Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!

Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!

Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!

FA NO sɛ wohyɛ buw bi a wɔde dade abobɔ a ahwehwɛ hyehyɛ ho mu. Batere nsu ne pɛtro sisi wo nkyɛn pɛɛ. Afei fa biribi a ne kɛse bɛyɛ nsateakwaa kakraa bi hyehyɛ buw a ebetumi adi wo awu yi ase na pia ma ɛmfa anibu biako biara ntwa kwan a ne tenten bɛyɛ anammɔn 100. Nea etwa to koraa no, fa w’afiri no kɔka mfiri afoforo a ɛte saa ara ho ma ɛne mfiri a ɛrehyia wo no mmɔ nsianho!

Ɛkame ayɛ sɛ saa ara na woyɛ bere biara a wobɛtra kar mu na watu asi karkwan so no. Dɛn na ɛboa wo ma wutumi kyinkyim wo kar sitia yiye na wote nka sɛ wowɔ ahobammɔ no? Fã kɛse no ara gyina wo kar tae so.

Dwuma a Kar Tae Di

Kar tae yɛ nnwuma a mfaso wɔ so pii. Ɛno na wo kar no mu duru nyinaa si so. Sɛ kar no fa biribi so, ɛtotɔ amoa mu, anaa ɛwosow wɔ kwan so a, tae no na egye ma enti wonte nka pii. Nea ehia sen biara no, tae no na ɛnam asase so ma enti ɛkyere fam sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ama kar no akɔ, woakyinkyim sitia, agyina, na woadan afa baabiara a wopɛ wɔ kar kwan so wɔ tebea horow mu. Nanso tae no fã kakraa bi—a ɛte sɛ wo nsayam—na bere nyinaa ɛka asase no.

Esiane sɛnea tae ho hia nti, dɛn na wubetumi ayɛ ama atumi ayɛ adwuma sɛnea ɛsɛ a asiane biara nnim? Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ wopaw tae a wode bɛhyɛ wo kar ase a, wobɛyɛ dɛn apaw tae a eye? Ansa na yebebua nsɛmmisa yi no, ma yɛnka nea ɛyɛe a tae bae ho asɛm kakra.

Wɔn a Wodii Kan De Rɔba Yɛɛ Nneɛma

Ɛwom sɛ wɔde ntwahonan (wheel) adi dwuma mfe mpempem pii ni de, nanso wonyaa adwene sɛ wɔde rɔba bɛfa kar ntwahonan ho no nkyɛe biara. Wodii kan de amane a wɔde ayɛ rɔba faa dua anaa dade ntwahonan ho wɔ 1800 mfe no mfiase. Nanso na ɛwẽ ntɛm ma enti na ɛte sɛ nea rɔba a wɔde fa ntwahonan ho no renni gyina biara no. Ɛkɔɔ so araa kosii sɛ ɔbɔrehudefo a ɔyɛ nsi, Charles Goodyear, a ofi Connecticut, U.S.A. bae. Wɔ 1839 mu no, Goodyear nam abɔrehu so yɛɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ tae denam sufre ne amane a wɔde fra noa so. Saa kwan a wɔfa so noa rɔba no ma ɛyɛ twann a sɛ wɔde yɛ tae a, ɛkyɛ ansa na awẽ. Ɔmanfo begyee tae a mframa nni mu a wɔde hyɛ kar ase no toom kɛse, nanso esiane sɛ ɛma kar huruhuruw nti, na ɛmma emu tra nyɛ dɛ.

Wɔ 1845 mu no, Scotlandni afiriyɛfo Robert W. Thomson nyaa mmara mu tumi de yɛɛ tae a edi kan a wɔde mframatoa ahyem. Nanso bere a John Boyd Dunlop a ofi Scotland bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie ne babarima baesekre tae no ansa na tae a mframatoa hyem renya gua. Dunlop yii tae foforo a ɔyɛe no adi wɔ 1888 mu, na ofii n’ankasa adwumakuw ase. Nanso na ɛsɛ sɛ wodi akwanside atitiriw bi ho dwuma na ama tae a mframatoa wom no adi mu.

