfata koraa mu wɔ mmeae a wɔsaw