Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Abusua ti a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ?

Dɛn na Abusua ti a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ?

Bible no Adwene

Dɛn na Abusua ti a Obi Bɛyɛ no Kyerɛ?

SƐNEA Bible kyerɛ no, ‘ɔbaa ti ne ɔbarima.’ (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Nanso nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wogye Bible tom te nka sɛ ɛnyɛ sɛ okunu tiyɛ ho nhyehyɛe yi atwam nko, na mmom ɛyɛ hu nso. Awarefo bi kae sɛ: “Sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛhwehwɛ sɛ mmaa fi ‘odwo mu brɛ wɔn ho ase’ [ma wɔn kununom] no di dwuma tra so a, etumi pira wɔn.” Awerɛhosɛm ne sɛ tiyɛ a wɔde hyɛ afoforo so no abu so. Ɔkyerɛwfo bi ka sɛ: “Aman pii mu no, wogye tom sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ okununom boro wɔn yerenom—na bere a wɔreto nnwom, wɔrebu bɛ, na wɔrekasa wɔ ayeforohyia ase no, wɔkamfo kyerɛ sɛ ɛyɛ hokwan a ɔbarima wɔ.”

Nnipa binom susuw sɛ tiyɛ nhyehyɛe a ɛwɔ Bible mu no na ɛde saa atirimmɔdensɛm yi aba. Enti ɛyɛ ampa sɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa tiyɛ ho no bu mmaa animtiaa na ɛhyɛ mmaa a wɔhwe wɔn wɔ fie ho nkuran? Dɛn na abusua ti a obi bɛyɛ no kyerɛ ankasa? *

Tiyɛ Nyɛ Nhyɛso

Tiyɛ a Bible ka ho asɛm no yɛ ɔdɔ nhyehyɛe, ɛnkyerɛ kankabi nhyɛso koraa. Onyankopɔn mmara a nnipa buu so no na ɛkɔfaa atirimmɔden a mmarima taa de hyɛ mmaa so no bae. (Genesis 3:16) Efi bere a nnipa fii Eden turom no, mmarima akɔ so adi tumi wɔ ɔkwammɔne so, de atirimmɔden asisi mmaa ne mmofra ne afoforo.

Nanso na ɛno nka Onyankopɔn atirimpɔw ho koraa. Yehowa kyi wɔn a wodi tumi wɔ ɔkwammɔne so. Ɔkasa tiaa Israel mmarima a na ‘wɔatwa wɔn yerenom nkontompo no.’ (Malaki 2:13-16) Afei nso, Onyankopɔn se ‘obiara a ɔpɛ amim anaa awurukasɛm de, Ne kra tan no.’ (Dwom 11:5) Enti wɔn a wɔhwe wɔn yerenom ne afoforo nso a wɔyɛ wɔn yerenom basabasa no rentumi mfa Bible no nyi wɔn ho ano wɔ wɔn awurukasɛm no ho ɔkwan biara so.

Dɛn Ne Tiyɛ a Ɛfata?

Tiyɛ nhyehyɛe ho hia, na Onyankopɔn de hwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu. Onyankopɔn akyi no, obiara hyɛ obi foforo ase. Mmarima hyɛ Kristo ase, mmofra hyɛ wɔn awofo ase, na Kristofo nyinaa hyɛ nniso anaa aban ase. Yesu mpo hyɛ Onyankopɔn ase.—Romafo 13:1; 1 Korintofo 11:3; 15:28; Efesofo 6:1.

Sɛ nnipa betumi atra asomdwoe mu a, ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma tumidi. Saa ara nso na yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama abusua ti ho hia na ama yɛanya abusua a edi mu a anigye ne asomdwoe wom. Sɛ okunu anaa agya nni abusua no mu mpo a, saa nokwasɛm yi nsesa. Mmusua a ɛtete saa mu no, ɛna no na ɔbɛyɛ abusua ti. Sɛ awofo baanu no nni hɔ a, ɔba panyin no anaa busuani foforo bi na ebia ɔbɛyɛ ti wɔ fie hɔ. Ne nyinaa mu no, sɛ abusua no mufo de obu ma onii a ɔyɛ ti no a, wɔn nyinaa nya so mfaso.

