Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Obiara Rente Nka Bio sɛ Ɔyɛ Ankonam

Bere a Obiara Rente Nka Bio sɛ Ɔyɛ Ankonam

Bere a Obiara Rente Nka Bio sɛ Ɔyɛ Ankonam

KYERƐWTOHƆ a ɛwɔ Genesis 2:18 no ka sɛ bere a wɔbɔɔ onipa a odi kan no, “[Yehowa, NW] Nyankopɔn kae sɛ: Enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.” Wɔbɔɔ nnipa sɛ wɔne wɔn ho ntra na wɔmmoa wɔn ho wɔn ho.

Yehowa Nyankopɔn ne adamfo a ɔsen biara a yebetumi anya. Ɔsomafo Paulo kaa Yehowa ho asɛm sɛ “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Ɛhaw Yehowa sɛ ne nkoa rehu amane. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tema. “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” (Dwom 103:14) So wompɛ sɛ wobɛn Yehowa Nyankopɔn, na wokyerɛ ne dɔ, n’ayamye ne n’ani a ekũ yɛn ahiade ho no ho anisɔ?

Yehowa Hyɛ Ankonamfo Den

Tete no, Onyankopɔn nkoa pii hyiaa tebea horow a ɛma wɔtee nka sɛ wɔyɛ ankonam. Wɔn fam no, na Yehowa ne wɔn boafo ne wɔn werɛkyekyefo. Susuw Yeremia a bere a ɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ odiyifo na ɔyɛ aberantewaa no ho hwɛ. Wɔ Bible akyerɛwfo 40 mu no, gyama Yeremia ne obi a ɔkaa ne nkate ho asɛm kɛse. Bere a Onyankopɔn de dwumadi a edi kan maa no no, ehu kaa no na ɔtee nka sɛ ɔmfata. (Yeremia 1:6) Sɛ na obetumi ayɛ adwuma no a, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa so koraa. Ɛyɛ ampa sɛ na Yehowa ka ne ho sɛ “dɔmmarima a ne ho yɛ hu.”—Yeremia 1:18, 19; 20:11.

Bɛyɛ mfe 300 ansa na wɔrewo Yeremia no, Ɔhemmaa Isebel tee sɛ wɔakunkum Baal adiyifo no, ma enti ɔkaa ntam sɛ obekum Elia. Elia guanee bɛyɛ akwansin 285 kɔɔ Horeb a ɛwɔ Sinai asase ano no so. Saa anadwo no, ɔkɔdaa ɔbodan bi mu, ɛnna Yehowa Nyankopɔn bisaa no asɛm yi sɛ: “Elia, dɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?” Elia kyerɛkyerɛɛ mu, na na ɔte nka sɛ ne nkutoo ne Yehowa somfo a waka wɔ Israel nyinaa, odiyifo koro pɛ a waka a ɔyɛ nsi wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ ɛnkaa ne nkutoo. Na Yehowa ka ne ho, na na Elia mfɛfo Israelfo 7000 nso ka ne ho a onnim. Yehowa kyekyee Elia werɛ hyɛɛ ne gyidi den. Ɔkaa Elia koma too ne yam, hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmma ne nsam ngow. (1 Ahene 19:4, 9-12, 15-18) Te sɛ Elia no, sɛ yɛate nka pɛn sɛ yɛayɛ ankonam anaa yɛnsɛ hwee a, yɛn nso yebetumi abɔ Yehowa mpae ama wahyɛ yɛn den. Afei nso, bere a Kristofo mpanyimfo da nhumu adi no, wobetumi aka awerɛkyekyesɛm akyerɛ wɔn a wɔyɛ anokwafo no, na wɔaboa wɔn ama wɔahu dwuma a Onyankopɔn de wɔn redi ama n’atirimpɔw abam no.—1 Tesalonikafo 5:14.

Saa nhwɛso horow yi ne afoforo boa yɛn ma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn, na ofi ɔdɔ mu kyekye wɔn a wɔte nka sɛ wɔayɛ ankonam no werɛ. Yiw, ‘Yehowa yɛ guandɔbea ma nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guandɔbea.’—Dwom 9:9; 46:1; Nahum 1:7.

