Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase a Yare Nnim

Wiase a Yare Nnim

Wiase a Yare Nnim

“Ɛsɛ sɛ aman nyinaa yɛ biako boa wɔn ho wɔn ho ma nnipa nyinaa nya akwahosan pa. Sɛ ɔman biara mu nnipa nya akwahosan pa a, aman afoforo nya so mfaso efisɛ ɛka wɔn nyinaa tẽẽ.”—ALMA-ATA TIRIMBƆ, SEPTEMBER 12, 1978.

MFE 25 a atwam ni no, na ɛte sɛ nea wobetumi ama nnipa nyinaa anya akwahosan pa. Nnipa a wohyiae wɔ Akwahosan Ho Bammɔ Nhyehyɛe Nhyiam ase wɔ Alma-Ata, wɔ baabi a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Kazakhstan no bɔɔ wɔn tirim sɛ ansa na afe 2000 bedu no, na wɔama adesamma nyinaa nnuru a wɔde siw nsanyare atitiriw nyinaa ano. Afei nso na wɔwɔ anidaso sɛ ebedu saa afe no na obiara anya nneɛma a ɛbɛma wɔn atrae atew ne nsu pa wɔ asase so baabiara. Aman a wɔdɔm Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no de wɔn nsa hyɛɛ tirimbɔ no ase.

Akyinnye biara nni ho sɛ na saa botae no fata nkamfo, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔantumi anni wɔn bɔhyɛ so. Akwahosan ho bammɔ nhyehyɛe nnuu wiase nyinaa, na nsanyare da so ara haw nnipa ɔpepepem pii wɔ asase so. Owuyare taa kunkum mmofra ne mpanyimfo a afei na wɔasi so nyinaa.

Ɔhaw a ɛbɔ ho abiɛsa a AIDS, nsamanwaw, ne atiridii de ba no mpusuw amanaman no sɛnea ɛbɛyɛ a “wɔbɛyɛ biako adi aboa wɔn ho wɔn ho.” Wiase Foto a Wɔde Reko Atia AIDS, Nsamanwaw ne Atiridii a wɔatew no foforo no de abisade too aban ahorow anim sɛ wɔmma wɔn dɔla ɔpepepem 13 ma wɔmfa ntu nsanyare yi ase. Nanso eduu 2002 ahohuru bere mu no, na wɔn nsa aka emu dɔla ɔpepepem 2 pɛ—nanso saa afe koro no ara mu no, wobu akontaa sɛ wɔsɛee sika dɔla ɔpepepem 700 wɔ sraadi mu! Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ nnɛ wiase a emu apaapae yi mu no, nneɛma a ɛyɛ hu kakraa bi na etumi ma aman nyinaa ka wɔn ti pam ho yɛ biribi ma ɛboa wɔn nyinaa.

Adwempa a akwahosan ho bammɔfo kura nyinaa akyi no, wonnyaa nea wohia nyinaa a ɛbɛma wɔatumi ako adi nsanyare so nkonim. Ebia na aban ahorow no remfa sika a ehia mma wɔn. Ɔyare mmoawa asorosoro ma nnuru pii ntumi wɔn, na ebia nkurɔfo bɛsen wɔn kɔn de wɔn ho ahyɛ abrabɔ bɔne paa mu. Bio nso, wɔ mmeae bi no, ɔhaw ahorow bi te sɛ ohia, ɔko ne aduankɔm a ɔmanfo hyia no ma ɔyare mmoawa nya kwan hyɛn nnipa ɔpepem pii mu.

Sɛnea Onyankopɔn Susuw Yɛn Akwahosan Ho

Yebetumi anya nyarewa ano aduru. Yɛwɔ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn susuw adesamma akwahosan ho. Yɛn nipaduam nkwaadɔm yɛ eyi ho adanse kɛse. Mmara horow a Yehowa de maa tete Israelfo no maa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi nsanyare ho no daa adi. *

Yesu Kristo a ɔdaa ne soro Agya no nipasu adi no nso yam hyehyee no maa ayarefo. Marko Asɛmpa no ka sɛnea Yesu ne ɔbarima bi a na ɔyare kwata dii nsɛm no ho asɛm. Ɔkwatani no kae sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu yam hyehyee no bere a ohuu sɛnea ɔbarima no rehu amane no. Enti Yesu buae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi.”—Mar. 1:40, 41.

