Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Dɛn na Ɛreyɛ Me?’

‘Dɛn na Ɛreyɛ Me?’

‘Dɛn na Ɛreyɛ Me?’

“Ɛte sɛ nea meda sɔree da koro no, na biribiara asakra wɔ m’asetra mu. Metee nka sɛ masesa koraa.”—Sam.

DƐN ne babunbere? Ne tiawa mu no, ɛyɛ asetram bere bi a sɛ wudu so a, wo a wonyɛ abofra, ɛnna wonyɛ panyin nso. Ɛyɛ bere a nsakrae pii ba wo nipaduam—honam mu, nkate mu ne sɛnea wo ne afoforo bɔ mu mpo. Ɔkwan bi so no, babunbere mfiase yɛ anigye. Efisɛ, ɛkyerɛ sɛ worebɛyɛ ɔpanyin. Nanso sɛ edu saa bere yi a, nsakrae foforo fi ase ba wo nipaduam, na eyinom mu bi betumi ama w’adwene atu afra—na abɔ wo hu mpo.

Nanso ɛnsɛ sɛ wusuro babunbere. Ɛyɛ ampa sɛ wubetumi adi yaw wɔ wo babunbere mu de, nanso ɛma wunya hokwan soronko a ɛyɛ anigye a wode bewura mpanyin afe mu. Ma yɛnhwɛ ɔkwan a ɛnam so ba—nea edi kan no, denam nsɛnnennen a mmabun hyia no mu bi mu nhwehwɛmu a wobɛyɛ so.

Bere a Onyin Fi Ase

Wɔ babunbere mu no, nsakrae ahorow bi kɔ so wɔ wo nipaduam ma esiesie wo ma awo. Egye bere tenten ansa na saa babunbere yi atwam, a ɛnyɛ w’awode nko na enyin na mmom ɛka nneɛma foforo nso sɛnea yebehu akyiri yi no.

Mmeawa fi wɔn babunbere ase bere a wɔanya mfe 10 rekɔ 12, ɛnna mmarimaa nso de fi ase bere a wɔadi mfe 12 rekɔ 14 no. Nanso esiane sɛ ɛsono obiara nti, obi de betumi afi ase ntɛm anaasɛ aka akyi. Sɛnea The New Teenage Body Book (Nhoma foforo a ɛka mmabun ho asɛm) kyerɛ no, “nipaduam nsakrae a ɛba wɔ babunbere mu no gyina sɛnea obiara nyin so.” Ɛde ka ho sɛ: “Nsonsonoe kɛse wɔ bere a wobu no sɛ ɛfata sɛ babunbere mu nsakrae fi ase no mu.” Enti sɛ wudu wo babunbere mu ntɛm anaa ɛka akyiri sen w’atipɛnfo a, na biribiara ntõtõe.

Sɛ babunbere fi ase a, ebetumi asakra wo honam ani hwɛbea, wo nkate, ne sɛnea wubu nneɛma a atwa wo ho ahyia no. Wode, susuw nneɛma a ɛyɛ nwonwa nanso ɛhaw adwene wɔ asetram bere titiriw yi mu no bi ho hwɛ.

‘Dɛn na Ɛreyɛ Me?’

Sɛ babunbere fi ase a, nkwammoaa mu nnuru a ɛwɔ mmerante ne mmabaa mu no fi ase dɔɔso. Nkwammoaa mu nsakrae yi na, wɔ kwan bi so no, ɛboa ma nsakrae ba nipaduam ntɛmtɛm no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ babunbere nya fi ase a, wunyin ntɛmntɛm sen w’asetram bere foforo biara.

Sɛ edu saa bere yi a, w’awode fi ase nyin, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo na ɛma wuhu sɛ worenyin. Afei nso, ebia wubehu sɛ worenyin ntɛmntɛm. Bere a woyɛ abofra no, ebia afe biara na wo mu twe nsateakwaa abien ka wo tenten ho. Nanso sɛ edu babunbere a wunyin ntɛmntɛm no a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wo mu bɛtwe nsateakwaa anan aka wo tenten ho afe biara.

