Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi

Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi

Akwahosan Pa a Wɔhwehwɛ mu Nkonimdi ne Huammɔdi

WƆ August 5, 1942 mu no, Oduruyɛfo Alexander Fleming hui sɛ ayarefo a ɔhwɛ wɔn no mu biako a ɔyɛ n’adamfo rewu. Na ɔbarima a wadi mfe 52 no anya amemene ne berɛmo mu yare, na ɛmfa ho mmɔden a Fleming bɔe nyinaa no, n’adamfo no tɔɔ mum.

Mfe dunum ansa na asɛm yi resi no, Fleming ani twaa ade soronko bi a abɔ ntuw a ani dum te sɛ ahabammono so. Ɔtoo ade no din penicillin. Ohui sɛ ebetumi akum ɔyare mmoawa; nanso wantumi anyiyi mu annya penicillin nkutoo amfi mu, na ɔsɔ hwɛe sɛ ebetumi ako atia kuru mu mmoawa anaa. Nanso wɔ 1938 mu no, Howard Florey ne ne nhwehwɛmufo a ɔne wɔn wɔ Oxford Sukuupɔn mu no de too wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ aduru no dodow bi de asa nnipa yare ahwɛ sɛnea ɛte. Fleming frɛɛ Florey wɔ telefon so, na Florey kae sɛ ɔde penicillin a ɔwɔ nyinaa bɛbrɛ no. Ɛno ne ɔkwan a etwa to koraa a na Fleming betumi afa so agye n’adamfo no nkwa.

Bere a Fleming de penicillin no faa n’adamfo no ntini mu a anyɛ yiye no, ɔde faa n’akyi berɛmo mu tẽẽ. Penicillin no kunkum ɔyare mmoawa no; na dapɛn biako pɛ akyi no, Fleming adamfo a ɔyare no fii ayaresabea hɔ kɔɔ fie a na ne ho atɔ no koraa. Saa bere no na wofii ase de aduru a wɔde kum ɔyare mmoawa saa yare, ɛbɛyɛɛ bere a adesamma nyaa nkɔso titiriw wɔ akwahosan pa a na wɔrehwehwɛ no mu.

Bere a Wɔde Aduru Kum Ɔyare Mmoawa

Bere a nnuru a ekum ɔyare mmoawa yi dii kan bae no, na ɛyɛ tatahwe. Etumi saa nsanyare a na ɔyare mmoawa ne nneɛma afoforo de ba a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no nyinaa. Esiane aduru foforo yi nti, amemene ne berɛmo mu yare, mpafe ne atiridiinini a na ɛma nkurɔfo anim honhom no ano brɛɛ ase koraa. Aduru yi tumi tuu nsanyare a kan no sɛ obi kɔda ayaresabea na onya a wobu no sɛ ɔrenyɛ yiye bio no ase nna kakraa bi.

Efi Fleming bere so no, nhwehwɛmufo atumi ayɛ nnuru pii a ekum ɔyare mmoawa, na wogu so ara rehwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ foforo. Wɔ mfe 60 a atwam no, nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa adi akoten wɔ akwahosan pa a wɔhwehwɛ mu. Sɛ George Washington te ase nnɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ anka nnuruyɛfo de aduru a wɔde kum ɔyare mmoawa bɛma no ama ne ho atɔ no wɔ bɛyɛ dapɛn biako mu. Enti ɛkame ayɛ sɛ nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa aboa yɛn nyinaa ma yɛatumi ako atia nsanyare. Nanso, abɛda adi sɛ ɛnyɛ biribiara a nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa yɛ no na eye.

Wontumi mfa nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa nsa yare te sɛ AIDS anaa influensa a ɔyare mmoawa de ba no. Bio nso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa no ne wɔn ho gye. Na nnuru a etumi kum ɔyare mmoawa no tumi kunkum nipadua mu nkwammoaa a wɔn ho hia yɛn no nso. Nanso, ade a ɛhaw adwene paa wɔ nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa ho ne sɛ obi bɛfa ma aboro so anaasɛ ɔremfa dodow a ehia sɛ ɔfa no.