Ɔbarima a Ɔwɔ Nkate ne Mmɔborohunu Kɛse

Yesu Kristo yɛ obi a ɔsɛ nkamfo wɔ sɛnea ɔda ne nkate adi ma ɛkari pɛ de suasua Yehowa no ho. Luka kyerɛkyerɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a ohyiaa nnipa a na wɔakɔ ayi wɔ Nain kurow mu no mu sɛ: “Hwɛ wɔso obi a wawu a ɔyɛ ne na ba koro refi adi. . . . Na Awurade huu ɔbea no no, ne yam hyehyee no maa no, na osee no sɛ: Nsu! Na ɔbae bɛkaa funu adaka no, na wɔn a wɔso no gyinae. Na ɔkae sɛ: Aberante, mise wo sɛ: Sɔre! Na owufo no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne na.” (Luka 7:12-15) Yesu nyaa nkate a emu ɛyɛ den. Ná ɔwɔ ayamhyehye. Hwɛ sɛnea Yesu maa okunafo bea a na aka ne nko no ani gyei bere a onyanee ne babarima no maa no no! Afei na ɔbea kunafo yi nyɛ ankonam bio.

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yesu yɛ obi a ‘ohu yɛn mmerɛwyɛ ma yɛn.’ Akyinnye biara nni ho sɛ ɔwɔ tema ma atreneefo a wɔyɛ ankonam no. Nokwarem no, yɛnam no so betumi ‘anya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na bere a ɛsɛ mu aboa yɛn.’ (Hebrifo 4:15, 16) Sɛ yesuasua Yesu a, yɛn nso yebetumi anya tema ama wɔn a wodi awerɛhow, wohu amane na wɔyɛ ankonam no. Sɛ yɛboa afoforo a, ɛremma sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ ankonam. Nanso ɔkwan foforo wɔ hɔ a yebetumi afa so anya mmoa a yɛde bedi nkate bɔne a ankonamyɛ de ba no so.

Yehowa Asɛm Betumi Aboa Yɛn Ma Yɛadi Ankonamyɛ So

Nnipa pii ‘nam kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.’ Afotu a mfaso wɔ so pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛadi ankonamyɛ so. (Romafo 15:4; Dwom 32:8) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘mma yɛnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ yɛdwen.’ (Romafo 12:3) Sɛ yebetumi de afotu yi adi dwuma a, ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nsusuwii mu. Adwempa a yebenya wɔ yɛn sintɔ ahorow ho no bɛboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛkari pɛ wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan no ho. Onyankopɔn Asɛm nso tu yɛn fo sɛ yɛnkyerɛ afoforo ho anigye sɛnea ɛfata. (Filipifo 2:4) Nsa kɔ na nsa aba. Bere a wokyerɛ afoforo ho anigye no, wɔn nso bɛkyerɛ wo ho anigye. Fekubɔ a ɛfata yi boa ma yɛnyɛ ankonam na mmom yenya atirimpɔw wɔ asetram mu.

Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘mma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam.’ (Hebrifo 10:24, 25) Enti fa wo ho hyɛ dwumadi a mfaso wɔ so, te sɛ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow a wobɛkɔ daa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo nhyiam betumi aboa yɛn ma yɛanya honhom fam, nkate fam ne honam fam ahoɔden. Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ afoforo no nso yɛ ɔkwampa a ɛbɛma yɛayɛ nnwuma a mfaso wɔ so wɔ yɛn asetram. Ɛma yɛde yɛn adwene si ade pa so, ɛhyɛ yɛn gyidi den, na ɛbɔ anidaso a yɛwɔ no ho ban.—Efesofo 6:14-17.

Bɛn Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Dawid tuu yɛn fo sɛ: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu.” (Dwom 55:22) Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm a, wubenya anigye. (Dwom 1:1-3) Sɛ wote nka sɛ ankonamyɛ ahyɛ wo so a, dwennwen sɛnea Yehowa ada ne dɔ adi wɔ N’asɛm mu no ho. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Me kra aka fam, ma minnya nkwa, sɛ w’asɛm te.”—Dw. 119:25.

Bere a Obiara Renka sɛ “Meyɛ Ankonam”

Yehowa Nyankopɔn de wiase foforo a dadwen, abasamtu ne atenka bɔne biara nnim ahyɛ yɛn bɔ. Bible ka sɛ: ‘Ɔbɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:4) Kan nneɛma a ebetwam no bi ne honam, adwene, ne nkate mu yaw a nnɛ yedi no.

Nnipa a wɔwɔ adamfofa su na ɛbɛhyɛ asase no so ma, na wɔbɛma yɛn asetra ayɛ dɛ. Yehowa nam ne soro Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no so bɛma yɛn ankonamyɛ nyinaa to atwa. Ɔbɛma yɛn nneɛma foforo a ɛyɛ anigye ayɛ wɔ paradise wɔ asase so. Ɛnkyɛ, da bi bɛba a obiara renka bio sɛ “Meyɛ ankonam.”

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Denam Yehowa mmoa so no, sɛ yɛn nko na yɛte mpo a, yɛrente nka sɛ yɛyɛ ankonam

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Asuade bɛn na Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Yeremia ne Elia ho no ma yenya?