Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ankonamyɛ Ano a Yebegyina

Ankonamyɛ Ano a Yebegyina

Ankonamyɛ Ano a Yebegyina

ANKONAMYƐ ano a yebegyina no nna fam. Egye animia ankasa. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi agyina ankonamyɛ ano? Dɛn na ebinom ayɛ de adi nkate a ano yɛ den yi so?

Ankonamyɛ So a Yebedi

Sɛ Helen * resisi gyinae horow a, ɔmpɛ sɛ obiara bɛn no, nanso ohu sɛ asiane wɔ te a ɔbɛtew ne ho no mu. Ɔyɛ abofra no, na ɛyɛ den sɛ ɔne n’awofo bedi nkitaho. Esiane sɛ onhu nea ɔnyɛ na ama wɔn ani akũ ne ho nti, ɔto ne ho pon mu. Ɔka n’asɛm sɛ: “Na mintumi nnidi. Minyaa adwenemhaw. Mekae sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ midwennwen ɔhaw ahorow a m’awofo hyia ho bere a m’asɛm mfa wɔn ho?’ Afei misusuwii sɛ aware betumi ayi me afi ankonam a mayɛ no mu. Mibehui sɛ aware ne ano aduru. Nanso midwen ho bio sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mesɛe onipa foforo asetra? Nea edi kan no, na ehia sɛ misiesie me nsusuwii yiye!’ Menam mpaebɔ so hwehwɛɛ Yehowa mmoa, mekaa sɛnea midi yaw no nyinaa kyerɛɛ no.

“Minyaa awerɛkyekyesɛm fii Bible no mu, te sɛ nea ɛwɔ Yesaia 41:10 a ɛse; ‘Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.’ Saa nsɛm no boaa me paa, efisɛ na mete nka sɛ minni agya. Ɛnnɛ, mekenkan Bible no daa na mebɔ mpae kyerɛ me soro Agya no. Masua sɛ medi m’ankonamyɛ no so.”

Ɔdɔfo bi wu ma yedi awerɛhow, na ebetumi ama yɛayɛ ankonam bere tenten. Luisa a wadi mfe 16 no ka n’awerɛhosɛm sɛ: “Wokum me papa bere a na madi mfe anum. Mekɔɔ me nanabea nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyekye me werɛ nanso mante nka da sɛ ɔdɔ me. Me mmofraase a na mehia ɔdɔ paa no, mannya. Bere a minyaa mfe awotwe rekɔ akron no, mebɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ mekum me ho. Misusuwii sɛ sɛ miwu mpo a, m’abusua ho bɛtɔ wɔn, efisɛ na ɛyɛ den ma me maame sɛ obenya me ne me nua mmea baasa no ano aduan. Afei yefii ase ne Yehowa Adansefo bɔe. Awarefo bi a wonnyinii pii kyerɛɛ me ho anigye kɛse. Na wɔtaa ka kyerɛ me sɛ, ‘Yɛn ani gye wo ho, na wo ho hia yɛn nso.’ Nsɛm ‘Wo ho hia yɛn’ no ma minyaa ahoɔden kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, mintumi nka sɛnea mete nka no nkyerɛ obi, nanso sɛ mekenkan nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu a, meda Yehowa ase, esiane sɛ nhoma ahorow yi ma mete nka sɛ ɔdɔ me. Mayɛ nsakrae pii. Ɛnnɛ, mitumi serew, na sɛ me werɛ how anaa m’ani gye a, mitumi ka ho asɛm kyerɛ me maame. Ɛtɔ mmere bi a mekae nsɛm a atwam no, nanso ɛnte sɛ bere a na mepɛ sɛ mikum me ho anaa na me ne m’adɔfo nkasa no. Mekae nea odwontofo Dawid kae no bere nyinaa: “Me nuanom ne me mfɛfo nti mɛka ama asomdwoe aba ama wo.””—Dwom 122:8.