Sɛ wɔma obi aduru a wɔde kum ɔyare mmoawa na wamfa ne nyinaa a, na ɛkyerɛ sɛ wamfa dodow a ehia sɛ ɔfa. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ, ɔte nka sɛ ne ho atɔ no anaasɛ ebia osusuw sɛ bere a ɔde fa aduru no ware dodow nti. Sɛ ɛba saa a, aduru no ntumi nkunkum ɔyare mmoawa no nyinaa, na ɛma wɔn a aduru no bɛsorosoro wɔn no ho yɛ den na wɔn ase trɛw bio. Eyi taa si bere a wɔresa obi a ɔbɔ nsamanwaw yare no.

Nnuruyɛfo ne akuafo nyinaa di fɔ wɔ nnuru foforo yi a wɔfa ma ɛboro so no mu. Man and Microbes nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “wɔtaa de nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa no ma nnipa ma ɛboro so wɔ United States, na wɔ aman afoforo pii mu no, wɔfa no sɛnea wɔpɛ biara. Wɔde pii ama ayɛmmoa a ɛnyɛ atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛsa wɔn yare, na mmom sɛ ɛbɛma wɔanyin ntɛm; eyi ka ho bi titiriw na ama ɔyare mmoawa asoro no.” Nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ, nea ebefi mu aba ne sɛ “anhwɛ a na nnuru a yɛde kum ɔyare mmoawa no asa.”

Nanso sɛ ɔhaw a yehyia wɔ nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa ho yi da nkyɛn a, afeha a ɛto so 20 no fã a etwa to no yɛɛ nkonimdi bere maa nnuruyɛfo. Ɛkame ayɛ sɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmufo tumi nyaa nnuru a wɔde bɛko yare biara. Na nnuru a wɔde siw nyarewa ano mpo ama yɛanya anidaso sɛ ɛbɛyɛ yiye.

Nkonim a Aduruyɛ Mu Nyansahu Adi

The World Health Report 1999 bɔ amanneɛ sɛ, “aduru a wɔde ma de siw yare ano no aboa ɔmanfo akwahosan sen bere biara a atwam. Wɔnam nnuru a wɔde ma de siw nyarewa ano ho dawuru a wɔabɔ wɔ wiase nyinaa so agye nnipa pii nkwa. Aduru a wɔde ma ɔmanfo wɔ aman nyinaa so de siw nyarewa ano ho nhyehyɛe ama mpete—yare a ekunkum nnipa sen ako a wodii wɔ afeha a ɛto so 20 mu nyinaa no—ase atu. Wɔnam ɔsatu a ɛte saa ara so reyɛ atu mmubui ase. (Hwɛ adaka “Mpete ne Mmubui So Nkonimdi.”) Ɛnnɛ, wɔma mmofra pii nnuru de bɔ wɔn ho ban fi nyarewa a ebetumi adi wɔn awu ho.

Wɔnam akwan a ɛnyɛ den pii so asɔw nyarewa afoforo ano. Yare te sɛ ayamtu, a wonya fi nsu mu no nyɛ ɔhaw titiriw biara bio wɔ mmeae a wodi hɔ ni na wonya nsu pa nom no. Wɔ aman pii so no, nnipa pii a wotumi kɔ ayaresabea kohu nnuruyɛfo no ama wotumi hu nyarewa bi ntɛm, na wɔsa ansa na adi nnipa awu. Aduanpa a wodi, asetra pa, ne sɛnea wɔkora nnuan so yiye ho mmara a wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma no aboa ma ɔmanfo akwahosan atu mpɔn.

