Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ama Mayɛ Nsakrae Pii”

“Ama Mayɛ Nsakrae Pii”

“Ama Mayɛ Nsakrae Pii”

Eyi ne nsɛm a abarimaa bi a wadi mfe 12 a ofi Virginia, U.S.A., kyerɛw faa nhoma foforo Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No ho. Ɔkae sɛ ɛkyerɛɛ no biribi a na anka onnim anaa ɔntee ho asɛm da. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No akyerɛ me sɛnea mɛdɔ Onyankopɔn, na maka ne ho asɛm akyerɛ obiara ne sɛnea me ne no bɛkasa wɔ mpaebɔ mu bere nyinaa. Akyerɛ me nso sɛ menhwehwɛ Onyankopɔn mmoa ne n’ahobammɔ. Misua hui sɛ obiara a ɔdɔ Onyankopɔn na odi ne mmara so no bɛkɔ N’ahenni mu anaa Paradise.

“Ama mayɛ nsakrae pii. Na anka midi atoro bere nyinaa, nanso bere a mifii ase kenkan nhoma yi no, magyae atorodi. Nneɛma a masua afi nhoma yi mu no ama manya ɔpɛ sɛ mɛkenkan nhoma a ɛte saa pii. Enti m’ani begye sɛ mɛkenkan Onyankopɔn ho asɛm pii na mahu no yiye.”

Ebia sɛ wokenkan nhoma a ekura nkratafa 256 a emu mfonini yɛ fɛ na ne tɛtrɛtɛ te sɛ nsɛmma nhoma yi a, wobɛte nka saa ara. Wo nso, w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan ti ahorow bi te sɛ “Yesu Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ,” “Ayamye a Yɛbɛda No Adi Ho Asuade,” “Ɔkwan a Wobɛfa So Anya Anigye,” ne “Nea Enti A Ɛnsɛ Sɛ Yedi Atoro” ho. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma yi bi a, hyehyɛ kratasin a ɛwɔ ase hɔ no na fa mena address a ɛwɔ so no anaa nea ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.—g04 8/22.

□ Momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔrekyerɛkyerɛ atorodi ho asuade bi