Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Obi a Wodɔ No Anya Adwenemyare

Bere a Obi a Wodɔ No Anya Adwenemyare

Bere a Obi a Wodɔ No Anya Adwenemyare

NÁ Johnson abusua no asɔre anɔpa sɛnea wɔyɛ daa no. * Ná abusua a emu nnipa yɛ baanan no asɔre asiesie wɔn ho ama da no mu dwumadi ahorow. Gail ka kyerɛɛ ne ba Matt, abarimaa a wadi mfe 14 no sɛ, bere a ɔde bɛfa sukuu bɔs no apa ho. Nanso asɛm foforo koraa na esii wɔ ɛno akyi. Wɔ simma 30 ntam no, na Matt de aduru a wɔde ka dan ho apete ne dan mu fasu ho nyinaa, na na ɔpɛ sɛ ɔde ogya to ɔdan a wɔde kar si mu no mu, na afei ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ ne ho akɔmfo wɔ dan ketewa a ɛhyɛ wɔn dan no atifi no mu.

Gail ne ne kunu Frank de ahoyeraw dii kar a wɔde fa ayarefo a na abɛfa Matt no akyi a wɔdwen nea asi no ho a wɔnte ase. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na eyi yɛ ɔhaw no mfiase ara kwa. Nneyɛe a ɛtete sɛɛ pii sisii maa Matt adwenemyare no mu yɛɛ den. Wɔ mfe anum a na ɔrehu amane mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho, wɔkyeree no too afiase mprenu, wɔde no kɔɔ adwenemyare ho ayaresabea mpɛn ason, ɔkɔɔ nnuruyɛfo a wɔakwadare adwenem ayaresa hɔ mpɛn pii. Asɛm no bɔɔ ne nnamfo ne n’abusuafo pusa a na wonhu nea wɔnyɛ.

Wobu akontaa sɛ, wɔ wiase nyinaa no, nnipa 4 biara mu 1 benya adwenemyare wɔ n’asetra bere bi mu. Sɛ yesusuw akontaabu a ɛyɛ hu yi ho a, ebetumi aba sɛ wowɔ ɔwofo, ɔba, onua anaa adamfo bi a n’amemene ho aka ɔkwan bi so. * Sɛ wo dɔfo bi wɔ tebea a ɛte saa mu a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Hu ɛho nsɛnkyerɛnne. Ebetumi agye bere ansa na woahu sɛ obi anya adwenemyare. Ebia, nnamfo ne abusuafo bɛka sɛ nsɛnkyerɛnne no fi ahommoa mu nsakrae, honam mu yare, subammɔne anaa tebea horow a emu yɛ den a wakɔ mu no. Matt maame dii kan huu nsɛnkyerɛnne a na ɛkyerɛ sɛ biribi haw wɔn babarima no, nanso wosusuwii sɛ du a na wadu ne babunbere mu nti na ama ne su asakra, na ɛrenkyɛ ebetwam. Nanso sɛ nsakrae titiriw bi ba obi nna, n’adidi anaa ne nneyɛe mu a, ebetumi ayɛ aniberesɛm. Sɛ onya oduruyɛfo a onim adwuma yiye ma ɔyɛ ne mu nhwehwɛmu a, ebetumi ama ɔdɔfo no anya ayaresa a edi mu ama ne ho atɔ no.

Sua ho ade. Nnipa a wɔwɔ adwenemyare ntaa nni ahoɔden pii a wɔde bɛyɛ wɔn ankasa tebea no mu nhwehwɛmu. Ne saa nti, ɛho nsɛm a aba foforo a wogye tom a wobɛhwehwɛ no betumi aboa wo ama woahu nea ɛrehaw wo dɔfo no. Nimdeɛ a wubenya no nso betumi aboa wo ama woaka ho asɛm akyerɛ afoforo a womfɛre. Sɛ nhwɛso no, Gail de aduruyɛ ho nhomawa bi maa Matt nananom, na ɛma wohuu yare no ho nsɛm pii ne nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Kɔ so yɛ ho aduru. Ɛmfa ho sɛ adwenemyare no bi tumi kyɛ no, sɛ wɔhwɛ ayarefo no yiye a, wɔn mu pii ho tɔ wɔn ma wɔbɔ wɔn bra sɛnea ɛfata. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn mu pii hu amane mfe bebree a wonnya mmoa biara. Sɛnea komayare a emu yɛ den hia oduruyɛfo a ɔwɔ ho nimdeɛ no, saa ara na adwenemyare nso hwehwɛ sɛ wonya oduruyɛfo a ɔwɔ ho nimdeɛ ma ɔsa yare no. Sɛ nhwɛso no, adwenemyare ho abenfo betumi ama nnuru a sɛ ɔyarefo no kɔ so nom bere nyinaa a, ebetumi ama n’ani so ada hɔ, onnwinnwen pii na asiesie n’adwene ma watumi asusuw nneɛma ho yiye. *