Enti nea ehia ne sɛ yɛrempo tiyɛ nhyehyɛe no na mmom yɛbɛte ase na yɛde adi dwuma ɔkwan pa so. Ɔsomafo Paulo hyɛ okununom a wɔyɛ Kristofo nkuran sɛ wonni wɔn afie so “sɛ Kristo nso yɛ asafo no.” (Efesofo 5:21-23) Paulo nam eyi so kyerɛe sɛ ɔkwan a Kristo ne asafo no dii no na ɛyɛ tiyɛ nhyehyɛe a edi mu. Nhwɛso bɛn na Kristo yɛe?

Sɛ́ Mesia ne daakye Hene no, na Yesu anya tumi afi Onyankopɔn ankasa hɔ na na onim nyansa san wɔ abrabɔ mu suahu kyɛn n’asuafo no, nanso na Yesu wɔ ɔdɔ ne ayamhyehye a ɔte nka ma afoforo. Na ɔnyɛ onipa a ne tirim yɛ den a ɔnte asɛm ase anaasɛ ɔhyɛ nnipa so. Wamfa ne tumi anhyɛ afoforo so na wamfa Onyankopɔn Ba a ɔyɛ no ankyerɛ ne ho. Ná Yesu brɛ ne ho ase na odwo wɔ koma mu. Ɛno nti na ‘ne kɔndua yɛ mmerɛw, na na n’adesoa yɛ hare.’ (Mateo 11:28-30) Enti na afoforo tumi bɛn no a ɔte wɔn nsɛm ase. Nokware ni, Paulo ka sɛ Yesu dɔɔ asafo no yiye ma enti “ɔde ne ho mae maa no.”—Efesofo 5:25.

Obi Bɛyɛ Dɛn Asuasua Yesu Tiyɛ No?

Mmusua ti bɛyɛ dɛn asuasua Kristo su ahorow no? Abusua ti a ɔyɛ n’asɛde yiye no ani kũ n’abusua honam ne honhom mu yiyedi ho kɛse. Onya wɔn ho adagyew hwɛ di wɔn ahiade ho dwuma. Ɔma ne yere ne ne mma ho nsɛm hia no sen n’ankasa de. * (1 Korintofo 10:24; Filipifo 2:4) Sɛ okunu de Bible nkyerɛkyerɛ bɔ ne bra daa a, ɛma ne yere ne ne mma de obu ma no na wɔboa no. Wɔ tiyɛ a ɔdɔ wom saa ase no, abusua no mufo nyinaa tumi bom de biakoyɛ di ɔhaw biara so. Enti bere a okunu di Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ so sɛ abusua ti no, ɔhyehyɛ abusua a anigye wom, a emufo nneyɛe hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Abusua ti a ɔyɛ onyansafo no wɔ ahobrɛase nso. Ɛwom sɛ ɛyɛ a na ɛyɛ den de, nanso sɛ ɛho behia a, otumi gye ne mfomso tom pa ho kyɛw. Bible no se nkwagye anaa nkonimdi “wɔ agyinatufo dodow mu.” (Mmebusɛm 24:6) Yiw, ahobrɛase nso bɛka abusua ti ma watie ne yere ne ne mma adwene sɛnea ɛsɛ. Sɛ Kristoni a ɔyɛ abusua ti suasua Yesu a, ne tiyɛ bɛma n’abusua no anya anigye ne ahobammɔ na afei ɛbɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn a Ɔhyehyɛɛ abusua no anuonyam.—Efesofo 3:14, 15.—g04 7/8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Ɛwom sɛ yɛahyɛ da reka okunu ne agya dwumadi wɔ abusua mu ho asɛm de, nanso ɛnanom a wɔn nko ara rehwɛ mma ne nyisaa a wɔhwɛ wɔn nuanom nkumaa betumi anya nhyehyɛe anaa mmara a wɔde ma mmusua ti yi so mfaso.

^ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo atintim no ma nyansahyɛ a ɛkyerɛ sɛnea wofi ɔdɔ mu hwɛ abusua no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Okunu a ɔwɔ ntease tie ne yere ne ne mma adwene