Da bi, wɔ 1891 mu no, Franseni bi a ɔka baesekre de si akan no tae dwowee. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie nanso wantumi esiane sɛ na wɔde tae no afam baesekre no hankare ho pampee nti. Ɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii ne yɔnko Franseni, Édouard Michelin a na wagye din wɔ sɛnea wosiesie tae ho no nkyɛn. Michelin de nnɔnhwerew akron na ɛbɔɔ mmɔden sɛ obesiesie tae no. Saa adwuma no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ tae a wotumi yi fi hankare ho san siesie.

Wogyee Michelin tae a ɔyɛe no toom araa ma afe a edi hɔ no, nnipa 10,000 a wɔde baesekre si mmirikakan a na wɔn ani gye ho no de dii dwuma. Ankyɛ na wɔde tae a mframa wom hyehyɛɛ nteaseɛnam a pɔnkɔ twe ase wɔ Paris, na Franse hyɛntiafo ani gyee ho paa. Nea ɛbɛma wɔahu sɛ wobetumi de tae a mframa wom ahyɛ kar ase wɔ 1895 mu no, Édouard ne ne nuabarima, André, de hyehyɛɛ kar a wɔde si mmirikakan no ase, nanso edii nkogu koraa wɔ akansi no mu. Ne nyinaa akyi no, tae soronko yi maa nkurɔfo ho dwiriw wɔn araa ma wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛpae mu ahwɛ dekode a Michelin anuanom yi de ahyehyɛ mu!

Wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, wɔde nneɛma a etumi kyɛ te sɛ rayon, nylon, ne polyester besii asaawa ne amane a na entumi nkyɛ pii no ananmu. Wiase Ko II akyi na wɔyɛɛ tae a na wotumi de hyɛ kar hankare ho a enhia sɛ wɔde mframatoa biara hyem. Akyiri yi, wɔyɛ maa edii mu kɛse.

Ɛnnɛ, wɔkeka nneɛma bɛboro 200 bom ansa na wɔayɛ tae. Mfiridwuma ho nimdeɛ a aba no nso aboa ma tae no bi tumi twa kwansin 80,000 anaa nea ɛboro saa ansa na asɛe, na wotumi de bi hyehyɛ kar a eguan paa a wɔde si mmirikakan no ase. Ɛnnɛ, tae bo nyɛ den kɛse nti obiara tumi tɔ bi.

Tae a Wɔpaw

Sɛ wowɔ kar a, ebetumi ayɛ den ama wo sɛ wobɛpaw tae foforo a wode bɛhyɛ wo kar no ase. Woyɛ dɛn hu sɛ bere aso sɛ wosesa wo kar tae? Wonam wo tae a wobɛhwɛ sɛnea ɛte bere nyinaa sɛ ɛrewe anaa ɛresɛe no so. * Wɔn a wɔyɛ tae no de rɔba bi ato tae no sẽ anim a ɛbɛma woahu bere a wo tae no awe a enti enye sɛ wode hyɛ kar ase bio. Afei nso ɛbɛyɛ papa sɛ wohwɛ sɛ ebia tae no sẽ apaapae, hama a ɛhyem no repuepue, ɛho afuafua, anaa nneɛma foforo asɛe wɔ ho. Sɛ wuhu eyi mu biara a, ɛnsɛ sɛ woka kar no kosi sɛ wubesiesie tae no anaasɛ wode foforo bɛhyɛ ananmu. Sɛ wotɔ tae foforo na sɛ nea ɔtɔn maa wo no tumi di ho agyinam ma wo, na sɛ tae no ankyɛ a, obetumi de foforo asi ananmu ama wo.

Ɛsɛ sɛ wode tae abien a ɛyɛ pɛ hyɛ faako wɔ kar ase. Sɛ tae foforo a wode rehyɛ no yɛ biako pɛ a, ɛnde fa hyɛ tae a ne sẽ no nwẽẽ pii no afã hɔ. Eyi boa ma sɛ wutia breki so a, tae no kye fam yiye.

