Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa”

“Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa”

“Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa”

WƆTAA ka sɛ ɔbra yɛ ɔko. Ɛyɛ a wote nka sɛ ɔbra adi w’ani, sɛnea nnipa pii ka no? Nhyɛso a yɛte mu wɔ wiase yi mu no ano ayɛ den. Bere a nnipa a basabasayɛ ne ɔbrasɛe ahyɛ wɔn ma atwa yɛn ho ahyia no, ebia a yɛbɛte nka sɛ yentumi nyɛ nhyɛso a wɔde ba yɛn so no ho hwee. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina pintinn wɔ basabasayɛ bere a ɛte saa mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ bra a ɛbɛma yɛanya abotɔyam?

Bible de mmuae a ɛyɛ anigye na ɛma awerɛkyekye ma. Ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ hokwan a ɛso bi nni—yebetumi ne Onyankopɔn anantew. Ebia ebinom bedi asɛm a ɛte saa ho fɛw. Sɛ yɛbɛka a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani atumi ne Ɔbɔadeɛ pumpuni no anantew? Bible kyerɛ sɛ yebetumi ayɛ saa. Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no bɛma yɛanya anigye a ɛsen biara wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu. Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nhyira bɛn na yebenya afi Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no mu?

Wobebua nsɛmmisa yi wɔ ɔkasa a ɛka koma a ɛne “Onyankopɔn a Yɛne No Bɛnantew Bɛma Yɛanya Nhyira Nnɛ De Akosi Daa” no mu. Wɔbɛma saa baguam ɔkasa yi wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ahorow a ebefi ase wɔ May mu no ase. Wɔbɛyɛ saa nhyiam horow yi bi wɔ wiase afanan nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na woahu beae a ɛbɛn wo no, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw krataa kɔma wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa March 1, 2004 no kyerɛɛ mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam yi bi wɔ Ghana ne Togo.—g04 5/22.