Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Dodow, ne Bible, ne Yɛn Daakye

Nnipa Dodow, ne Bible, ne Yɛn Daakye

Nnipa Dodow, ne Bible, ne Yɛn Daakye

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SWEDEN HƆ

NNIPA a na wɔn dodow si ɔpepepem biako, ɔpepem ahansia aduonum (1,650,000,000) wɔ afeha 20 mfiase no adɔɔso abedu ɔpepepem 6 wɔ afeha no awiei. So asase so nnipa bɛkɔ so adɔɔso saa? Wɔ mfirihyia apem a ɛda yɛn anim yi nso, so nnipa bebu abɔ ho saa? Animdefo a wobu nnipa dodow ho akontaa bɔ mmɔden sɛ wobenya nsɛmmisa yi ho mmuae, ma nti wosua nnipa dodow ho ade.

Webster’s Dictionary kyerɛ nnipa dodow ho adesua ase sɛ “nnipa ho akontaabu a wɔyɛ de hu nnipa dodow a wɔte baabi ne wɔn ho nsɛm a ehia.” Nneɛma abiɛsa na animdefo kyerɛ sɛ ɛma nnipa dɔɔso—nnipa dodow a wɔwo wɔn; nnipa dodow a wowu; ne nnipa dodow a wodi atutra.

Nnipa dodow ho abakɔsɛm a wosua ma wohu sɛnea tete no nnipa dodow kɔɔ anim anaa ɛso tewee ho nsɛm. Abakɔsɛm mu nnipa dodow ho akontaabufo bɔ mmɔden sua nnipa dodow a wɔtraa ase wɔ aman a na ɛwɔ hɔ tete mu ho ade denam tete nkyerɛwee, amamfõ, nnipa a wɔawuwu nkrampan ne adwinni afoforo a wɔhwehwɛ mu yiye no so. Abakɔsɛm mu nnipa dodow ho adesua fã bi gyina nsɛm a wɔbɔ tirim ka so na ebi nso yɛ nyansahu mu nimdeɛ a wɔanya. Atlas of World Population History (Wiase mu Nnipa Dodow ho Abakɔsɛm Nhoma) ka sɛ: “De besi nnɛ no, adanse a edi mu biara nni hɔ a yebetumi de akyerɛ sɛ nea abakɔsɛm mu nnipa dodow ho akontaabufo ka no yɛ nokware a enti yebetumi de yɛn ho ato so.” Nanso nnipa a wosua Bible no ani gye nsɛm a wɔka fa nnipa dodow ho no ho. Nokwarem no, nsɛm yi ne Bible kyerɛwtohɔ taa hyia.

Sɛnea Nnipa Dɔɔso Wɔ Nsuyiri No Akyi

Bible ka sɛ nnipa baawɔtwe pɛ na wonyaa nkwa wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu. Nnipa dodow ho akontaabufo bi kyerɛ sɛ, nsuyiri no akyi mfirihyia 1,400 mu no, asase so nnipa dodow duu ɔpepem 50. So ɛyɛ den sɛ nnipa 8 dodow bedu ɔpepem 50 wɔ mfirihyia 1,400 mu?

Nea edi kan no, nnipa ɔpepem 50 no yɛ akontaabu ara kɛkɛ. Nanso, nea ɛyɛ anigye no, hyɛ nea Bible ka wɔ Genesis 9:1 no nsow: “Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.” Afei wɔ ti 10 ne 11 mu no, yɛkenkan mmusua 70 a wofii Noa mmabarima—Sem, Ham ne Yafet—mu ho nsɛm. Sɛ yɛtoa so kenkan a, yehu mmarima a wofi Sem anato mu besi Abraham so a ‘wɔwowoo mmabarima ne mmabea’ nso. Esiane sɛ na Onyankopɔn ahyɛ sɛ ‘wɔnhyɛ asase so ma’ nti, ɛbɛyɛ sɛ na wɔwo pii saa bere no.

