Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Ɔpapu Haw Nnipa Pii Saa?

Adɛn Nti na Ɔpapu Haw Nnipa Pii Saa?

Adɛn Nti na Ɔpapu Haw Nnipa Pii Saa?

Efi Nyan! Kyerɛwfo a Ɔwɔ Spain Hɔ

WUHU sɛ w’ani so keka wo ma ɛporow nsu, wo nwansi bere nyinaa, wo hwenem firi nsu, na wuntumi nhome yiye. Dɛn na ɛrehaw wo? Ebia ɔpapu na abɔ wo. Nanso sɛ bere a wokɔ nhwiren a apae ho nko ara na saa yare yi ka wo a, ɛnde na hay fever anaa ɔpapu soronko bi na abɔ wo. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na ɛnyɛ wo nko. Nnipa a ɔpapu soronko yi bɔ wɔn no dodow kɔ anim afe biara.

Mujer de Hoy nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ obi hua ade anaa odi biribi a ɛne ne honam nnye a, ɛma onya ɔpapu soronko yi bi. Nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no po biribiara a ɛne no nhyia te sɛ nhwiren a ɛpae aba nketenkete pii a ɛte sɛ pawda no—ɛwom sɛ eyinom ntumi nhaw nipadua no de.” Sɛ ɛba sɛ nipadua mu nkwaadɔm no ko tia nneɛma a ɛmpɛ no a, ɛno na ɛde ɔhaw a yɛaka ho asɛm no ba.

Engiresini oduruyɛfo John Bostock na odii kan kyerɛkyerɛɛ saa ɔpapu soronko yi mu wɔ 1819 mu. Bostock kaa sɛnea yare yi yɛ no a ɔte nka ho asɛm nyinaa. Na ogye di sɛ tutuw a efi sare a awo mu na ɛde saa yare yi ba. Akyiri yi wobehuu sɛ nhwiren mu aba ahorow pii a ɛne nipadua no nhyia na ɛde saa ɔhaw yi ba. Afeha 19 refi ase no, Bostock hui sɛ nnipa kakraa bi pɛ na yare no bi aka wɔn wɔ Engiresi man nyinaa mu.

Adɛn nti na nnɛ de, ɔpapu soronko yi bɔ nnipa pii saa? Oduruyɛfo Javier Subiza a ɔyɛ kwankyerɛfo wɔ Asoɛe a Ɛhwehwɛ Ntehyewa ne Nneɛma a Ɛne Nipadua no Nnye Mu wɔ Madrid, Spain, ka adwene mmienu a wɔrehwehwɛmu ho asɛm. Adwene biako ne sɛ yare no fi mfiri a ɛde diesel anaa gas oil yɛ adwuma mu. Wosusuw sɛ, ntutuw a efi diesel mfiri mu no tumi twetwe saa ɔhaw ahorow no ba. Sɛnea oduruyɛfo Juan Kothny Pommer a ɔwɔ yare yi ho nimdeɛ kyerɛ no, “ɔpapu soronko yi ka aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu nnipa 100 biara mu nkyem 20, na ɛtaa ka wɔn a wɔte nkurow akɛse mu.”

Adwene a ɛto so mmienu ne sɛ ahotew mmoroso na ɛde yare no ba. Oduruyɛfo Subiza kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Wɔwo yɛn wɔ ayaresabea a ɛhɔ tew yiye, yedi nnuan a efĩ biara nni ho, wɔwɔ yɛn mpaane de siw yare ano, na sɛ yɛyare ara pɛ a, na yɛanom aduru. Enti eyi nyinaa fi yɛn mmofraase siesie yɛn nipadua mu akwaa horow ma ɛko tia biribiara a ɛne yɛn ho nnye.’

Sɛ woyɛ obi a wo ho mpɛ nneɛma bebree a, mpa abaw! Sɛ wɔyɛ yare no mu nhwehwɛmu a ɛfata na wɔma ho aduru a, ebetumi asiw ano na atew ɔhaw a ɛde ba no so.