Sɛ nyansahufo nya hu nea ɛde nsanyare bi ba a, aban adwumayɛfo a wɔhwɛ akwahosan so no di ho dwuma yiye de siw ɔyaredɔm a ebetumi akunkum nnipa pii no ano. Wode susuw nhwɛso biako ho hwɛ. Mpɔmpɔ bɔne a esii San Francisco wɔ 1907 mu no antumi ankunkum nnipa pii efisɛ kuropɔn no mu mpanyimfo bɔɔ ho dawuru ma wokunkum nkura a wɔn ho mmoa ma ɔyare no trɛw no. Nea ɛne no bɔ abira no, efi 1896 mu no, na ɔyare koro yi ara akunkum nnipa ɔpepem du wɔ India wɔ mfe 12 ntam esiane sɛ wɔanhu nea ɛde yare no bae nti.

Akwahosan Pa Mu Huammɔdi

Ɛda adi pefee sɛ wɔadi nyarewa pii so nkonim. Nanso aman a wodi yiye mu titiriw na ɔmanfo nya saa akwahosan pa no. Yare a wobetumi asa da so ara kunkum nnipa pii esiane sika a wonni nti. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse mu no, nnipa pii da so ara tete mmeae a ɛhɔ ntew, wonni ayaresabea a ɛsɛ, na wonnya nsu pa nnom. Nneɛma atitiriw yi a wɔn nsa bɛka no abɛyɛ adesoa kɛse esiane sɛ nnipa dodow no ara tu fi nkuraase ba nkurow akɛse mu nti. Esiane eyinom nti, ahiafo hyia nea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde ka ho asɛm sɛ “ayaresa mu nsisi” no.

Pɛsɛmenkominya a ɛmma wɔnhwɛ nneɛma nkɔ akyiri no titiriw na ɛde ayaresa mu nsisi yi aba. Man and Microbes nhoma no ka sɛ, “Ɛte sɛ nea nsanyare a ɛyɛ hu sen biara wɔ wiase no mmɛn yɛn koraa. Mmeae a osu tɔ na owia bɔ wɔ hɔ kɛse ne mmeae a ɛhɔ hyew no yɛ hɔ-ne-hɔ na wodi hia no nkutoo na wuhu nsanyare yi bi.” Esiane sɛ ebia aman a wodi yiye ne nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no nnya ho mfaso tẽẽ nti, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wobeyi sika ma wɔde ako nyarewa yi.

Nnipa nneyɛe a ɛmfata nso ka ho bi na yare ase trɛw. Awerɛhosɛm a ɛma yehu tebea bɔne yi yiye paa ne AIDS ɔyare mmoawa a ɛnam ɔbarima ne ɔbea nna ne mogya so trɛw wɔ nnipa mu no. Wɔ mfe kakraa bi ntam no, saa owuyare yi atrɛw afa wiase nyinaa. (Hwɛ adaka “AIDS—Yɛn Bere So Yare.”) Nsanyare ho ɔbenfo Joe McCormick ka no pen sɛ: “Nnipa ankasa na adi wɔn ho awu. Eyi nyɛ asɛm a meka de gu nnipa anim ase, na mmom ɛyɛ nokwasɛm ankasa.”

Ɛyɛɛ dɛn na nnipa anyɛ ahwɛyiye na wɔmaa AIDS yare mmoawa no mu trɛwee? The Coming Plague nhoma no ka sɛ efi nneɛma a edidi so yi: Asetra mu nsakrae—titiriw nnipa dodow a obi ne wɔn da—ama nyarewa a wonya fi nna mu atrɛw, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yare mmoawa no benya baabi atra na asan nnipa pii. Mpaane dedaw a ano wɔ bɔre a wɔde wɔ ayarefo wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu anaa wɔn a wɔnom nnubɔne de wowɔ wɔn ho no nso ama atrɛw saa ara. Mogya a wɔtwe tɔn wɔ wiase nyinaa no abɛyɛ aguadi kɛse, na ɛno nso ma onipa biako tumi de AIDS yare mmoawa san nnipa pii.

