Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa

Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa

Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa

JOANNE traa New York, na na ɔbɔ nsamanwaw (TB). Nanso na TB a ɔbɔ no yɛ soronko koraa. Na ɔwɔ yare mmoawa bi a ɛkame ayɛ sɛ aduru biara ntumi wɔn, ma enti wɔn a wonya saa yare no mu fã tumi wuwu. Joanne anhwɛ so ansa ne ho yare ma ɔde TB no sanee anyɛ yiye koraa onipa biako. Ne duruyɛfo a na wahaw no kae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ wɔto no mu hyɛ dan mu.’

TB yɛ yare a akum nnipa fi bere tenten ni. Nnipa ɔpepem pii anya TB awuwu. Wɔahu eyi ho adanse wɔ amu a wosiei wɔ tete Misraim ne Peru. Ɛnnɛ, TB yare mmoawa a wɔakanyan wɔn ho bio no kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara.

Carlitos da mpa ketewa bi so wɔ Afrika dɔte dan bi mu a ne moma so nyinaa retew mfifiri. Atiridii akyere no abubu no ma ontumi nsu mpo. N’awofo a wonhu nea wɔnyɛ no nni sika a wɔde bɛtɔ aduru, na ayaresabea biara mmɛn hɔ a wobetumi akɔhwɛ wɔn ba kumaa yi yare wɔ hɔ. Atiridii no annyae, na nnanu akyi no, owui.

Afe biara, atiridii kunkum mmofra a wɔn tebea te sɛ Carlitos de no ɔpepem biako. Wɔ Afrika Apuei fam nkuraase no, sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, ntontom a wɔma atiridii no keka mmofra bɛyɛ mpɛn 50 kosi 80 ɔsram biara. Ntontom yi ase retrɛw kɔ mmeae afoforo, na nnuru a wɔde ko tia wɔn no ano nyɛ nam bio. Afe biara, nnipa bɛyɛ ɔpepem 300 na wonya atiridiinini.

Kenneth a wadi mfe 30 a ɔte San Francisco, California, no dii kan kɔɔ ne duruyɛfo hɔ wɔ 1980 mu. Na wanya ayamtu, afei ɛyɛ a ɔte nka sɛ wabrɛ. Afe akyi no, owui. Ɛmfa ho sɛ nnuruyɛfo a wonim adwuma hwɛɛ no no, ne so tewee ara ma na wɔyɛ no hwee a ɛnyɛ yiye, na awiei koraa no, mpafe kum no.

Mfe abien akyi wɔ Tanzania atifi fam baabi a efi San Francisco rekɔ hɔ yɛ akwansin 10,000 no, ababaa bi nyaa yare koro yi ara ho sɛnkyerɛnne bi. Adapɛn kakraa bi akyi no, na ontumi nantew, ankyɛ na owui. Ne kuromfo no frɛɛ yare no Juliana yare, efisɛ ɔbarima a wosusuw sɛ ɔde yare no sanee ababaa no ne mmea afoforo a wɔwɔ kurom hɔ no, tɔn ntama bi a wɔakyerɛw edin Juliana agu mu.

Kenneth ne Tanzaniani ababaa no nyinaa nyaa yare biako: AIDS. Wɔ 1980 mfiase mu, bere a na ɛte sɛ nea aduruyɛ mu nyansahu atumi asɔ yare mmoawa a ɛyɛ hu dodow no ara ano no na nsanyare foforo yi bɛsoɛɛ adesamma so. Mfe aduonu pɛ ntam no, AIDS kunkum nnipa sɛnea ɔyaredɔm tɔree nnipa ase wɔ Europa ne Asia wɔ afeha a ɛto so 14 mu no—ade a Europafo da so ara kae.

Ɔyare Bɔne “Black Death”

Yare bɔne a wɔfrɛ no “Black Death” no fii ase wɔ 1347 mu bere a po so hyɛn a efi Crimea begyinaa Messina mpoano wɔ Sicily supɔw so no. Po so hyɛn no de yare no kaa n’adesoa ho bae. * Ankyɛ na “Black Death” yi trɛwee wɔ Italy nyinaa.

Afe a edi hɔ no, Agnolo di Tura, a ofi Siena, Italy, kaa awerɛhosɛm a esii ne kurom no ho asɛm sɛ: ‘May mu na nnipa fii ase wuwui wɔ Siena. Na ani yɛ nyan araa ma wohwɛ a ɛnhwɛ. Sɛ yare no ka obi a, ntɛm ara na wawu. Nnipa ɔhaha pii wuwui awia ne anadwo nyinaa.’ Ɔka kaa ho sɛ: ‘M’ankasa misiee me mma baanum, na saa ara na afoforo nso siee wɔn mma. Obiara antwa adwo ɛmfa ho ne ho nipa ko a wawu no, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ na yenim sɛ obiara bewu. Nnipa pii wuwui araa ma na yɛn nyinaa susuw sɛ ɛyɛ wiase awiei na adu.’

Abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ, mfe anan ntam no, yare no trɛw faa Europa nyinaa maa ɛhɔ nnipa nkyem abiɛsa mu biako hweree wɔn nkwa—bɛyɛ ɔpepem 20 kosi ɔpepem 30. Ɛtɔree Iceland, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri mpo mu nnipa fã kɛse no ara ase. Wɔkyerɛ sɛ wɔ Asia Apuei Fam no, nnipa a na wɔte China no so huan fii ɔpepem 123 wɔ afeha a ɛto so 13 no mfiase mu beduu ɔpepem 65 wɔ afeha a ɛto so 14 no mu esiane yare no ne ɔkɔm a ɛbae no nti.

Nsanyare, ɔko, anaa aduankɔm biara mmaa nnipa nhuu amane saa pɛn. Man and Microbes (Onipa ne yare mmoawa) nhoma no ka sɛ: “Ɛyɛ asiane a ɛso bi nsii da wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Nnipa a na wɔte Europa, Afrika Atifi fam, ne Asia mmeae bi no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 25 kosi 50 hweree wɔn nkwa.”

Esiane sɛ na Amerikafo atew wɔn ho afi wiase no afã a aka no ho nti, “Black Death” yare no anka wɔn. Nanso ankyɛ na po so ahyɛn kaa wɔne wiase no afã a aka no boom. Wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, nsanyare a na ɛyɛ hu sen “Black Death” no mpo tɔree nnipa pii ase wɔ Amerika asasepɔn no so.

Amerikafo Antumi Anyina Mpete Ano

Bere a Columbus duu West Indies wɔ 1492 mu no, ɔkaa nnipa a na wɔte hɔ no ho asɛm sɛ ‘wɔyɛ nnipa nkorowankorowa a wɔbɔ si, na wɔn ho yɛ fɛ.’ Nanso wɔn ahoɔfɛ nyinaa akyi no, wɔantumi annyina Europa, Asia, ne Afrika nyarewa ano.

Wɔ 1518 mu no, mpete kaa nnipa a wɔwɔ Hispaniola supɔw so. Saa bere no na mpete nyɛɛ Amerikafo da, ma enti ɛyɛɛ wɔn pasaa. Spaniani bi a ohuu nea esii no kae sɛ, nnipa bɛyɛ apem pɛ na wɔkae wɔ supɔw no so. Ankyɛ na yare no trɛw kɔɔ Mexico ne Peru, na ɛhɔ nso, ɛyɛɛ wɔn pasaa.

Afeha a edi hɔ, bere a Atubrafo beduu Massachusetts mpɔtam wɔ Amerika Atifi fam no, wohui sɛ mpete no asɛe hɔ koraa. Atubrafo no kannifo John Winthrop kyerɛwee sɛ: “Ɛkaa ketekete na anka mpete no tɔree ɛhɔfo no nyinaa ase.”

Mpete akyi no, nsanyare afoforo bae. Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, Columbus duu hɔ akyi bɛyɛ mfe ɔha no, na yare a ahɔho de fi amannɔne aba hɔ no akunkum nnipa a wɔte Amerika asasepɔn so no mu ɔha mu nkyem 90. Ná Mexicofo dodow so ahuan fi ɔpepem 30 abedu ɔpepem 3, na Perufo dodow so ahuan fi ɔpepem 8 abedu ɔpepem biako. Nanso ɛnyɛ nnipa a wofi Amerika no nkutoo na mpete yɛɛ wɔn ade. Scourge—The Once and Future Threat of Smallpox (Nsanyare—dwuma a mpete dii ne nea ɛbɛyɛ daakye) nhoma no ka sɛ: “Mpete kunkum nnipa pii sen nsanyare biara a asi wɔ adesamma abakɔsɛm, . . . ne akodi a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so aduonu mu nyinaa a wɔaka abom.”

Wontumi Nnii So Nkonim

Ɛnnɛ, sɛ wɔka nsanyare ne ɔyaredɔm a ɛyɛ hu ho asɛm a, ɛte sɛ nea ne bere atwam koraa wɔ abakɔsɛm mu. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no, nnipa tumi siw nsanyare ano titiriw wɔ aman a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no mu. Nnuruyɛfo huu nea ɛde nyarewa pii ba no akyi akwan, na wohuu akwan a wɔbɛfa so asa yare no nso. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no.) Nnuru foforo a wɔayɛ a wɔde siw nyarewa ano ne nea wɔde kum ɔyare mmoawa no yɛ adwuma te sɛ nkonyaa, na ɛte sɛ nea ebetumi atu yare a ɛhaw adwene sen biara no mpo ase.

Nanso Oduruyɛfo Richard Krause a kan na ɔyɛ kwankyerɛfo panyin wɔ U.S. Ɔman Asuae a Ɛhwɛ Nsanyare Ne Nneɛma a Ɛde Yare Ba Ho Nsɛm So no ka sɛ, “sɛnea owu ne tow da amansan kɔn mu no, saa ara na ɔyaredɔm te.” TB ne atiridii da so ara haw nnipa. AIDS owuyare a aba nnansa yi no nso ama yedi awerɛhow efisɛ ɛma yehu sɛ ɔyaredɔm da so ara haw nnipa wɔ wiase nyinaa. Man and Microbes nhoma no ka sɛ: “Nsanyare da so ara kunkum nnipa sen yare biara wɔ wiase, na ɛbɛkɔ so akyɛ.”