Saa bere a worenyin ntɛmntɛm yi mu nyinaa no, ɔkwan bi so no, ɛbɛyɛ wo sɛ wo ho nyɛ fɛ. Eyi nyɛ ade a ɛyɛ nwonwa. Kae sɛ, ɛsono sɛnea nipadua akwaa no mu biara renyin. Enti, ebetumi aba sɛ akwaa no nyinaa rensisi ne ho so pɛpɛɛpɛ. Nanso si abotare—wo tebea no renkɔ so nyɛ saa daa. Babunbere a wo te nka sɛ wo ho nyɛ fɛ yi betwam.

Sɛ mmeawa du wɔn mmabunbere a, wofi ase bu wɔn nsa, ɛne sɛ, mogya ne nsufĩ a adi afra sen fi awotwaa mu ɔsram biara. * Nsabu no taa ma mmea ayaase yɛ wɔn yaw, na wɔn nkwammoaa mu nnuru no nso dodow so tew. Esiane sɛ eyi tumi nya nnipadua ne nkate so nkɛntɛnso kɛse nti, ebetumi ama wɔn akoma atu. Teresa a mprempren wadi mfe 17 no ka sɛ: “M’ani baa me ho so no, na me tebea nyinaa asesa. Ɛmaa meyɛɛ basaa, na ɛhaw me. Ɛba ɔsram biara!”

Sɛ wufi ase yɛ bra a, enhia sɛ woma wo yam hyehye wo. Sɛnea ɛte biara no, ɛkyerɛ sɛ wo nipadua no reyɛ adwuma yiye. Bere bi akyi no, wubehu sɛnea wubegyina yaw a brayɛ de ba no ano. Sɛ nhwɛso no, ebinom ahu sɛ, sɛ wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu a, wɔn ayaase nyɛ wɔn yaw kɛse. Nanso ɛsono sɛnea obiara te. Ebia wubehu sɛ, ɛnsɛ sɛ woyɛ kitikiti kɛse bere a woayɛ bra no. Sua sɛ “wubehu” wo nipadua yiye, na yɛ nea ehia ma no pɛpɛɛpɛ.

Sɛ mmeawa ne mmarimaa du wɔn babunbere so a, wɔma wɔn ani ku wɔn ahosiesie ho kɛse. Teresa ka ne kokoam asɛm sɛ: “Bere a miduu babunbere so no na m’adwene baa me ho so ankasa—mihui sɛ, sɛɛ nnipa afoforo hwɛ me.” Ɔtoa so sɛ: “Mpɛn pii sɛ mehwɛ sɛnea me te a, ɛhaw me. Me ti nhwi tumi yɛ basaa, me ntade nkɔ me, na ɛte sɛ nea m’ani nnye atade biara ho no!”

Nneɛma afoforo betumi ahaw wo wɔ nipaduam. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ nkwammoaa a wɔma mfifiri te wo yɛ adwuma yiye wɔ babunbere mu nti, ebia mfifiri pii betumi atew wo. Guare a wubeguare ne afei wo ntade a wobɛtaa asi no betumi aboa ma pampan mma wo ho. Saa ara nso na wubetumi de ahuamhuanne ayɛ wo ho.

Nea ɛka ho ne sɛ, wudu babunbere so a, nkwammoaa a wɔma srade ba wo honam ani no yɛ adwuma yiye, ma enti nsawanini betumi agu w’anim. Abeawa bi a wɔfrɛ no Ann de awerɛhow ka sɛ: “Bere a mepɛ sɛ me ho yɛ fɛ no, saa bere no ara mu na nsawanini sisi m’anim. So m’adwene na ɛyɛ me saa anaasɛ nsawanini no ara nim bere a mempɛ koraa, na ɛba?” Saa ara nso na nsawanini haw Teresa. Ɔka sɛ: “Ɛma mete nka sɛ me ho ayɛ tan na ɛhyɛ me aniwu. Sɛ nkurɔfo hwɛ me a, ɛyɛ a misusuw sɛ nsawanini no na wɔrehwɛ!”

