Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Nnipa Pii Ayɛ Ankonam?

Dɛn Nti na Nnipa Pii Ayɛ Ankonam?

Dɛn Nti na Nnipa Pii Ayɛ Ankonam?

NNIPA pii wɔ wiase nnɛ a wɔyɛ ankonam. Obiara betumi ayɛ ankonam ɛmfa ho mfe a wadi, abusua a ofi mu, dibea a ɔwɔ ne ɔsom kõ a ɔwɔ mu no. So woayɛ ankonam pɛn? Mprempren woyɛ ankonam? Nokwarem no, ɛtɔ da bi a, yɛn nyinaa te nka sɛ yehia yɔnko—obi a obetie yɛn asɛm, ɔbɛma yɛanya awerɛhyem anaa ebia ɔbɛte yɛn nsusuwii ase, na wagye sɛnea yɛte no atom. Yehia obi a odwen yɛn nkate ho.

Nanso sɛ́ aka obi nko no nkyerɛ sɛ ɔyɛ ankonam. Obi nkutoo betumi atra bere tenten, anya nneɛma a ɔyɛ mu anigye a ɔnte nka sɛ ɔyɛ ankonam. Nanso ebinom wɔ hɔ a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔn nkutoo bɛtra. The American Heritage Dictionary ka sɛ: “Sɛ́ aka obi nko no kyerɛ sɛ afoforo nka ne ho, nanso ɛno nkyerɛ sɛ onni anigye. . . . Ankonam kyerɛ yaw a obi di esiane sɛ aka ne nkutoo nti, [bere a] ankonamyɛ kyerɛ abooboo a obi di, ɛne sɛ, ɔpɛ yɔnko,” tebea a ɛma obi di awerɛhow, ɔhaw anaa ɔyɛ bosoo. Ɛho behia sɛ wodwudwo saa onipa no ma ɔka ne koma to ne yam denam ɔdɔ mu a wofi ne no bɔ fekuw ma ɔsan nya anigye bio no so. Nea etwa to no, sɛ́ wɔayi obi baako ama no no yɛ tebea a “ɛne ankonam anaa ankonamyɛ taa wɔ ntease koro. Nanso mpɛn pii nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛkõkõ ne ho.”

Ankonamyɛ yɛ nkate a ano yɛ den, na ebetumi ayɛ yaw paa. Ɛma obi te nka sɛ ɔnsɛ hwee. Ɛma ɔte nka sɛ aka ne nkutoo na ɔne nnipa afoforo nni twaka biara. Ebetumi ama yɛahodwo na ehu aka yɛn. So woate nka saa pɛn? Dɛn na ɛde ankonamyɛ ba?

Ɔhaw ne tebea horow tumi hyɛ nnipa so wɔ akwan pii so. Ebia esiane wo honam ani hwɛbea, abusua a wufi mu anaa ɔsom a wowɔ mu nti wote nka sɛ w’atipɛnfo apo wo. Nsakrae a ɛba w’asetra mu—te sɛ sukuu foforo a wobɛkɔ, adwuma foforo a wobɛyɛ anaa mpɔtam, kurow anaa ɔman foforo bi mu a wubetu akɔtra—betumi ama woate nka sɛ woayɛ ankonam esiane wo nnamfo a ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn hɔ no nti. Ebia woahu sɛ obi wofo anaa ne hokafo a wawu agyaw no no ama wayɛ ankonam akyɛ. Afei nso bere a yɛrenyin no, yɛfa nnamfo foforo na yɛn amannifo nso sesa, wɔn dodow so tew anaa yenhu wɔn bio.

Ɛnyɛ bere nyinaa na aware ma obi de ne ho fi ankonamyɛ ho. Akameakame a ɛda afanu no ntam anaa wɔn ntam a ɛnwo no betumi ahaw wɔn ma wɔrenhu nea wɔnyɛ na ebetumi ama wɔne wɔn ahokafo ne wɔn mma mpo ntam atetew. Nanso ankonamyɛ a ɔdɔfo bi wu, awaregyae anaa ntetewmu de ba akyi no, ankonamyɛ foforo bi wɔ hɔ a ebetumi aka yɛn paa. Nea ɛde eyi ba ne bere a yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ asɛe na yɛte nka sɛ yɛne no ntam atetew no.

So woakɔ tebea horow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu pɛn? So yebetumi agyina ankonamyɛ ano?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

Asetram nsakrae, sukuu foforo a obi bɛkɔ anaa obi hokafo a ɔbɛhwere no betumi ama wayɛ ankonam