Martha kunu gyaee no aware mfe 22 ni, na saa bere no ara mu na ɔtetee ne ba. Ɔka sɛ: “Sɛ midwen yɛ a mantumi anyɛ aware no ho biribi no ho a, ɛma mete nka sɛ mayɛ ankonam na mensɛ hwee.” Ɔyɛɛ dɛn dii saa nkate yi so? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mibehui sɛ ɔkwan a eye sen biara a metumi afa so adi ho dwuma ne sɛ mɛka ho asɛm ntɛm akyerɛ Yehowa Nyankopɔn. Sɛ mebɔ mpae a, minim sɛ ɛnkaa me nko. Yehowa nim me sen sɛnea minim me ho. Afei mehwehwɛɛ akwan a metumi afa so akyerɛ afoforo ho anigye. Bere nyinaa som adwuma a meyɛ no ne ɔkwan a etu mpɔn a mede ko tia nkate bɔne. Sɛ woka nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛba ho asɛm kyerɛ nnipa afoforo, na wuhu sɛ w’atiefo nni anidaso biara, ne sɛ, wontumi nyɛ wɔn haw ahorow no ho hwee a, ɛka wo ma woyere wo ho sɛ wobɛkɔ so adi nkate bɔne so.”

Elba a wadi mfe 93, na ne babea koro pɛ som sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ ɔman foforo so no ka sɛnea odii n’ankonamyɛ so no ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Bere a wɔtoo nsa frɛɛ me babea ne ne kunu sɛ wɔmmra Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no, mihui sɛ wɔn ani agye, na me nso m’ani gyei. Akyiri yi, bere a wɔn nsa kaa wɔn dwumadi sɛ wɔnkɔsom wɔ amannɔne no, ɛyɛɛ me yaw kakra. Na minim sɛ wɔremmɛn me bio, na ɛmaa me werɛ howee kakra. Na tebea no te sɛ Yefta ne ne babea koro pɛ ho asɛm no a ɛwɔ Atemmufo ti 11 no. Mede nisu bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me. Metaa te me babea no ne m’ase no nka. Minim sɛ wonni adagyew, nanso baabiara a wɔsom no, wonya bere ka wɔn dwumadi ne osuahu ahorow a wonyae wɔ asɛnka adwuma mu no ho asɛm kyerɛ me. Metaa tĩ krataa a wɔkyerɛw brɛ me no mu kenkan mpɛn pii. Ɛma mete nka sɛ wɔne me kasa dapɛn biara, na m’ani sɔ paa. Afei nso, Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ m’asafo mu no ma wɔn ani kũ yɛn a yɛabɔ nkwakora ne mmerewa na yenni ahoɔden no ho sɛnea ɛsɛ, wɔhwɛ ma yenya kar kɔ asafo nhyiam, na wɔma yɛn nsa ka nneɛma afoforo a yehia nso. Mibu me honhom fam anuanom sɛ akyɛde a Yehowa de ama me.”

Wo Nso Wubetumi Adi Ankonamyɛ So

Sɛ́ woyɛ abofra anaa panyin, sigyani anaa ɔwarefo, abofra a wo ne w’awofo te anaasɛ ayisaa, sɛ wo dɔfo bi awu anaa ade foforo bi ama woayɛ ankonam no, akwan ahorow wɔ hɔ a wubetumi afa so adi wo nkate no so. Jocabed, ababaa a wadi mfe 18, na ne papa gyaw n’abusua a emufo yɛ baasia hɔ tuu kwan kɔɔ ɔman foforo so no ka sɛ: “Ka nea ɛhaw wo! Ɛho hia sɛ yɛyɛ saa. Sɛ yɛanyɛ saa a, obiara rente yɛn ase.” Ɔkamfo kyerɛ sɛ: “Nnwen wo ho pii. Hwehwɛ mmoa fi nnipa a wɔanyin, na mmom ɛnyɛ mmabun a ebia wo tebea ye sen wɔn de no hɔ.” Luisa a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Koma mu a wofi bɔ Yehowa mpae boa yɛn ma yefi tebea a ayɛ sɛ nea anidaso biara nnim no mu.” Jorge a ne yere awu no ka sɛnea odii n’ankonamyɛ so no ho asɛm sɛ: “Egye animia. Afoforo ho anigye a mekyerɛ no boa me kɛse. ‘Tema a yɛbɛda no adi’ bere a yɛne afoforo redi nkɔmmɔ no betumi ama yɛn nkɔmmɔ atɔ asom, na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu su pa a nnipa afoforo wɔ no.”—1 Peter 3:8.