Nokwasɛm ne sɛ honam ani nsaa betumi ahaw mmarimaa nso. Animdefo binom ka sɛ honam ani nsaa gu mmarimaa sen mmeawa mpo. Sɛ́ woyɛ aberante anaa ababaa no, sɛ wuguare mmeae a srade pii wɔ te sɛ w’anim, wo kɔn mu, w’abati, w’akyi ne wo koko so daa a, ɛbɛboa wo. Afei nso, sɛ wotaa hohoro wo tirim a, nhwi no remma srade nsian mma w’anim. Bio nso, wɔayɛ nnuru pii a sɛ wode sra a, ɛmma nsawanini ngu wo. Teresa ka sɛ: “M’awofo tɔɔ nku ne sradehuam a mede sra maa me. Afei nso, wɔmma minni sradeduan pii, na ɛboa me. Sɛ manni sradeduan na sɛ menom nsu pii a, nsawanini no fi m’anim.”

Nipaduam nsakrae foforo a ɛhaw mmarimaa titiriw ne wɔn nne a ɛsesa. Sɛ wudu wo babunbere so a, wo menewa mu bɛyɛ du na emu twe yɛ tenten, enti ɛde nkakrankakra ma wo nne bɛyɛ kɛse. Ná Bill nne ayɛ kɛse a onnim. Ɔka sɛ: “Na minnim sɛ me nne asesa kosii sɛ, sɛ obi frɛ wɔ telefon so na sɛ merekasa a, onipa no gyae kasa susuw sɛ ɛyɛ me maame anaa me nuabea panyin na ɔne no rekasa.”

Esiane sɛ wo nne gu so resesa nti, ɛtɔ da bi a etumi gyigye kɛse prɛko pɛ. Sɛ Tyrone bu kɔmpɔ hwɛ ne babunbere a, ɔka sɛ: “Ɛyɛ ade a na ɛhaw me sen biara. Bere a mɛbɔ hu anaa m’ani begye no, saa bere no na me nne gyigye kɛse. Mebɔɔ mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a mimfi nkate mu nyɛ ade, nanso na ɛnyɛ yiye.” Tyrone de ka ho sɛ: “Bɛyɛ afe anaa mfe abien akyi no, nea na ɛreyɛ me no gyaee.” Sɛ saa na ɛreyɛ wo a, mpa abaw! Ɛrenkyɛ, wo nne a ayɛ kɛse no nso bɛkokwaw wo.

‘Dɛn Nti na Mete Nka Saa?’

Ɛtaa ba sɛ mmerante ne mmabaa nya nkate mu haw, na ɛma wɔteetee. Sɛ nhwɛso no, ebia wo ne wo mmofraberem nnamfo ntam bɛtetew a ɛnyɛ sɛ wo ne wɔn ako. Ebia wuhu sɛ wo ne wɔn nni twaka biara. W’awofo mpo—a kan no na wuguan toa wɔn kɔpɛ awerɛkyekye ne ahobammɔ no—bɛyɛ nnipa a wususuw sɛ wɔn mmere atwam a wuntumi mmɛn wɔn bio.

Eyinom nyinaa betumi ama ɔbabun ate nka sɛ wayɛ ankonam. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Nhwehwɛmufo binom aka mpɛn pii sɛ, ɔbabun taa te nka kɛse sɛ wayɛ ankonam sen abofra anaa ɔpanyin.” Esiane sɛ wusuro sɛ afoforo bebu sɛ woyɛ soronko nti, ebia wobɛka wo nsusuwii ne wo nkate ahyɛ a wonka nkyerɛ obiara. Anaa ebia worenkyerɛ afoforo ho anigye, na wobɛte nka sɛ obiara mpɛ sɛ ɔfa wo adamfo.