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛhwɛ tae ahorow mu apaw bi. Nanso sɛ wubua nsɛmmisa kakra a edidi so yi a, ɛrenyɛ den mma wo. Nea edi kan no, hwɛ akwankyerɛ a wɔn a wɔyɛɛ kar no de ama no. Wo kar no wɔ tae pɔtẽẽ a eye ma no a ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu so, te sɛ tae no kɛse, ne tenten, ne adesoa a etumi fa. Nea ehia bio nso ne sɛnea wɔyɛɛ wo kar no. Tae ahorow pɔtẽẽ bi wɔ hɔ a wɔde hyehyɛ nnɛyi kar a aba so foforo a ne breki ntumi nka mu, ne kar a tae anan no nyinaa tumi yɛ adwuma bere koro mu no ase. Mpɛn pii no, wubetumi ahu tae a ɛfata ma wo kar no wɔ kar no ho krataa mu.

Ade foforo a ehia sɛ wususuw ho ne ɔkwan a wode tae no bɛfa so no. Wode wo kar no bɛfa mfutukwan anaa ɔkwan a wɔagu so so wɔ beae a osu tɔ anaa owia bɔ paa? Ebetumi aba nso sɛ wobɛka kar no wɔ tebea horow mu. Sɛ ɛba saa a, ebia wubehia tae a etumi tebea biara.

Afei ɛsɛ sɛ wususuw bere tenten a tae no betumi adi ne sɛnea etumi kye fam no nso ho. Mpɛn pii no, sɛ tae no sẽ yɛ mmerɛw a, etumi kye paa, nanso ɛnkyɛ na awẽ. Ɔkwan foforo so no, sɛ tae sẽ no yɛ den a, entumi nkye papa nanso ɛbɛkyɛ. Faako a wɔtɔn kar tae no na mpɛn pii no, ɛho akwankyerɛ nhoma wɔ. Nanso hu sɛ ɛsono sɛnea wɔn a wɔyɛ tae no mu biara ka ne tae ho asɛm.

Sɛ woreyɛ awie wo nhwehwɛmu no a, ebia tae no bo na ɛbɛkyerɛ tae ko a wobɛpaw. Nnwumakuw a wɔagye din no na wɔn tae taa yɛ papa, na wobetumi adi wo ɛho agyinam asesa ama wo.

Sɛnea Wobɛhwɛ Wo Tae So

Sɛ wubetumi ahwɛ wo tae so yiye a, ɛsɛ sɛ woyɛ nneɛma abiɛsa yi: hwɛ hu sɛ mframa a ɛsɛ wom, sesa faako a tae no hyehyɛ wɔ kar no ase no bere ne bere mu, na hwɛ sɛ ahyɛ yiye na ɛsa so pɛpɛɛpɛ. Mframa dodow a ɛwɔ tae no mu a wobɛhwɛ sɛnea ɛte bere nyinaa no ho hia paa. Sɛ mframa a ɛwɔ tae mu dɔɔso dodow a, tae no mfinimfini no bɛwẽ ntɛm. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ mframa no nnɔɔso a, tae no nkyɛnmu bɛwẽ na ɛbɛma kar no anom pɛtro pii.

Esiane sɛ mframa tumi fa rɔba a wɔde yɛ tae mu pue nti, ɔsram biara, tae no dwo kakra. Enti mma ɛnyɛ wo sɛ wubetumi de w’ani ahwɛ sɛnea tae no te ahu mframa dodow a ɛwom. Sɛnea Nnwuma a Wɔyɛ Rɔba Fekuw no kyerɛ no, “tae mu mframa so betumi atew bɛyɛ fã nanso worenhu sɛ adwo!” Enti fa afiri a wɔde susuw tae mu mframa di dwuma, na anyɛ yiye koraa no, ɔsram biara fa susuw pɛnkoro. Wɔn a wɔwɔ kar no pii de afiri a wɔde susuw tae mu mframa hyɛ wɔn kar mu na sɛ wohia a, wɔatumi de adi dwuma. Bere biara a wobɛsesa ngo a ɛwɔ wo kar engine mu no, hwɛ sɛnea wo tae no te, titiriw bere a tae no nyɛɛ hyew no—ɔkwan foforo so no, bere a kar no asi hɔ bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa anaa entwaa kwansin biako wɔ kwan so no. Mpɛn pii no, wɔkyerɛ mframa dodow a ɛsɛ sɛ ɛwɔ tae mu no wɔ kar no ho krataa mu anaasɛ wɔde fam kar no mu wɔ ofirikafo no nkyɛn anaa baabi a wɔde nneɛma hyɛ wɔ kar mu no. Sɛ wopɛ sɛ woka kar ma wo ho tɔ wo a, mfa mframa dodow a wɔakyerɛw agu tae no ho no nyinaa ngu mu.

