Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Ɔyɛ Me Basabasa Saa?

Adɛn Nti na Ɔyɛ Me Basabasa Saa?

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Adɛn Nti na Ɔyɛ Me Basabasa Saa?

“Aberante a ɔpɛ sɛ ɔware me no taa bɔ me sobo a ntease nni mu. Nanso esiane sɛ mepɛ n’asɛm paa nti, mintumi ntwe me ho.”—Kathrin. *

“Sɛ wohwɛ m’anim a, wunhu hwee, nanso meredi yaw paa wɔ me mu.”—Andrea, a aberante a ɔpɛ sɛ ɔware no bɔɔ n’asom no.

ƐTAA si paa: Ababaa bi ne aberante a ɔpɛ sɛ ɔware no nantew. Wohwɛ a wobɛka sɛ aberante no wɔ suban pa na obu ade paa. Nanso nkakrankakra na ne suban afi ase resesa. Obi a na ɔkorɔkorɔ wo no, afei wobɛhwɛ na ɔredidi wo atɛm yayaaya gu w’anim ase. Mfiase no, ababaa no hu sɛ ɛnyɛ suban pa nanso obu n’ani gu so ka sɛ ɔdɔ a ɔdɔ me nti na ɔyɛ saa. Nanso afei de asɛm no sɛe koraa bɛdan atenni ne abufuw. Owie nso a, na ɛhaw no sɛ ɔyɛɛ saa. Ɛnam sɛ ababaa no dwene sɛ ɔno na wama aba saa nti, ɔde asɛm no hyɛ ne ho de n’ani to ka sɛ ɛbɛyɛ yiye. Nanso ensi aga. Afei aberante no teatea no. Da koro bi a ne bo fuwii paa no, osum ababaa no denneennen mpo! Ababaa no suro sɛ da a ne bo befuw bio no, ɔbɛbɔ no. *

Mmerante ne mmabaa a wɔdɔ wɔn ho nanso atennidi ne ɔhwe mpa wɔn abusuabɔ mu da no taa gu wɔn ho anim ase twa wɔn ho adapaa daa; na emu abufuw de, yɛnka. Saa na aberante a wo ne no nam no yɛ wo anaa? (Hwɛ adaka “Suban Bi a Ɛwɔ sɛ Wohwɛ no Yiye” no mu.) Sɛ saa na ɔyɛ wo a, ebetumi ayɛ wo ahometew ayɛ wo aniwu ama wunhu nea wonyɛ wo ho.

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wo nko ara na obi yɛ wo saa. Nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa 5 biara mu 1 hu amane wɔ onii a ɔpɛ sɛ ɔware no nsa ano. Sɛ yɛde atɛnnidi ka ho a, ɛnde nnipa 5 biara mu 4 na wɔyɛ wɔn saa. Nnipa bebree nim sɛ mmaa nko ara na wɔyɛ wɔn saa nanso ɛnte saa. Nhwehwɛmu bi a Britainfo yɛe kyerɛ sɛ “mmaa ne mmarima” a wɔyɛ wɔn basabasa saa no “dodow reyɛ ayɛ pɛ.” *

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔware wo tumi yɛ wo basabasa saa? Sɛ ebi to wo a, dɛn na wobɛyɛ?

Ma Yɛnhwɛ Onyankopɔn Adwene

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛyɛ asɛnkɛse wɔ Nyankopɔn anim. Ɛyɛ nokware sɛ mfomso wɔ nnipa ho, enti nea ɛbɛyɛ biara yɛbɛka biribi ama no ayɛ obi yaw. (Yakobo 3:2) Ɛyɛ nokware nso sɛ nnipa mmienu a wɔdɔ wɔn ho gye wɔn ho di mpo, ɛtɔ da bi a akasakasa tumi ba wɔn ntam. Nea ɛma yehu saa ne sɛ, ná ɔsomafo Paulo ne Barnaba yɛ Kristofo a wogyina wɔn nan so paa, nanso da bi wonyaa “akasakasa a emu yɛ den.” (Asomafo no Nnwuma 15:39) Enti sɛ wo ne obi a ɔpɛ sɛ ɔware wo nam a, ɛtɔ da bi a akasakasa bɛba mo ntam.

Afei nso, entumi mma sɛ aberante no renka wo ho asɛmmɔne biara da. Wohwɛ mu a, mo mu biara rehwɛ ne yɔnko suban ahwɛ sɛ mubetumi aware a. Enti sɛ wo suban bi haw no a, wunnye nni sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ ɔne wo ka ho asɛm? Ampa, kasatia yɛ yaw. (Hebrifo 12:11) Na sɛ ɔtɔ ne bo ase ka no bɔkɔɔ de kyerɛ sɛ ɔpɛ w’asɛm a, ɛnde na onnidii wo atɛm.—Mmebusɛm 27:6.