Ɛnyɛ ankorankoro kakraa bi na Yesu saa wɔn yare anwonwakwan so. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo kyerɛwee sɛ Yesu ‘kyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no, na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu.’ (Mateo 4:23) Ɛnyɛ nnipa a na wɔwɔ Yudea ne Galilea no nko na n’ayaresa no boaa wɔn. Saa ayaresa no ma yehu sɛnea daakye nyarewa nyinaa betu ayera bere a Onyankopɔn Ahenni a Yesu kaa ho asɛm no nkutoo di adesamma so no.

Akwahosan Pa a Wobenya wɔ Maa Nyinaa Nyɛ Adaeso

Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ akwahosan pa a wobenya wɔ maa nyinaa nyɛ adaeso ara kwa. Ɔsomafo Yohane huu bere a ‘Onyankopɔn ntamadan bɛtra nnipa mu’ no siei. Nea Onyankopɔn bɛyɛ yi beyi ‘owu afi hɔ, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw nso befi hɔ, efisɛ na kan nneɛma no atwam.’ So wɔagugu nsɛm yi mu ma ayɛ dɛ dodo? Wɔ nkyekyɛm a edi so mu no, Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:3-5.

Nokwarem no, sɛ yare to betwa a, ɛhwehwɛ sɛ ohia, aduankɔm ne akodi ba awiei, efisɛ saa amanehunu yi nyinaa na mpɛn pii ɛboa ma ɔyare mmoawa mu trɛw. Ne saa nti, Yehowa de saa adwuma kɛse yi ahyɛ Ahenni a ɔde asi hɔ wɔ soro a ɛhyɛ Kristo ase no nsa. Yehowa bebua mpae a nnipa ɔpepem pii abɔ sɛ nniso yi mmara no, na ɛbɛhwɛ ma Onyankopɔn apɛde ayɛ wɔ asase so.—Mateo 6:9, 10.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan? Bere a Yesu rema saa asɛmmisa no ho mmuae no, ɔkae sɛ nsakrae atitiriw bi bɛba wiase a ɛbɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Ahenni no aba. Ɔkae sɛ saa nneɛma yi bi bɛyɛ ‘ɔyaredɔm a ebesisi mmeaemmeae.’ (Luka 21:10, 11; Mateo 24:3, 7) Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔyaredɔm” no kyerɛ “nsanyare a ekunkum nnipa pii.” Ɛmfa ho nkɔanim a nyansahufo anya wɔ nnuruyɛ mu no, ɛda adi pefee sɛ ɔyaredɔm a ɛyɛ hu sisii wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.—Hwɛ adaka “Nnipa a Ɔyaredɔm Akunkum Wɔn Fi 1914 Mu.”

Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu a ɛne Yesu nsɛm a ɔkae wɔ Nsɛmpa no mu hyia no ka apɔnkɔsotefo bebrebe bi a wodi Yesu Kristo akyi bere a ofi ase di tumi wɔ soro no ho asɛm. Ɔpɔnkɔsotefo a ɔto so anan no te “ɔpɔnkɔ nsõnso bi” so, na ‘ɔde owuyare’ na ɛnam. (Adiyisɛm 6:2, 4, 5, 8) Sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a nsanyare atitiriw akunkum wɔn fi 1914 no a, edi adanse sɛ saa sɛnkyerɛnne kwan so pɔnkɔsotefo no reyɛ adwuma. ‘Owuyare’ a aka nnipa wɔ wiase nyinaa no di adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn. *Marko 13:29.