Na nnipa dodow a wowu no nso ɛ? Genesis ti 9 kosi 11 yi ara kyerɛ sɛ, wɔ Nsuyiri no akyi mfe pii no, na nnipa tumi nyini kyɛ. * Sɛ nnipa wo mma pii na sɛ kakraa bi na wowu a, ɛma nnipa dɔɔso ntɛmntɛm.

Israelfo Atutradi wɔ Misraim

Nhwehwɛmufo binom adwenem yɛ wɔn naa wɔ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Israelfo si dɔree bere a na wɔte Misraim asase so no ho. Bible ka sɛ, “Yakob fi akra a wɔbaa Misraim no nyinaa si aduɔson” a na Yakob mma yerenom nka ho. (Genesis 46:26, 27) Nanso bere a mfirihyia 215 akyi Israelfo no fii Misraim no, wɔn dodow duu ‘mmarima mpem ahansia, a mmofra mfra mu.’ (Exodus 12:37) Sɛ yɛkan mmea ne mmofra ka ho a, ebia na Israelfo nyinaa dodow bedu ɔpepem abiɛsa! So na wobetumi adɔɔso saa?

Nea ɛbɛyɛ na yɛabua asɛmmisa no, momma yɛnhwɛ nea Bible ka fa sɛnea na Israelfo no dɔɔso wɔ Misraim no ho: “Israel mma no wowoe, na wɔdɔe pii pa, na wɔn ase fɛee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.” Israelfo no dɔe saa bere no ma ɛyɛɛ nwonwa.—Exodus 1:7.

Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔdɔɔso ntɛmntɛm saa akɔ so wɔ nnɛ aman bi mu, te sɛ Kenya de a ɛkɔɔ so wɔ 1980 mfe no mu no. Nanso nea ɛmaa Israelfo dodow yɛɛ soronko no ne sɛ, wɔkɔɔ so dɔe wɔ bere tenten bi mu.

Bible no ankasa ma yehu ade foforo a ɛmaa Israelfo no dɔɔso ntɛmntɛm no. Bere a na Israelfo no wɔ Misraim no, aduan ho anyɛ den da. Ɛda adi sɛ sɛ ɔkɔm ba a, nnipa pii wuwu ntɛm. Ne saa nti, wɔnnwo mmofra pii wɔ saa bere no mu. Nanso Bible kyerɛ sɛ na Israelfo no nya aduan pii di. Bere a Yosef abusua baa Misraim no, Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Ma w’agya ne wo nuanom ntra asase no mu nea eye so. Ma wɔntra Gosen asase so.’ (Genesis 47:6) Na mpo bere a Israelfo no bɛyɛɛ nkoa maa Misrifo no, ɛda adi sɛ na wonya aduan di. Nokwarem no, bere a woyii Israelfo fii nkoasom mu no, wɔkaee abodoo, mpataa, ɛfere, anowatere, fan, gyeene, aanwo ne nnam a na wodi bere a na wɔwɔ nkoasom mu no.—Exodus 16:3; Numeri 11:5.

Wɔ Afeha a Edi Kan Y.B.

Nnipa dodow ho adesua nso betumi ama yɛanya Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu ntease a ɛkɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛkenkan Yesu ahyɛde a ɔde maa n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔyɛ amanaman nyinaa n’asuafo’ no a, ebia yebebisa sɛ, ‘Ná wɔbɛka asɛm no akodu he?’ (Mateo 28:19) Nnipa baahe na na wɔte Roma Aheman no mu wɔ afeha a edi kan no mu? Ebinom bu akontaa sɛ na wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem 50 kosi ɔpepem 60. Sɛ saa na na ɛte a, na Kristofo asɛmpakafo a wodi kan no adwuma no sõ!