Boa ɔyarefo no ma ɔnhwehwɛ mmoa. Wɔn a wɔwɔ adwenemyare no ntaa nhu sɛ wohia mmoa. Ebia wobɛka akyerɛ wo busuani bi sɛ ɔnkɔ oduruyɛfo bi hɔ, ɔnkenkan nsɛm bi a ebetumi aboa no, anaasɛ ɔne obi a watumi adi ɔhaw koro no ara so mmɔ ho nkɔmmɔ. Nanso ebetumi aba sɛ wo dɔfo no rennye w’afotu no ntom. Sɛnea ɛte biara no, sɛ ɛba sɛ obi a worehwɛ no reyɛ biribi a ebetumi apira no anaa onipa foforo biara a, ntra hɔ nhwɛ.

Mfa asodi nto obi so. Ɛde besi nnɛ no, nyansahufo ntumi nsii no pi sɛ awosu, tebea a obi wom ne asetram nsɛm bi a asete ɛyɛ den na ɛde adwenemyare ba. Nneɛma pii a ebetumi de adwenemyare aba no bi ne amemene a ɛho ka, nnuru pii a wɔnom nanso wɔmfa nsa yare, nneɛma a ɛhyɛ nnipa so, nnipadua mu ahoɔdennuru a ɛnyɛ adwuma yiye ne su a wonya fi awo mu. Sɛ wobɔ obi sobo sɛ ɔno ara na wama yare no aba a, mfaso biara mfi mu mma. Mmom no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden boa no na wohyɛ no nkuran.

Nhwehwɛ nea ɛboro n’ahoɔden so. Sɛ wohwehwɛ pii fi ɔyarefo hɔ sen nea obetumi ayɛ a, eyi betumi ama ne koma atu. Ɔkwan foforo so no, sɛ wotaa ka ɔyarefo no sintɔ ahorow ho asɛm a, ɛbɛma wate nka sɛ onni anidaso biara. Enti nhwehwɛ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛboro n’ahoɔden so. Nanso, ɛnsɛ sɛ wososɔ nneyɛe bɔne so. Sɛnea ɛte wɔ obiara fam no, wɔn a wɔwɔ adwenemyare no nso betumi asua biribi afi nea wɔn nneyɛe de ba no mu. Sɛ ɔyɛ basabasa a, wobetumi de no akɔ asennibea anaa wobeyi no afi nnipa mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ afoforo ho ban.

Wo ne no nni nkitaho. Nkitahodi ho hia, ɛwom mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a ɔnte w’asɛm ase de. Ɛyɛ den sɛ wubehu sɛnea obi a ɔwɔ adwenemyare bɛyɛ n’ade afa, na ebia ɔbɛyɛ biribi a anka ɛnsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea bi mu. Nanso, nea ɔyarefo no bɛka biara a wobɛkasa atia no bɛma n’ani awu na n’adwennwen ayɛ kɛse. Sɛ ɛte sɛ nea wo nsɛm mmoa no a, tra ase komm na tie no. Hu ɔyarefo no nkate ne ne nsusuwii, na mmu no fɔ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda odwo su adi. Sɛ wokɔ so da no adi sɛ wodwen wo dɔfo no ho a, ɛbɛboa mo nyinaa. Saa na na ɛte wɔ Matt fam. Mfe kakra bi akyi no, ɔkyerɛɛ wɔn a ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ na “wɔreboa me nanso na minhia mmoa” no, nneyɛe ho anisɔ.

Susuw afoforo a wɔwɔ abusua no mu ahiade ho. Sɛ ɛba sɛ abusua bi de wɔn ani si obi a ɔrehu amane so a, etumi ma wobu wɔn ani gu afoforo a wɔwɔ abusua no mu so. Bere bi akyi no, Matt nuabea Amy tee nka sɛ, “me nua no yare no ama wɔabu ani agu me so.” Ɔkaa ne nsɛm hyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔntwetwe adwene mma ne ho so. Saa bere no nyinaa na ɛte sɛ nea n’awofo pɛ sɛ ɔyɛ pii de si nea ne nuabarima no ntumi nyɛ no ananmu. Mmofra binom a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu a wɔato wɔn asaworam no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhaw adwene sɛnea ɛbɛyɛ a awofo ani bɛba wɔn so. Mmusua a wɔwɔ ahokyere mu no hia mmoa na ama wɔatumi adi abusua mũ no nyinaa ahiade ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, bere a na Matt yare no ama Johnson abusua no nnya wɔn ho twabere no, Amy nnamfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ mu no maa wɔn ani kuu ne ho kɛse de boaa no.

