Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agyanom a Wonhu Wɔn—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse

Agyanom a Wonhu Wɔn—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse

Agyanom a Wonhu Wɔn—Ɔhaw a Ɛreyɛ Kɛse

AGYANOM pii regyaw wɔn mmusua hɔ. Ɛrekɔ 1990 mfe no awiei no, USA Today atesɛm krataa no kaa United States ho asɛm sɛ “ɔman a ɛwɔ mmusua a agyanom nni mu sen ɔman biara.” Nanso, ɛnyɛ ɛhɔ nko na agyanom gyaw wɔn mmusua, ɛkɔ so wɔ wiase baabiara.

Bere a wɔkan Brazil nnipa nyinaa wɔ afe 2000 mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔman no mu mmusua 44,700,000 no mu 11,200,000 na ɛnanom hwɛ so. Mmofra a wɔwɔ Nicaragua no 100 biara mu nkyem 25 na wɔne wɔn maamenom nko ara te. Wɔ Costa Rica no, mmofra a wɔn agyanom annye wɔn no dodow kɔɔ soro fii 100 mu nkyem 21 koduu nea ɛboro 100 mu nkyem 30 wɔ 1990 mfe no mu.

Aman mmiɛnsa yi mu akontaabu yi yɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ho nhwɛso ara kwa. Susuw ɔhaw foforo a agyanom a wɔn mma nhu wɔn no de ba ho hwɛ.

Ɔwɔ Fie Nanso Ɔnyɛ N’asɛde Nyinaa

Yɛsrɛ sɛ hwɛ adaka “Paapa, Da Bɛn Na Wobɛsan Aba?” no mu. Nao a seesei wadi mfe 23 gye tom sɛ: “Ansa na merekɔ mfitiase sukuu no, na mentaa nhu Paapa koraa. Mekae sɛ bere bi a ɔrekɔ no, mesrɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ a san bra, wae!’”

Efie mu nsɛmnsɛm te sɛ Nao ne ne papa de no na ɛkaa nhoma kyerɛwfo Piotr Szczukiewicz a ofi Poland maa ɔkae sɛ, “Ɛkame ayɛ sɛ ade a ɛho ayɛ nna paa wɔ abusua no mu ne agya no.” Ɛyɛ nokware sɛ agyanom pii ne wɔn mmusua te a wɔbɔ wɔn akɔnhama hwɛ wɔn. Nanso Franse nsɛmma nhoma Capital ka sɛ “nea agyanom pii yɛ ara ne sɛ wɔma wɔn mmusua nsa kɔ wɔn ano nanso wɔntete wɔn.”

Nea ɛtaa ba ne sɛ agya no fie de, nanso mmofra no ho asɛm biara mfa ne ho. Ɛnyɛ abusua no ho koraa na ɔredwen. Franse nsɛmma nhoma Famille chrétienne (Kristofo Abusua) ka no sɛ: “Sɛ agya no wɔ fie mpo a, na n’adwene da baabi foforo.” Adɛn nti na nnɛ, agyanom pii nnsusuw wɔn mmusua ho mfa wɔn nsɛm nyɛ hwee?

Sɛnea nsɛmma nhoma no kyerɛ mu no, asɛntitiriw ne sɛ “wɔnte agya anaa okunu a wɔyɛ no ase.” Agyanom pii adwene ne sɛ, obi yɛ agya pa a, nea ehia ara ne sɛ ɔbɛma n’akɔnhama mu ayɛ duru. Sɛnea nhoma kyerɛwfo Józef Augustyn a ofi Poland kaa no no, “agyanom pii susuw sɛ wotumi bɔ akɔnhama nti, wɔyɛ awofo a wɔhwɛ wɔn mmusua yiye.” Nanso akɔnhama a woyi yɛ agya asɛde no fa ketewa biara kwa.

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ sika dodow anaa akyɛde a agya de ma ne mma no na ɛma wobu no sɛ agya pa. Mmom nea mmofra hia paa—a ɛsen honam fam akyɛde—ne ɔdɔ ne adagyew a agya no benya ama wɔn na n’ani akũ wɔn ho. Eyinom ne nea ɛho hia wɔn paa.