Yebetumi ayɛ nneɛma pii de ako atia ankonamyɛ. Nanso, so bere bi bɛba a ankonamyɛ befi hɔ koraa? Sɛ saa a, ɔkwan bɛn so na eyi bɛba? Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi.

[Ase hɔ asɛm]

^ Wɔasesa edin no bi.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Koma mu a wofi bɔ Yehowa mpae boa yɛn ma yefi tebea a ayɛ sɛ nea anidaso biara nnim no mu.”—Luisa

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Nea Wubetumi Ayɛ De Agyina Ankonamyɛ Ano

◼ Kae sɛ wo tebea no betumi asesa, ɛrenka hɔ daa, na ɛyɛ tebea a nnipa afoforo nso hyia.

◼ Nhwehwɛ sɛ wobɛyɛ biribi a ɛboro w’ahoɔden so.

◼ Sɛnea wote biara no, pene so.

◼ Hwɛ hu sɛ wubedidi yiye, ateɛteɛ w’apɔw mu, na wada ma aso wo.

◼ Bere a aka wo nko ara no, bɔ wo tirim yɛ biribi na sua sɛ wobɛyɛ nneɛma afoforo.

◼ Hwɛ yiye na woannyina sɛnea na wote nka kan no so ammu afoforo atɛn.

◼ Ma w’ani nsɔ wo nnamfo na kyerɛ wɔn suban pa ho anigye. Bɔ mmɔden sɛ wubenya nnamfo pa pii. Gye akwankyerɛ fi wɔn a wɔanyinyin na wɔwɔ suahu no nkyɛn.

◼ Yɛ biribi fa boa afoforo—serew kyerɛ wɔn, ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran, ka Bible mu asɛm bi kyerɛ wɔn. Te a wote nka sɛ wo ho hia afoforo no betumi aboa wo ma woadi ankonamyɛ so.

◼ Kwati sɛ wobɛma w’ani agye nnipa a wɔagye din wɔ sini mu anaa TV ne Intanɛt so anaa nnipa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ nhoma mu ho, na mpo wo ne wɔn anya abusuabɔ no.

◼ Sɛ woaware a, nhwɛ kwan sɛ wo hokafo betumi adi wo nkate fam ahiade nyinaa ho dwuma. Nsa kɔ na nsa aba, mommoa mo ho mo ho.

◼ Sua sɛ wo ne afoforo bɛkasa, na yɛ otiefo pa. Fa w’adwene si nnipa afoforo ne nea wɔn ani gye ho so. Da tema adi.

◼ Gye tom sɛ wote nka sɛ woyɛ ankonam, na wo ne nnamfo a wɔn ho akokwaw nni nkɔmmɔ, wɔn a wowɔ wɔn mu ahotoso. Mfa ɔhaw no nhyɛ wo ho na nhu amane.

◼ Kwati asanom bebrebe, anaa mpo nnom bi koraa. Mmosa nnyi wo haw no mfi hɔ—bere tiaa bi akyi no, ɔhaw no bɛma ne ho so bio.

◼ Kwati ahantan. Fa wɔn a wɔfom wo no mfomso firi wɔn, na yɛ nea wubetumi biara ne wɔn nnya abusuabɔ pa. Fi wo pɛ mu gyae nsɛm mu.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi adi ankonamyɛ so?