Hyɛ nneyɛe pa ho nkuran. Nhyehyɛe pa a ebetumi aboa ama obi adwenem ada hɔ bi ne sɛ ɔbɛma n’ani akũ n’aduandi, apɔw mu teɛteɛ, nna, ne fekubɔ ho. Mpɛn pii no, sɛ ɔyarefo no ne nnamfo kakraa bi bom yɛ ade a, ɔmmɔ hu kɛse. Afei nso, kae sɛ mmosa betumi ama yare no mu ayɛ den, na ɛremma aduru a woreyɛ no nyɛ adwuma yiye. Seesei Johnson abusua no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma obiara, titiriw wɔn babarima no, adwenem ada hɔ.

Hwɛ wo ho so yiye. Sɛ worehwɛ obi a ɔwɔ adwenemyare a, ɛho adwennwen betumi ahaw w’ankasa akwahosan. Enti ɛho hia sɛ woma w’ani kũ wo honam, nkate ne honhom fam ahiade ho. Johnson abusua no yɛ Yehowa Adansefo. Gail te nka sɛ ne gyidi na ɛboaa no kɛse ma otumi gyinaa nsɛnnennen a abusua no hyiae no ano. Ɔka sɛ: “Na Kristofo nhyiam ma me werɛ fi m’adwennwen, na ɛyɛ bere a migyae adwennwen na mede m’adwene si nsɛm a ɛho hia so, na ɛma mede m’ani to anidaso koro pɛ a mewɔ no so. Mebɔɔ mpae denneennen mpɛn pii de hwehwɛɛ ahotɔ, na bere nyinaa na mehwɛ kwan sɛ nsakrae bi bɛba ama yaw no so atew. Yehowa Nyankopɔn mmoa so no, minyaa asomdwoe ɛmfa ho tebea a mewom no.”

Seesei Matt yɛ aberante a wanya asetra ho adwene foforo koraa. Ɔka sɛ: “Nea mefaa mu no asiesie me yiye.” Matt nuabea Amy te nka sɛ tebea a ɔfaa mu no aboa ɔno nso. Ɔka sɛ: “Ama mate nnipa afoforo ase. Wunnim tebea a obi wom. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na onim.”

Sɛ obi a wodɔ no wɔ adwenemyare a, kae bere nyinaa sɛ aso a wobɛyɛ atie no, mmoa a wode bɛma no, ne adwempa a wode betie no no betumi aboa onipa a ɔte saa ma wagyina ne tebea no ano, na mpo ne ho atɔ no.—g04 9/8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Wɔasesa edin no bi.

^ Ebinom frɛ no “amemenemyare,” esiane sɛ ɛno tew ɛho aniwu no so nti. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ biribi atõtõ wɔ amemene no mu.

^ Ɛsɛ sɛ wususuw mfaso ne ɔhaw a nnuru no betumi de aba no nyinaa ho. Nyan! nkamfo aduruyɛ biara nkyerɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ ayaresa biara a wɔbɛhwehwɛ no ne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia.

[Adaka wɔ kratafa 21]

Nea Ɛkyerɛ sɛ Obi Reyɛ Anya Adwenemyare

Sɛ obi a wodɔ no nya nsɛnkyerɛnne a edidi so yi bi a, ebia ebehia sɛ okohu adwenem ayaresa ho ɔbenfo:

• Awerɛhow anaa abufuw a ɛkyɛ

• Ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu

• Anigye anaa awerɛhowdi mmoroso

• Abufuw ntraso

• Basabasayɛ

• Nnuru a ɔnom nanso ɔmfa nsa yare

• Ehu , ahoyeraw ne adwennwen ntraso

• Osuro pii sɛ ɔbɛyɛ kɛse

• Nsakrae titiriw a ɛba onipa no adidi anaa ne nna mu

• Ɔtaa sõ dae bɔne

• N’adwene tu fra

• Nneɛma gyinagyina n’ani so

• Ɛba ne tirim sɛ onkum ne ho

• Ontumi nni abrabɔ mu nsɛnnennen ho dwuma

• Nneɛma haw no, nso onhu sɛ ɔwɔ haw biara

• Onya nyarewa pii a wonhu nea efi

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Sɛ ɛte sɛ nea wo nsɛm mmoa no a, tra ase komm na tie no