Ehia Sɛ Wosusuw Nneɛma Ho Bio

Sɛnea Asoɛe a Ɛhwɛ Japan Nhomasua So bɔ amanneɛ no, “ɛsɛ sɛ agyanom san susuw wɔn asetra a wɔde ne nyinaa yɛ adwuma no ho bio.” Asɛm no ne sɛ, Agya de n’ani bɛto ne mma anim ayɛ nsakrae? German atesɛm krataa Gießener Allgemeine bɔɔ nhwehwɛmu bi ho amanneɛ sɛ agyanom a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu dodow no ampene sɛ wɔbɛma wɔn mma ho ahia wɔn asen wɔn adwuma.

Sɛ mmofra hu sɛ wɔn ho nhia wɔn agyanom a, etumi yɛ wɔn yaw kɛse. Lidia a seesei wadi mfe 21 no kae sɛnea na ne papa te bere a na ɔyɛ abɔfra wɔ Poland no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɔne yɛn nkasa. Na obiara asɛm mfa ne yɔnko ho. Na onnim sɛ mede m’ahomegyebere nyinaa kɔ disko.” Saa ara na Macarena a wadi mfe 21 a ofi Spain nso ka sɛ, bere a ɔyɛ abofra no, “edu nnawɔtwe awiei a, na me papa ne ne nnamfo pue kogye wɔn ani, na wɔtaa di nna pii ansa na wɔaba fie.”

Nea Ehia Paa a Wɔde Bedi Kan

Ebia agyanom pii behu sɛ wonnya wɔn mma ho adagyew koraa. Japanni aberante bi agya ka sɛ: “Merehwɛ kwan sɛ me ba no bɛte me ase. Sɛ mpo minni adagyew a, medwene ne ho bere nyinaa.” Nanso, adwene a agya bi benya kɛkɛ sɛ ne ba bɛte no ase no bɛma nneɛma ayɛ yiye?

Akyinnye nni ho—egye mmɔdenbɔ ne ahofamma kɛse ansa na wɔatumi ayɛ nea abofra hia ama no. Emu da hɔ sɛ, nea mmofra hia paa a yɛde bɛma wɔn—ɔdɔ, yɛn bere ne yɛn ani a yɛbɛma akũ wɔn ho—no nna fam. Yesu Kristo kaa sɛ: “Ɛnyɛ abodoo [anaa aduan] nko so na onipa nam bɛtra ase.” (Mateo 4:4) Ɛyɛ nokware nso sɛ ɛnyɛ honam mu nneɛma nko na ebetumi ama mmofra anyin ma asi wɔn yiye. Sɛ́ agyanom no, mowɔ ɔpɛ sɛ mode nneɛma a ebia ɛsom bo kɛse—mo bere anaa mpo nkɔso a mubenya wɔ adwuma mu—no bɛbɔ afɔre na moatumi abɛn mo mma?

Mainichi Daily News atesɛm krataa a wotintim no February 10, 1986 kaa agya bi a obehuu sɛnea ne mma ho hia no ho asɛm. Ɛbɔɔ amanneɛ sɛ, “Japan Ɔman Keteke Adwuma (JNR) no panyin bi apaw sɛ obegyae adwuma sen sɛ ɔne n’abusua ntam bɛtetew.” Atesɛm krataa no kaa ɔpanyin no anom asɛm sɛ: “Obiara betumi ayɛ ɔkwankyerɛfo panyin, nanso me nko ara ne agya a me mma no wɔ.”

Nokwarem no, sɛ obi bɛyɛ agya pa a, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ no nsow ne agya ko a mmofra hia. Ma yɛnhwehwɛ nea egye ansa na obi ayɛ agya a ɔte saa no mu.—g04 8/22.

[Adaka wɔ kratafa 3]

“Paapa, Da Bɛn Na Wobɛsan Aba?”

Saa asɛm yi na da koro bi Nao, Japanni abaayewa a wadi mfe anum bisaa ne papa bere a na ɔrekɔ adwuma. Ɛwom sɛ na agya no te fie hɔ de, nanso na Nao ntaa nhu no. Ɔbɛpɔn abedu fie no na Nao ada, na ofi fie kɔ adwuma ansa na Nao asɔre.