Nanso sɛ ɛkɔba sɛ ɔteatea wo, bobɔ w’asom, boro wo anaa odidi wo atɛm de a, ɛnde na ayɛ ade foforo koraa. Bible kasa tia ‘abufuw, bobɔne, bɔnepɛ ne abususɛm’ deneennen. (Kolosefo 3:8) Sɛ obi de ne “tumi” gu nkurɔfo anim ase poopoo n’ani kyerɛ wɔn de hyɛ wɔn so a, Yehowa bo fuw saa nnipa no yiye. (Ɔsɛnkafo 4:1; 8:9) Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ okununom sɛ ‘wɔnnɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.’ (Efesofo 5:28, 29) Ɔbarima a otumi didi ɔbaa a ɔpɛ sɛ ɔware no atɛm yɛ no basabasa de, ɔmfata sɛ ɔware. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔrefrɛfrɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa abufuw aba ne ho so!

Emfi Wo!

Nanso mmarima a wɔtaa yɛ mmaa basabasa ka sɛ mmaa no ara na wɔma wɔyɛ wɔn saa. Enti ɛtɔ da bi a, anhwɛ a wobɛka sɛ mfomso bi a woadi nti na aberante a ɔpɛ sɛ ɔware wo no bo fuw wo pii saa no. Nanso wobɛhwɛ mu no, na ɛnyɛ wo na woma ne bo fuw saa. Nea ɛtaa ba ne sɛ, mmarima a wɔte saa no ne mpanyimfo a wɔyɛ nnipa basabasa gu wɔn anim ase kwa na ɛtrae. * Aman bi wɔ hɔ a wɔn amammerɛ ne sɛ mmarima bɛhyɛ mmaa so. Ɛno ma mmerante yɛ mmaa basabasa. Ayɔnkofo nso betumi apiapia wɔn ama wɔadwoodwoo mmaa de akyerɛ sɛ wɔyɛ mmarima ampa. Ɛnam sɛ aberante no reyɛ bi ahwɛ nti, nea wobɛka anaa wobɛyɛ biara betumi ahaw no ma ne bo afuw.

Sɛnea asɛm no te biara no, ɛnyɛ wo na woma obi bo fuw. Biribiara nni hɔ a ɛma obi kwan sɛ onnidi obi atɛm na ɔnyɛ no basabasa.

Sesã W’adwene

Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, ebehia sɛ wosẽsa sɛnea wodwene nneɛma ho. Ɛne sɛn? Ɛne sɛ, sɛ ababaa no traa baabi a ɛhɔfo kasa tia nkurɔfo yɛ wɔn basabasa a, ɛrenhaw no sɛ obi bɛyɛ no saa. Anka ɛsɛ sɛ subammɔne a ɛte saa haw no, nanso ɔbɛhwɛ ama no akɔ so—ebi mpo a ɛbɛyɛ no dɛ. Yiw, mmabaa a mmerante yɛ wɔn basabasa no binom ka sɛ sɛ wɔne mmarima a wɔdwo pii nam a, ɛnyɛ dɛ. Ɛyɛ a mmabaa bi nso di mfomso susuw sɛ wobetumi asẽsa aberante a wɔne no nam no.

Sɛ nea yɛaka yi bi fa wo ho a, ɛnde ehia sɛ wode ‘adwenem foforoyɛ sakra wo ho.’ (Romafo 12:2) Bɔ mpae; sua ade na tra ase dinn dwene ho na fa asɛm no sɛnea Yehowa fa no no, sɛ ɛyɛ subammɔne paa. Ɛsɛ sɛ wote ase sɛ wonyɛ obi a ɛsɛ sɛ wɔtiatia w’anim. Sɛ wunya ahobrɛase de hu sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ a, ɛbɛma woahu sɛ wunni tumi a wode bɛsẽsa aberante a ɔpɛ abufuw no. Ɛyɛ ɔno ara n’asɛde sɛ ɔsẽsa ne suban!—Galatifo 6:5.

Ɛtɔ da bi a, mmabaa a wɔyɛ wɔn basabasa saa no nka hwee efisɛ ɛyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nnipa titiriw biara. Kathrin a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Onni hɔ a mintumi ntra, ɔno nko ara na mepɛ no.” Ababaa bi a yɛfrɛ no Helga nso kaa aberante a ɔne no nam no ho asɛm sɛ: “Mema no boro me efisɛ ɛyɛ kyɛn sɛ ɔbarima biara mpɛ me.”

Wugye di sɛ eyinom yɛ adwempa a ɛsɛ sɛ mugyina so de nantew? Sɛ wonnɔ wo ho a, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi adɔ obi foforo yiye? (Mateo 19:19) Yɛ w’adwene yiye sɛ wo nso woyɛ nnipa. * Sɛ obi yɛ wo basabasa na wode hyɛ wo ho a, ɛrentumi mmoa wo. Ababaa bi a ne din de Irena asua ahu sɛ, sɛ wode hyɛ wo ho a, “ɛbɛma woate nka sɛ wonka nnipa ho koraa.”