Ɛwom sɛ aduruyɛ mu nyansahu atumi asɔ nsanyare ano mfe kakra ni de, nanso nsanyare foforo afi ase rehunahuna yɛn. Ɛda adi pefee sɛ yehia tumi a ɛboro nnipa nimdeɛ so na atumi adi saa haw yi ho dwuma ama yɛn prɛko. Yɛn Bɔfo no hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ ama yɛn. Odiyifo Yesaia ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ, meyare.’ Bio nso, ‘Onyankopɔn bɛmene owu akosi daa, na Asafo Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.’ (Yesaia 25:8; 33:22, 24) Saa da no bedu so no, na wɔatu yare ase koraa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Na mmara a ɛfa baabi a ɛsɛ sɛ wɔtow nwura gu, ahotew ho nhyehyɛe ne ayarefo a woyi wɔn kogu baabi ho nsɛm wɔ Mose Mmara no mu. Oduruyɛfo H. O. Philips kae sɛ “nna ne abawo ho nsɛm, yare mu nhwehwɛmu a wɔyɛ, ayaresa ne nnuru a wɔde siw nyarewa ano ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no di mu koraa sen Hippocrates nsusuwii ahorow no.”

^ Sɛ wopɛ sɛ wususuw nneɛma a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn ho a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 11.

[Adaka wɔ kratafa 28]

Nnipa a Ɔyaredɔm Akunkum Wɔn Fi 1914 Mu

Saa akontaabu yi nni mu nwie ankasa. Nanso ɛma yehu sɛnea nsanyare ahaw nnipa fi 1914 mu.

Mpete (nnipa bɛyɛ ɔpepem 300 kosi ɔpepem 500) Wɔantumi annya ano aduru da. Nanso ebeduu 1980 mu no, wɔnam nhyehyɛe a wɔyɛe ma wɔwɔɔ nkurɔfo paane wɔ wiase nyinaa no so tuu ase.

Nsamanwaw (nnipa bɛyɛ ɔpepem 100 kosi ɔpepem 150) Ɛnnɛ, nsamanwaw kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara, na nnipa a wɔwɔ wiase mu 3 biara mu 1 wɔ nsamanwaw yare mmoawa no bi.

Atiridii (nnipa bɛyɛ ɔpepem 80 kosi ɔpepem 120) Afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no, na atiridii kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abien afe biara. Baabi a atiridii kunkum nnipa sen biara mprempren ne Afrika anafo fam, faako a ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako afe biara.

Spania influensa (nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 kosi ɔpepem 30) Abakɔsɛm kyerɛwfo binom ka sɛ nnipa a ekunkum wɔn no dɔɔso sen saa. Saa owuyare yi tɔree nnipa ase wɔ wiase nyinaa wɔ 1918 ne 1919 mfe no mu wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no akyi pɛɛ. Man and Microbes nhoma no ka sɛ “mpɔmpɔ bɔne no mpo ankunkum nnipa ntɛmntɛm saa.”

Atiridiinini (nnipa bɛyɛ ɔpepem 20) Mpɛn pii no, sɛ ɔko ba awiei a, atiridiinini na edi akyi ba. Wiase ko a edi kan no de atiridiinini bae ma ekunkum nnipa wɔ Europa Apuei fam.

AIDS (nnipa bɛboro ɔpepem 20) Saa yare a aba yi rekunkum nnipa ɔpepem abiɛsa afe biara. Amanaman Nkabom nhyehyɛe a wɔayɛ de reko tia AIDS no akontaabu kyerɛ sɛ “sɛ wɔantrɛw mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw yare no ano ahwɛ wɔn a wɔanya bi no mu kɛse a, nnipa ɔpepem 68 na ebewuwu wɔ afe 2000 ne 2020 ntam.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, nyarewa te sɛ eyinom renhaw adwene bio

AIDS

Atiridii

Nsamanwaw

[Nsɛm Fibea]

AIDS: CDC; atiridii: CDC/Dr. Melvin; TB: © 2003 Dennis Kunkel Microscopy, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yesu saa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara bi