Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun a Wɔde Akokoduru Ka Wɔn Gyidi Ho Asɛm

Mmabun a Wɔde Akokoduru Ka Wɔn Gyidi Ho Asɛm

Mmabun a Wɔde Akokoduru Ka Wɔn Gyidi Ho Asɛm

MMOFRA pii wɔ Yehowa Adansefo mu. Wɔdɔ Onyankopɔn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde ne mmara a waka ho asɛm wɔ Bible mu no bedi dwuma. Mmabun yi ani gye wɔn gyidi ho na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ sukuu mu a wonsuro. Susuw nhwɛso horow yi ho hwɛ.

◼ Bere a na Holly wɔ ne sukuu afe a ɛto so asia mu no, wɔn kyerɛkyerɛfo de dwumadi maa ɔne ne mfɛfo sukuufo sɛ wɔnkyerɛw biribi mfa asɛmmisa yi ho: “Wobɛyɛ dɛn atu amumɔyɛsɛm ase asomdwoe mu?” Holly de hokwan yi kyerɛwee daakye ho anidaso a egyina Bible so no ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Afei, ɔtwee adwene sii adesamma anidaso koro pɛ—Onyankopɔn Ahenni—no so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ Yesu ne Ɔhene a obedi saa Ahenni no so nti, obeyi amumɔyɛsɛm ne ɔhaw biara afi hɔ.” Holly kyerɛkyerɛɛ ɔkwan a Yesu bɛfa so ayɛ nneɛma a onipa sodifo biara ntumi nyɛ no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yesu kyerɛɛ sodifo ko a ɔbɛyɛ bere a na ɔwɔ asase so no. Na ɔwɔ ɔdɔ ma enti ɔdwen nnipa ho. Yare horow a ɔsae ne awufo a onyanee wɔn no kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi. Nnipa nniso biara nni hɔ a ebetumi anyan awufo. Nanso Onyankopɔn Ahenni betumi ayɛ.” Holly de n’asɛm no baa awiei sɛ, “Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayi amumɔyɛsɛm afi hɔ, na ɛnyɛ nnipa.”

Ɔkyerɛkyerɛfo no kyerɛwee wɔ Holly dwumadi no ase sɛ: “Ayekoo! Holly, wo nsɛm no tɔ asom yiye.” Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee Kyerɛwnsɛm a Holly twee adwene sii so no nso ho. Eyi maa Holly nyaa hokwan kaa Teokrase Ɔsom Sukuu a ɛyɛ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ dwumadi a Yehowa Adansefo yɛ no dapɛn biara no ho asɛm kyerɛɛ ne kyerɛkyerɛfo no. Ɔde anigye gyee nkyerɛkyerɛ nhoma a wɔde di dwuma wɔ Ɔsom Sukuu mu no biako.

Jessica nso tumi daa ne gyidi adi bere a na ɔrekyerɛw asɛmti bi ho asɛm wɔ sukuu mu no. Ɔka sɛ: “Matumi akyerɛw me gyidi ho nsɛm mprɛnsa. Na biako fa Yehowa Adansefo ne ɔsom mu hokwan a wɔwɔ ho. Ɔkyerɛkyerɛfo no de dwumadi no kɔbɔɔ nhomakorabea sɛ obiara a ɔpɛ no betumi akenkan. Nnansa yi ara, mekyerɛw nsɛm bi faa m’asubɔ ne sɛnea saa da no ho hia me no ho. Na adesuafo no de nsɛm a wɔnkyerɛw nwiei no kyerɛ wɔn ho wɔn ho, enti me mfɛfo sukuufo no nyaa hokwan kenkan me de no. Abeawa biako kae sɛ: ‘Mo ne yɔ! Aboa ama yɛahu nea Yehowa Dansefo a obi bɛyɛ no kyerɛ. Yɛma wo ayekoo wɔ w’asubɔ no ho!’ Abeawa foforo nso kae sɛ: ‘Na wo nsɛm no gu awɔse! M’ani agye sɛ wowɔ gyidi a emu yɛ den saa!’ Abarimaa bi nso kyerɛwee tiawa sɛ: ‘Mo, woayɛ ade! W’adwen mu abue.’”

◼ Bere a Melissa dii mfe 11 no, onyaa hokwan soronko bi de kaa ne gyidi ho asɛm. “Ɔyarehwɛfo a ɔwɔ yɛn sukuu mu no baa yɛn dan mu ne yɛn bɛkaa nipaduam nkwaadɔm ho asɛm. Mogya a wɔde ma ho asɛm sɔree. Bere a yesuaa ade wiei no, meka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ yɛn abɔde mu nyansahu no sɛ yɛwɔ video bi a ɛka mogya ho asɛm. Ade kyee no, mede video no baa sukuu, na ɔkyerɛkyerɛfo no de kɔɔ fie ne n’abusua kɔhwɛe. Da a edi hɔ no, ɔde baa sukuu mu beyi kyerɛɛ adesuakuw abien a na m’adesuakuw no nso ka ho. Afei ɔkaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran faa Yehowa Adansefo ho kyerɛɛ adesuakuw no sɛ, sɛ ɛnyɛ yɛn a, anka nnuru a wɔde si mogya ananmu a wɔde sa yare no nni hɔ. Bere a ɔde video no resan ama me no, obisae sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn anya video yi bi ato sukuu nhomakorabea?’ Memaa no biako. N’ani gyee, na saa ara na me nso m’ani gyee!”

Holly, Jessica ne Melissa ka Yehowa Adansefo mmabun a wotie Bible afotu a ese wɔnkae wɔn Bɔfo no ho. (Ɔsɛnkafo 12:1) Wo nso woreyɛ saa? Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ woma Yehowa koma tɔ ne yam, na n’ani sɔ wo mmɔdemmɔ no.—Mmebusɛm 27:11; Hebrifo 6:10.

Sɛ mo a moyɛ mmabun ka mo gyidi ho asɛm kyerɛ mo mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo a, etumi di Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho adanse kɛse. Afei nso, ɛhyɛ mo gyidi den, na ɛma munya anigye a ɛso bi nni sɛ moanya hokwan abɛyɛ Onyankopɔn asomfo. (Yeremia 9:24) Adanse a mubedi wɔ sukuu mu no nso bɔ mo ho ban. Jessica ka no saa kwan yi so sɛ: “Mfaso a ɛwɔ me gyidi ho asɛm a meka kyerɛ so biako ne sɛ, adesuafo no nhyɛ me mma menyɛ biribi a ɛne Bible nhyia.”—g04 9/8.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]

Holly

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28, 29]

Jessica

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 29]

Melissa