Gye Nokwasɛm No Tom

Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛgye atom sɛ adamfofa no remmoa wɔn—ɛnkanka, sɛ ɔdɔ no mu ayɛ den a. Nanso nokwasɛm da hɔ a, gye tom. Bible abebu bi se: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.” (Mmebusɛm 22:3) Ababaa bi a ne din de Hanna kyerɛ sɛ: “Sɛ wopɛ aberante no a, ɔdɔ no fura w’ani ma wonhu ne ho mfomso biara.” Nanso sɛ ɔyɛ wo basabasa a, hu sɛ saa na ne suban te. Sɛ opoopoo n’ani kyerɛ wo anaa ɔtiatia w’anim a, ɛnde na nneɛma nkɔ yiye koraa. Mfa nhyɛ wo ho nka sɛ ɛnyɛ hwee, na nka nso sɛ efi wo. Nea ebinom afa mu ma yehu sɛ, sɛ wɔanyɛ basabasayɛ no ho biribi a, ebetumi agye nsam. Ebetumi de wo ato asiane mu paa!

Ɛwom, ne yiye mu paa ne sɛ womfa wo dɔ mma obi a ɔpɛ abufuw. (Mmebusɛm 22:24) Enti sɛ obi a wunnim no papa pɛ sɛ ɔne wo nantew a, ɛyɛ ne kwan so sɛ wubebisa ne ho nsɛm. Ka kyerɛ no sɛ wopɛ sɛ mo ne ebinom bom pue. Ɛbɛma woahu no yiye bere a womfa wo dɔ mma no ntɛm pii no. Bisa nsɛm a ɛbɛma woahu ne nipaban, sɛ ebia: Henanom ne ne nnamfo? Nnwom ne sini bɛn na ɔpɛ, kɔmputa so agodie ne agoprama so agodie bɛn na ɔpɛ? Nneɛma a odi ho nkɔmmɔ no kyerɛ sɛ Nyankopɔn wɔ n’abrabɔ mu? Wo ne wɔn a wonim no te sɛ n’asafo mu mpanyimfo nni ne ho nkɔmmɔ. Wɔbɛma woahu sɛ ebia ɔwɔ suban pa a enti afoforo “bɔ no din pa” anaasɛ ɛnte saa.—Asomafo no Nnwuma 16:2.

Nanso sɛ wo ne aberante a odwoodwoo nnipa saa nam dedaw a, dɛn na wubetumi ayɛ? Ɛho asɛm bɛba akyiri yi.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Yɛasesa din no bi.

^ Yɛreka mmabaa a mmerante a wɔpɛ sɛ wɔware wɔn didi wɔn atɛm ne wɔn a wɔhwe wɔn ho asɛm. Afotu a ebetumi aboa mmerante a wɔyɛ saa no wɔ “Nsɛm a Ɛma Denhyɛ a Yɛde Besi Nea Epira Ananmu” ne “Nsisi—Ɛsɛe Dɛn?” a ɛwɔ November 8, 1996, ne April 8, 1997, Nyan! mu no mu.

^ Sɛ ɛbɛyɛ a ntease bɛba mu nti, yɛrefa no sɛ mmaa na wɔyɛ wɔn basabasa, nanso asɛm no fa mmarima ne mmaa nyinaa ho.

^ Hwɛ “Nea Ɛde Kasafi Ba a Yebehu” wɔ November 8, 1996, Nyan! mu.

^ Hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma a Yehowa Adansefo atintim no, ti 12.

[Adaka wɔ kratafa 32]

Suban Bi a Ɛwɔ sɛ Wohwɛ no Yiye

◼ Sɛ́ wo ne ɔno nko ara wɔ hɔ, anaasɛ nkurɔfo ka mo ho no, ɛmfa ne ho sɛ ɔbɛka biribi de agu wone w’abusuafo anaa wo nnamfo anim ase

◼ Ɔntaa mfa w’asɛm nyɛ hwee

◼ Ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wo so wɔ biribiara mu, hu baabi a wowɔ biara san hyehyɛ mmara ma wo

◼ Ɔteatea wo sunsum wo, poopoo n’ani kyerɛ wo

◼ Ɔpɛ sɛ wopene so ma osuso wo mu basabasa ne wo yɛ nneyɛe a ɛmfata

◼ Biribiara a wobɛyɛ no, ɛyɛ a wosuro sɛ ebia ɛbɛma ne bo afuw

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔware wo taa ka biribiara a wobɛyɛ ho asɛm anaa ɔtaa didi wo atɛm a, ɛkyerɛ sɛ adamfofa no remmoa wo