Bere a yɛkenkan Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no, yehu sɛ ɔsomafo Petro kɔɔ Babilon a na ɛwɔ akyirikyiri no kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. (1 Petro 5:13) Dɛn nti na ɔkɔɔ Babilon? Asɛm a ɛwɔ The New Encyclopædia Britannica mu no kyerɛ mu sɛ: “Palestina akyi no, na mmeae titiriw a Yudafo dodow no ara te ne Siria, Asia Kumaa, Babilon ne Misraim, na anyɛ yiye koraa no, Yudafo a na wɔte aman yi biara mu no bɛyɛ 1,000,000.” Esiane sɛ na Petro adwuma ne sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ Yudafo titiriw nti, na ntease wom sɛ otu kwan kɔ beae a na Yudasom wɔ no—Babilon. (Galatifo 2:9) Dɔ a na Yudafo no dɔɔso wɔ hɔ nti, na ɔwɔ asasesin kɛse a ɔbɛyɛ mu adwuma!

Dɛn na Ɛbɛba Daakye?

Sɛnea yɛahu no, nea ehia nnipa dodow ho akontaabufo ara ne sɛ wobenya nnipa ho abakɔsɛm a emu dɔ. Dɛn na wɔka fa daakye ho? Nnipa dodow ho akontaabufo rebisa nsɛm a ɛho hia. So nnipa bebu abɔ ho wɔ mfirihyia apem yi mu? Obiara nnim nea ebesi. Esiane sɛ wɔretew abawo dodow so wɔ aman pii mu nti, nhwehwɛmufo binom ka sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no rennɔɔso.

Nanso ɛnyɛ animdefo nyinaa na wogye tom. Population Today (Nnipa Dodow a Wɔwɔ hɔ Nnɛ) nhoma no ka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛnea nnipa si redɔɔso wɔ ‘wiase’ no gu ahorow abien: aman a awarefo wo mma abien anaa nea ennu saa ne aman a wɔwo mma pii. Aman a ‘wɔwo mma abien anaa nea ennu saa no’ bi ne Europa aman, United States, Canada, Japan ne aman kakra a wɔrenya nkɔso ntɛmntɛm no . . . Nea ɛne eyi bɔ abira no, ‘wiase aman a wɔredɔɔso ntɛmntɛm’ no bi ne aman pii a ɛwɔ Afrika, Asia ne Latin Amerika, a awarefo wo mma bɛboro abien no. Wɔ aman yi a wiase nnipa bɛboro fã te mu mu no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔbea biara mma yɛ baanan.”

Enti bere a aman bi mu nnipa dodow so retew no, na nnipa a wɔwɔ aman foforo so no redɔɔso anaa ɛte sɛnea ɛte no ara . Population Today nhoma no bɔ nea ɛbɛba daakye no tɔfa sɛ: “Nnipa dɔ ara na wɔredɔɔso wɔ aman pii a ennyaa nkɔso no mu. Asɛm no ara ne sɛ, sɛ ‘nnipa a wɔredɔɔso’ wɔ wiase nyinaa no to betwa a, na ebegyina sɛnea aman ahorow no bɛyɛ wɔn ade ntɛm atwa sika dodow bi de adi dwuma a ɛbɛma mmofra a wowu so atew, de ntetee ama mmea na wɔakyerɛ akwan a wɔbɛfa so asiw awo ano no so.”

So nnipa bɛdɔɔso asen nnipa ɔpepepem asia a wɔte asase so seesei no? Daakye na yebehu. Nanso yenim sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ nnipa nhyɛ asase no so ma—na mmom ɛnyɛ sɛ wɔnkyere so. (Genesis 1:28) Na yɛwɔ ahotoso koraa sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, ɛbɛba saa.—Yesaia 55:10, 11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Akyiri yi nnipa nkwa nna so tewee beduu mfe 70 anaa 80 sɛnea Mose kae wɔ afe 1500 A.Y.B. mu no.—Dwom 90:10.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Nnipa a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu no na wɔhyɛɛ wiase nnipa a nnɛ wɔboro ɔpepepem asia no ase

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔ mfirihyia 215 mu no, Israelfo kakraa bi a na wɔwɔ Misraim no dodow duu bɛyɛ ɔpepem abiɛsa