Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti a Mempɛ Sigaret!

Nea Enti a Mempɛ Sigaret!

Nea Enti a Mempɛ Sigaret!

WƆDE asɛmti yi maa adesuafo pii a wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔman akyerɛw akansi a Missouri Ɔman Aduyɛ Kuw (MSMA) a ɛwɔ United States yɛɛ ho nhyehyɛe mu no. Adesuafo bɛyɛ 675 a wofi sukuu 42 mu na wɔde wɔn din mae. Breanna a wadi mfe 12 no na onyaa abasobɔde no, na wotintim n’anwensɛm a ɛma onyaa akyɛde no wɔ MSMA nsɛmma nhoma Missouri Medicine no mu. Breanna nyaa hokwan nso kenkanee n’anwensɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔbaa MSMA afe afe nhyiam no. Ansa na Breanna rekenkan n’anwensɛm no, ɔka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ:

“Meyɛ Yehowa Dansefo, na minyaa m’anwensɛm no mu nsɛntitiriw nyinaa fii Nyan! nsɛmma nhoma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, miyii m’anwensɛm no mu nsɛntitiriw no fã bi a m’ani gye ho fii asɛm a ɛwɔ Nyan! yi anim no mu. Wɔayɛ tikora bi a sigaret hyɛ n’ano a ɛreka sɛ: ‘Owu a Wɔretɔn.’ Nyan! de mfe pii aka asiane a efi sigaretnom mu ba ho asɛm.”

Yehowa Adansefo nnom tawa. Wogye di sɛ ade biara a ɛsɛe nipadua a obi befi ne pɛ mu de adi dwuma no kyerɛ obu a onni mma nkwa ne Ɔbɔadeɛ no. (Asomafo no Nnwuma 17:24, 25) Ne saa nti, wodi Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm yi akyi: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu.”—2 Korintofo 7:1.

Breanna yɛ Adansefo mmofra pii a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible gyinapɛn bɛbɔ wɔn bra no mu biako. Akyinnye biara nni ho sɛ, mmofra a wɔte saa no nyinaa ma wɔn Bɔfo no koma ani gye.—Mmebusɛm 27:11.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Breanna (mprempren wadi mfe 14) na okura n’anwensɛm no