Sɛnea yedii kan kaa ho asɛm no, nnuru a ekum ɔyare mmoawa a nnipa fa ma ɛboro so anaa wɔmfa no sɛnea ɛsɛ ka ho bi na yare mmoawa asorosoro. Eyi yɛ aniberesɛm a ɛregye nsam. Ná anka wotumi de nnuru a wonya fi penicillin mu kum yare mmoawa a wɔma kuru tu ntɛm no koraa. Nanso ɛnnɛ, saa nnuru a ekum ɔyare mmoawa yi pii atoro. Enti ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo dan wɔn ani kɔ nnuru a wɔde kum ɔyare mmoawa a aba so foforo a ne bo yɛ den nanso ayaresabea a ɛwɔ aman a wodi hia mu ntumi ntɔ, so. Ebetumi aba sɛ yare mmoawa binom wɔ hɔ a nnuru a aba so foforo no ntumi nkunkum wɔn ma enti nnipa pii tumi nya nsanyare a ɛyɛ hu paa wɔ ayaresabea. Oduruyɛfo Richard Krause a na kan ɔyɛ kwankyerɛfo wɔ U.S. Ɔman Asuae a Ɛhwɛ Nsanyare ne Nneɛma a Ɛde Yare Ba Ho Nsɛm So no ka tebea a ɛrekɔ so mprempren no ho asɛm pefee sɛ “bere a yare mmoawa pii asorosoro.”

“So Yɛanya Akwahosan Pa Nnɛ?”

Ɛnnɛ, ɛda adi pefee sɛ yare ho asiane da so ara haw yɛn wɔ afeha a ɛto so 21 yi mfiase. Trɛw a AIDS kɔ so trɛw, yare mmoawa a nnuru ntumi wɔn, yare a akunkum nnipa fi teteete te sɛ nsamanwaw ne atiridii a asan akanyan wɔn ho bio no ma ɛda adi sɛ yentumi nnii mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebenya akwahosan pa no mu nkonim ɛ.

Joshua Lederberg a onyaa Nobel Akyɛde bisae sɛ: “So yɛanya akwahosan pa nnɛ sen afeha a etwaam no?” Obuae sɛ: “Tebea a yɛwom no asɛe koraa. Yɛabu yɛn ani agu ɔyare mmoawa so, na ɛno na asan abu abɔ yɛn so no.” So mmɔden a aduruyɛ mu nyansahu ne wiase aman nyinaa bɛbɔ no betumi adi ɔhaw a yɛrehyia yi ho dwuma? So yebetumi atu nsanyare atitiriw ase sɛnea yetuu mpete ase no? Yɛn asɛm a etwa to no besusuw nsɛmmisa yi ho.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]

Mpete ne Mmubui So Nkonimdi

Wɔ October 1977 awiei mu na Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no huu onipa a otwa to koraa a wanya mpete. Ayaresabea bi oduannoafo a ɔte Somalia a wɔfrɛ no Ali Maow Maalin, nyaa yare no bi nanso na ano nyɛ den ma enti ankyɛ na ne ho yɛɛ no den. Wɔwɔɔ nnipa a na wɔbɛn no nyinaa paane de siw yare no ano.

Nnuruyɛfo de mfe abien hwehwɛe sɛ wɔbɛte sɛ obi nso anya yare no bi anaa. Wɔde too gua sɛ wɔbɛma onipa biara a obehu sɛ “mpete” ayɛ obi no sika dɔla 1,000. Obiara antumi annye saa akyɛde no, ma enti eduu May 8, 1980 no, WHO de too gua sɛ “Wiase ne emu nnipa nyinaa adi mpete so nkonim.” Mfe du pɛ ansa na wɔde saa asɛm no reto gua no, na mpete kunkum nnipa ɔpepem abien afe biara. Eyi ne bere a edi kan koraa a wotumi tuu nsanyare titiriw bi ase wɔ abakɔsɛm mu. *

