Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obi Dadwen Kyerɛ sɛ Onni Gyidi?

Obi Dadwen Kyerɛ sɛ Onni Gyidi?

Bible no Adwene

Obi Dadwen Kyerɛ sɛ Onni Gyidi?

“DADWEN YƐ ABUSUDE.” Ɔsɔfo bi a ɔtraa ase afeha a ɛtɔ so 20 mfiase no gyinaa asɛmti yi so kyerɛwee sɛ ahonyade ho dadwen “nye na ɛyɛ bɔne kɛse paa.” Nnansa yi bere a ɔsɛnkyerɛwfo bi nso reka dadwen a wobedi so ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ biribi haw yɛn a na ɛkyerɛ sɛ yenni Onyankopɔn mu ahotoso.”

Nnipa baanu yi mu biara de n’asɛm gyinaa nea Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no so: “Munnnwinnwen.” (Mateo 6:25) Esiane sɛ dadwen haw nnipa pii nnɛ nti, ebia yebebisa sɛ: Sɛ Kristoni nya dadwen a, ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ wadi mfomso? Onii no dadwen kyerɛ sɛ onni gyidi?

Onyankopɔn Nim Yɛn Sintɔ

Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ gyidi a obi nni na ɛde dadwen nyinaa ba. Esiane sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu nti, yɛrentumi nkwati dadwen koraa ma enye yiye. (2 Timoteo 3:1) Kristofo anokwafo gyina adwennwene a yare, onyin, sikasɛm mu ahokyere, abusua mu nsɛmnsɛm, nsɛmmɔnedi ne ɔhaw afoforo de ba no ano da biara. Tete mmere mu mpo Onyankopɔn asomfo hyiaa ɔhaw ne dadwen.

Susuw Lot ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ho hwɛ. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ onguan nkɔ mmepɔw so na Sodom ne Gomora sɛe no anka no. Nanso eyi haw Lot ma ɔkae sɛ: “O, [Yehowa, NW], mma ɛnnyɛ sa.” Afei ɔde ahopopo toaa so sɛ: “Nanso merentumi nguan nkɔ bepɔw so, na bɔne no ammɛto me, na manwu.” Adɛn nti na na Lot suro mmepɔw no so? Bible no ankyerɛkyerɛ mu. Sɛnea ɛte biara no, na ehu kɛse aka Lot. Enti dɛn na Onyankopɔn yɛe? Ɔkaa Lot anim sɛ wannya ne mu gyidi anaa ahotoso nti? Dabi. Mmom no, Yehowa huu Lot mmɔbɔ penee so maa no guan kɔɔ kurow bi a na ɛbɛn hɔ mu.—Genesis 19:18-22.

Nhwɛso foforo wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛnea asomfo anokwafo binom ho yeraw wɔn a na wonhu nea wɔnyɛ. Ehu kaa odiyifo Elia maa oguanee esiane sɛ obi hunahunaa no sɛ obekum no nti. (1 Ahene 19:1-4) Mose, Hana, Dawid, Habakuk, Paulo, ne mmarima ne mmaa afoforo a wɔn gyidi mu yɛ den nso nyaa dadwen. (Exodus 4:10; 1 Samuel 1:6; Nnwom 55:5; Habakuk 1:2, 3; 2 Korintofo 11:28) Nanso Onyankopɔn huu wɔn mmɔbɔ ma wɔkɔɔ so som no na ɔnam ɛno so kyerɛe sɛ ɔte nnipa sintɔ ase paa.

‘Bɔne a Ɛnkyɛ na Etwa Yɛn Ho Hyia’

Nanso kɔdaanna betumi ama yɛn gyidi mu ayɛ mmerɛw ma yɛahwere Onyankopɔn mu ahotoso a yɛwɔ no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ gyidi a yenni no yɛ ‘bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho hyia.’ (Hebrifo 12:1) Esiane sɛ Paulo kanee ne ho frae nti, ɛbɛyɛ sɛ na ɔregye atom sɛ ɛtɔ da bi a, ɔno nso ne gyidi ano tumi yɛ mmerɛw.

Ɛbɛyɛ sɛ saa na Sakaria nso yɛe bere a wannye ɔbɔfo a ɔde nkra brɛɛ no sɛ ne yere benyinsɛn no anni no. Da bi Yesu asomafo no antumi ansa obi yare efisɛ na wɔn “gyidi sua.” Nanso Onyankopɔn kɔɔ so ara penee saa nnipa yi nyinaa so.—Mateo 17:18-20; Luka 1:18, 20, 67; Yohane 17:26.

Ɔkwan foforo so no, Bible no ka nnipa bi a wɔhweree Onyankopɔn mu ahotoso a na wɔwɔ ma enti ɔhaw kɛse baa wɔn so no ho asɛm. Wɔn mu bi ne Israelfo pii a wofii Misraim nanso wɔannya kwan ankɔ Bɔhyɛ Asase no so esiane gyidi a na wonni nti. Bere bi mpo de wɔkasa tiaa Onyankopɔn ankasa sɛ: “Ɛdɛn nti na muyii yɛn fii Misraim sɛ yemmewuwu sare so? Aduan biara nni hɔ, a nsu nso nni hɔ.” Esiane sɛ Onyankopɔn ampɛ nea wɔyɛe no nti ɔmaa awɔ bebree a wɔn ano wɔ bɔre baa ɔman no mu de twee wɔn aso.—Numeri 21:5, 6.

Yesu kurom Nasaretfo annya ne mu gyidi ma enti Yesu anyɛ anwonwade pii ankyerɛ mpɔtam hɔfo no. Bio nso, Yesu kasa tiaa ne bere sofo amumɔyɛfo no denneennen esiane gyidi a na wonni nti. (Mateo 13:58; 17:17; Hebrifo 3:19) Enti ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu, na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo ho.”—Hebrifo 3:12.

Ɛyɛ nokware sɛ koma bɔne tumi sɛe obi gyidi. Nanso na Sakaria ne Yesu asomafo a yɛaka wɔn ho asɛm no nte saa. Gyidi a wɔannya no fi bere tiaa mu mmerɛwyɛ mu. Ná wɔn abrabɔ nyinaa kyerɛ sɛ wɔn “koma mu tew.”—Mateo 5:8.

Onyankopɔn Nim Yɛn Ahiade

Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yehu nsonsonoe a ɛwɔ dadwen ne gyidi a obi nni, a ɛyɛ bɔne no, ntam. Esiane nnipa mmerɛwyɛ nti obi tumi dwennwen anaa ne gyidi ano tumi brɛ ase. Nanso ɛsono ɛno koraa wɔ ahotoso a obi nni wɔ Onyankopɔn mu esiane n’akoma bɔne a ennye nni nti. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ Kristofo te nka sɛ wodi fɔ esiane sɛ ɛtɔ da bi a wɔdwenwen kakra nti.

Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na dadwen ammu amfa yɛn so. Enti yesua nyansa fi Yesu nsɛm no mu sɛ: “Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura.” Ɔde awerɛkyekyesɛm yi toaa so sɛ: ‘Na mo soro Agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.’—Mateo 6:25-33.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔsomafo Paulo nyaa dadwen