Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wɔde Ani Si Afoforo So

Sɛnea Wɔde Ani Si Afoforo So

Sɛnea Wɔde Ani Si Afoforo So

Na afei koraa na Monika awie sukuu a ɔresua kyerɛwfo adwuma wɔ mmaranimfo adwumayɛbea. Enti na ɔhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama no wɔ n’adwumayɛ mu.

Horst yɛ oduruyɛfo a na wadi bɛyɛ mfe 35. Ɔwɔ yere ne mma, na na ɛda adi pefee sɛ obegye din na wanya akatua pa.

Monika ne Horst nyinaa behyiaa adwumam ateetee.

MONIKA ne Horst asɛm no ma yenya asuade bi a mfaso wɔ so: Wobetumi ateetee obiara wɔ adwumam ɛmfa ho ne dibea. Nokwasɛm ne sɛ, obiara nni hɔ a obetumi afa ne ho adi. Ɛnde wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban? Mmuae no fã gyina sua a wubesua sɛ wobɛhwehwɛ asomdwoe ɛmfa ho mpo sɛ wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma no asɛm yɛ den no.

Adwumayɛfo a Wo ne Wɔn Bɛbom Ayɛ Adwuma

Wɔ nnipa pii fam no, ɛhwehwɛ sɛ wɔne mfɛfo adwumayɛfo bom yɛ adwuma sɛ kuw na wɔboa ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ. Sɛ adwumayɛfo ntam ye a, ɛma adwuma kɔ so. Sɛ wɔn ntam abusuabɔ nnye a, ɛsɛe adwuma na etumi ma wɔteetee obi.

Dɛn na ebetumi asɛe adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma bom no ntam? Ade biako ne adwumayɛfo no mu nsakrae a ebia wɔtaa yɛ. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛyɛ den sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛbɔ. Nea ɛka ho bio ne sɛ, esiane sɛ adwumayɛfo a wɔyɛ foforo no nnya nhuu adwuma no ani so nti, etumi brɛ adwumayɛfo no nyinaa adwumayɛ ase. Sɛ adwuma no redɔɔso a, ɛda adi sɛ kuw no ho bɛkyere wɔn bere nyinaa.

Bio nso, sɛ kuw no nni botae pɔtee a wɔde asi wɔn ani so a, ɛremma wontumi nyɛ biako. Sɛ nhwɛso no, eyi betumi aba saa bere a adwumam panyin bi a osuro sɛ ne dibea befi ne nsa no sɛe bere pii de bɔ ho ban sen sɛ ɔbɛhwɛ adwuma no so no. Na mpo obetumi abɔ mmɔden sɛ ɔbɛma adwumayɛfo no ne wɔn ho wɔn ho asi akan de adi wɔn so. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ebia na nhyehyɛe papa biara nni hɔ ma adwumayɛfo no ma enti wonhu wɔn benkum ne wɔn nifa. Sɛ nhwɛso no, ntawtawdi betumi aba adwumayɛfo baanu ntam bere a wɔn mu biara susuw sɛ ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa bi ase no.

Wɔ tebea a ɛte saa mu no, nkitahodi nkɔ so, na ɛyɛ den sɛ wobesiesie afoforo ntam nsɛmnsɛm. Ɛde ahoɔyaw ba adwumayɛfo ntam, na wɔn mu biara pere sɛ obenya adwumam panyin no anim dom. Nsɛm nketenkete tumi dan yɛ aniberesɛm. Enti wubehu na asɛm a ɛnyɛ asɛm biara adan asɛnkɛse a ɛsɛ sɛ wosi ho nkongua. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, ɛnyɛ den koraa sɛ wobetu ani asi obi so ateetee no.

Ani a Wotu Si Obi So

Bere rekɔ so no, adwumayɛfo no betumi atu wɔn ani asi odwumayɛni biako so. Onipa bɛn saa na eyi betumi ato no? Ebetumi aba sɛ obi a ɔda nsow koraa wɔ adwumayɛfo no mu. Sɛ nhwɛso no, ebetumi ayɛ ɔbarima biako pɛ a ɔda mmea ntam anaasɛ ɔbea biako pɛ a ɔda mmarima ntam wɔ adwumam. Wobetumi abu obi a ɔde ahotoso yɛ ade sɛ ɔyɛ onuɔdenfo, na wɔabu obi a ɔmpɛ ne ho asɛm sɛ obi a ɔyɛ nyaatwom. Ebetumi aba nso sɛ nea wɔatu wɔn ani asi no so no da nsow esiane sɛ ebia wanyin anaa osua sen wɔn a aka no nyinaa, anaasɛ onim adwuma sen wɔn nyinaa nti.

German nnuruyɛ ho nsɛmma nhoma mta bɔ amaneɛ sɛ, sɛnea onipa no te biara no, adwumayɛfo no “tan no dennennen bu no animtiaa ma wɔn ho tɔ wɔn.” Mmɔden biara a nea wɔteetee no no bɛbɔ sɛ obesiesie tebea no renkosi hwee, na mpo ebetumi asɛe asɛm no koraa. Wɔkɔ so haw obi ntoatoaso saa a, ebewie ase no na wɔayi ne baako ahyɛ ne nsa. Edu saa bere yi a, ɛyɛ den ma nea wɔatu ani asi ne so no sɛ ne nkutoo begyina tebea no ano.

Nokwarem no, adwumayɛfo a wɔhaw wɔn wɔ adwumam no akɔ so akyɛ. Nanso sɛ adwumayɛfo pii bɛkae a, bere bi a atwam no, na ɛte sɛ nea biakoyɛ wɔ adwumayɛfo ntam. Na wɔntaa ntu ani nsi obiakofo so nteetee no. Nanso mfe kakra a abɛsen kɔ mu no, tebea no abɛyɛ sɛnea oduruyɛfo bi kaa ho asɛm sɛ, “nnipa ntam biakoyɛ ho aba asɛm na nnipa ani nwu ade bio.” Ɛnnɛ ɛnyɛ nkurɔfo aniwu sɛ wɔne afoforo bɛham wɔ nnipa mu wɔ adwumam.

Enti asɛmmisa yi ho mmuae hia adwumayɛfo nyinaa: So wobetumi asiw ateetee ano? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahwehwɛ asomdwoe wɔ adwumam?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Adwene a wɔde teetee obi ne sɛ wobeyi ne baako ahyɛ ne nsa