Ɛte sɛ nea wobetumi adi mmubui a ɛhaw mmofra pii no so nkonim saa ara. Wɔ 1955 mu no, Jonas Salk yɛɛ aduru a ano yɛ nam a wobetumi de ako mmubui. Wofii ase de aduru yi wɔɔ nkurɔfo paane de ko tiaa mmubui wɔ United States ne aman foforo so. Akyiri yi, wɔyɛɛ mmubui aduru a wotumi nom. Wɔ 1988 mu no, WHO fii nhyehyɛe a wɔde betu mmubui ase wɔ wiase nyinaa no ase.

Oduruyɛfo Gro Harlem Brundtland a na ɔyɛ WHO kwankyerɛfo saa bere no, bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere a yefii ase sɛ yɛretu mmubui ase wɔ 1988 mu no, na mmofra bɛboro 1000 na wobubu gu fam da biara. Wɔ 2001 mu no, na mmofra a wɔabubu afe mũ no nyinaa nnu 1000.” Ɛnnɛ aman a mmubui wom no nnu edu. Nanso wobehia sika pii na wɔde aboa ma wɔatumi atu yare yi ase koraa.

[Ase hɔ asɛm]

^ Mpete yɛ yare a na ɛfata sɛ aman nyinaa ka bom tu so sa efisɛ na ɛnte sɛ nyarewa a ɛnam nkura, nkoekoemmoa ne nneɛma foforo so trɛw no, mmom no, na yare yi mmoawa nam nnipa so na ɛtrɛw.

[Mfonini]

Wɔde aduru a ɛko tia mmubui resɔ Ethiopiani abarimaa bi anum

[Asɛm Fibea]

© WHO/P. Virot

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26]

AIDS—Yɛn Bere So Yare

AIDS abɛyɛ yare a ɛde nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nkwa ato asiane mu. Bɛyɛ mfe 20 akyi ni a wohuu yare no, nnipa bɛboro ɔpepem 60 na wɔanya bi. Na akwahosan ho bammɔfo de kɔkɔbɔ ma sɛ AIDS owuyare no nnya “nyii ne ho adi nwiei.” Ɛresan nnipa pii “sen sɛnea yesusuwii sɛ ebetumi ayɛ no,” na ɛredi nnipa awu kɛse wɔ mmeae a atrɛw yiye no.

Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Nnipa dodow a wɔanya HIV/AIDS wɔ wiase nyinaa no yɛ nnipa a afei na wɔasi so.” Esiane eyi nti, wosusuw sɛ, ansa na afe 2005 bedu no na aman pii a wɔwɔ Afrika anafo fam no ahwere nnipa a wotumi yɛ adwuma no mu ɔha mu nkyem 10 kosi 20. Amanneɛbɔ no de ka ho nso sɛ: “Mprempren nnipa dodow a wɔwɔ Afrika anafo fam no nkwa nna so atew abedu mfe 47. Sɛ ɛnyɛ AIDS a, anka ɛbɛyɛ mfe 62.”

Mmɔden a wɔabɔ sɛ wobenya aduru a wɔde besiw yare no ano no ankosi hwee, na nnipa bɛyɛ ɔpepem asia a wɔanya AIDS wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu no mu ɔha mu nkyem 4 pɛ na wonya aduru nom. Mprempren aduru biara nni hɔ a wotumi de sa AIDS yare no, na nnuruyɛfo gye di sɛ, awiei koraa no nnipa a wɔanya yare mmoawa no mu dodow no ara benya yare no bi.

[Mfonini]

Mogya mu nkwammoaa “T lymphocyte” a HIV yare mmoawa wom

[Asɛm Fibea]

Godo-Foto

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Obi a ɔyɛ yare mu nhwehwɛmu reyɛ ɔyare aboawa bi a aduru ntumi no mu nhwehwɛmu

[Asɛm Fibea]

CDC/Anthony Sanchez