Nnuruyɛfo binom suro sɛ anhwɛ a na nkɔanim a wɔanya wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wobenya akwahosan pa wɔ mfe kakra a atwam ni no anni gyina biara. Nsanyare ho ɔbenfo Robert Shope de kɔkɔbɔ ma sɛ, “Asiane a nsanyare de ba no ntwae—emu reyɛ den.” Asɛm a edi so no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ Yare no nam akwan pii, te sɛ mpɔmpɔ bɔne ne mpafe so na ɛyɛɛ nkurɔfo. Nkura ho mmoa na ɛmaa mpɔmpɔ bɔne no trɛwee, na mpafe no nam ɛwaw a ayarefo no bɔe so na ɛtrɛwee.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Wɔ mfe aduonu pɛ ntam no, nnipa dodow a AIDS akunkum wɔn no te sɛ nnipa a yaredɔm kunkum wɔn wɔ Europa ne Asia wɔ afeha a ɛto so 14 no mu

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22]

Nsonsonoe a Ɛda Nimdeɛ ne Gyidihunu Ntam

Bere a “Black Death” sii pope abusua mu wɔ Avignon, wɔ afeha a ɛto so 14 mu no, oduruyɛfo a ɔhwɛ pope no ka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ okyinnsoromma abiɛsa—Saturn, Jupiter, ne Mars—a aka abom wɔ nsoromma mu sɛnkyerɛnne a wɔfrɛ no Aquarius no na akɔfa yare no aba.

Bɛyɛ mfe ahanan akyi no, George Washington nyaa menewam kuru. Nnuruyɛfo a wɔagye din a na wɔrehwɛ no yare no twee ne mogya nkɔtoa abien. Nanso nnɔnhwerew kakraa bi ntam no, ɔyarefo no wui. Ayarefo mogya a na wɔtwe bere a wɔresa wɔn yare no kɔɔ so wɔ aduruyɛ mu bɛyɛ mfe 2,500—efi Hippocrates bere so besi afeha a ɛto so 19 mfinimfini.

Ɛwom sɛ gyidihunu ne atetesɛm twee aduruyɛ mu nkɔso sanee de, nanso nnuruyɛfo yɛɛ adwumaden de hwehwɛɛ nea ɛde nsanyare ba ne ano aduru mu. Nneɛma atitiriw a wotumi yɛe no bi na edidi so yi.

Mpete. Wɔ 1798 mu no, Edward Jenner tumi nyaa aduru a wɔde besiw mpete ano. Nnuru a wɔde siw nyarewa ano boa ma wosiw nyarewa afoforo te sɛ mmubui, atiridii, ne ntɛnkyɛm ano wɔ afeha a ɛto so 20 no mu.

Nsamanwaw. Wɔ 1882 mu no, Robert Koch huu yare aboawa a ɔde nsamanwaw ba no, na ɔkyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ yare no mu nhwehwɛmu. Mfe 60 bi akyi no, wonyaa aduru bi a ɛyɛ nam a wɔde sa nsamanwaw. Na wotumi de aduru yi saa mpɔmpɔ bɔne nso.

Atiridii. Efi afeha a ɛto so 17 reba no, kunii—aduru a wonya fii cinchona dua mu no—gyee nnipa ɔpepem pii a wonyaa atiridii no nkwa. Wɔ 1897 mu no, Ronald Ross huu ntontom a wɔka nnipa ma wonya atiridii a wɔfrɛ wɔn Anopheles no, na akyiri yi wɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔde bɛko atia ntontom yi na atew nnipa dodow a atiridii kunkum wɔn wɔ aman a osu tɔ na awia bɔ hɔ kɛse no so.

[Mfonini ahorow]

Zodiac akontaabu pon (atifi) ne mogya a wɔtwe

[Asɛm Fibea]

Ne nyinaa fi: Biblioteca Histórica “Marqués de Valdecilla”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

Ɛnnɛ, yare mmoawa a ɛde nsamanwaw ba a aduru ntumi wɔn kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara

[Nsɛm Fibea]

X ray mfonini: New Jersey Medical School–National Tuberculosis Center; ɔbarima: Mfonini: WHO/Thierry Falise

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Germanfo abopon a efi bɛyɛ afe 1500 mu hɔ, a oduruyɛfo bi de nkataanim ahyɛ ne ti de rebɔ ne ho ban afi “Black Death” ho. Ná aduhuam wɔ nkataanim no ano a ayɛ feafeaa no mu

[Asɛm Fibea]

Godo-Foto

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ɔyare mmoawa a ɛde mpɔmpɔ bɔne no bae

[Asɛm Fibea]

© Gary Gaugler/Visuals Unlimited