Sɛ wotaa sesa faako a tae no hyehyɛ bere ne bere mu a, ɛbɛkyɛ ama wo. Sɛ wɔn a wɔyɛɛ wo kar no amma wo akwankyerɛ foforo a, ɛnde sɛ kar no twa kwansin 6,000 kosi 8,000 biara a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛsesa faako a tae no hyehyɛ no. Bio nso, hwɛ kar no ho krataa no mu na woahu sɛnea wobɛsesa tae no afa.

Nea etwa to no, afe biara, ma wɔnhwɛ sɛnea wɔde tae hyehyɛɛ wo kar no ase, anaasɛ bere biara a wubehu sɛ wo kar no sitia hinhim no, ma wɔnhwɛ mma wo. Wɔde nnade ne nneɛma afoforo ahyehyɛ wo kar no ase na aboa tae no ma atumi agye adesoa a kar no bɛfa no, nanso ehia sɛ bere ne bere mu wohwɛ sɛnea wɔde hyehyɛɛ kar no ase no efisɛ ebetumi asɛe. Obi a ɔwɔ tumi krataa a onim sɛnea womiamia kar ase tenetene no no na ɛsɛ sɛ woma omiamia wo kar ase ma wo na tae no atumi akyɛ na wo kar anhaw wo.

Tae a “Etumi Siesie Ne Ho”

Esiane kɔmputa ahorow a aba so nti, kar bi wɔ hɔ a etumi ma ofirikafo no hu sɛ ne tae adwo adu baabi a ɛyɛ hu. Tae no bi betumi ayɛ adwuma bere tiaa mu bere a emu mframa asa no. Ebi nso wɔ hɔ a, sɛ ade wɔ mu a, tae no ankasa tumi sɔ ne ho. Nokwarem no, mfiridwuma mu animdefo reyɛ tae foforo a ebetumi ayɛ nneɛma pii.

Nneɛma a edi mu a wɔde yɛ tae, sɛnea wɔsensan ho ma ne sẽ yiyi fɛfɛɛfɛ, sɛnea wɔde nnade hyehyɛ kar ase, ne sɛnea nnɛyi kar bɔ breki no ma karka yɛ mmerɛw, na ɛnyɛ hu pii nso.

[Ase hɔ asɛm]

^ Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛwɔ kratafa 15 no na aboa wo ma woahwɛ sɛnea wo tae te.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 15]

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wohwɛ Wɔ Tae Ho

Nneɛma a wode w’ani bɛhwɛ:

◻ Ɛho afuafua?

◻ Dade hama a ɛhyehyɛ tae no mu no apuepue wɔ ne sẽ no anim?

◻ Tae sẽ no nwee pii, anaasɛ awẽ ma rɔba a ɛda ɛsẽ no anim no apue?

Susuw eyi nso ho:

◻ Mframa a ɛsɛ wɔ kar tae no mu sɛnea wɔn a wɔyɛɛ kar no kyerɛ no?

◻ Bere aso sɛ wosesa faako a tae no hyehyɛ no? (Fa akwankyerɛ a wɔn a wɔyɛɛ kar no de ama wɔ ho no di dwuma.)

◻ Ɛsɛ sɛ wosesa tae a egu kar no ase no esiane tebea a asakra nti?

[Mfonini]

Rɔba a ɛfam tae sẽ no anim

[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 14]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Tae Afã Horow

Tae sẽ ɛma tae tumi kyere fam pintinn

Tae bɛlt ɛma tae sẽ no yɛ den

Tae nkyɛnmu ɛbɔ tae no ho ban

Ade a ɛhyɛ mu ɛma tae no mu yɛ den

Emu nsammu ɛmma mframa a ɛwɔ tae mu no mpue

Dade a ɛhyɛ ano ɛmma mframa mfa tae no hankare ho mpue

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Tete baesekre ne kar tae a mframa wom; adwumayɛfo a wɔreyɛ adwuma wɔ tete tae adwinnan mu

[Asɛm Fibea]

The Goodyear Tire & Rubber Company