Mmerante ne mmabaa pii te nka sɛ wɔayɛ ankonam, na saa ara na mpanyimfo pii nso te nka. Ade a ehia sɛ wokae ne sɛ, bere bi bɛba a, saa nkate yi nyinaa to betwa. * Kae sɛ, esiane sɛ woyɛ ɔbabun nti, wo ho biribiara resesa. Sɛnea wubu nkwa, afoforo, ne w’ankasa ho mpo kɔ so sesa. Nokwarem no, sɛ wohwɛ wo ho wɔ ahwehwɛ mu a, ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea onipa foforo koraa na wuhu no no! Ebia wobɛte nka sɛnea Steve a wadi mfe 17 kae yi: “Ɛyɛ den paa sɛ wobɛka sɛ wunim onipa ko a woyɛ bere a wo nipadua kɔ so sesa ntɛmntɛm no.”

Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so adi ankonamyɛ so ne sɛ wo ne afoforo bɛbɔ. Eyi kyerɛ sɛ wo ne nnipa afoforo a wɔanyin sen wo bɛbɔ. So wunim nnipa a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛpɛ sɛ wobɛsra wɔn? Ne titiriw no, sɛ wɔwɔ fie nnwuma bi a wohia mmoa a, so wubetumi aboa wɔn? Bible hyɛ obiara—mmabun ne mpanyimfo—nkuran sɛ ‘wɔntrɛw’ ɔdɔ a wɔwɔ ma foforo no “mu.” (2 Korintofo 6:11-13) Saa a wobɛyɛ no betumi abue hokwan ahorow pii ama wo.

Bible mu asɛm a yɛfa kae wɔ soro hɔ no yɛ nnyinasosɛm pii a aboa Kristofo mmabun ama wɔatumi agyina nsɛnnennen ano no mu biako pɛ. Bere a worekenkan asɛm a edi hɔ no, susuw sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi anya w’asetra so nkɛntɛnso kɛse bere a worenyin abɛyɛ ɔpanyin no ho hwɛ.—g04 7/8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Mfitiase no, wubetumi abu wo nsa bɛboro pɛn koro wɔ ɔsram biako mu anaasɛ ennu saa. Mogya dodow a ɛbɛsen no nso betumi ato asisi. Ɛnsɛ sɛ eyinom biara ma wo koma tu. Nanso sɛ brayɛ twa sisi bɛyɛ afe anaa mfe abien a, ebia ɛho behia sɛ wuhu oduruyɛfo.

^ Sɛ wotaa te nka sɛ woyɛ ankonam anaa mpo woanya adwene bi sɛ wopɛ sɛ wokum wo ho a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mmoa. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ w’awofo anaa ɔpanyin bi a ne ho akokwaw a wubetumi ne no aka atirimsɛm.

[Adaka wɔ kratafa 16]

Awofo Nyɛ Pɛ

“Meyɛ abofra no, na misusuw sɛ m’awofo yɛ pɛ. Nanso bere a miduu babunbere mu no, mihui sɛ, sɛɛ wɔnyɛ soro abɔfo. Mekyerɛ sɛ, mihui sɛ wɔnyɛ pɛ, na na ɛhaw me. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, hu a mihui sɛ wɔnyɛ pɛ no ma ɛyɛɛ den sɛ megye wɔn nsusuwii atom. Nanso meyɛɛ saa na anni ammoa me no, mabenya obu mapa ama wɔn. Wɔnyɛ pɛ de, nanso mpɛn pii nea wɔka no wom. Na sɛ wɔn nsɛm nnim mpo a, wɔda so ara yɛ m’awofo. Yɛde nkakrankakra abɛyɛ sɛ nnamfo, ade a misusuw sɛ ɛtaa si mmofra ne wɔn awofo ntam.”—Teresa a wadi mfe 17.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mmabun pii ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim anya adamfofa a emu yɛ den