Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Bɛn na Wobetu AIDS Ase?

Bere Bɛn na Wobetu AIDS Ase?

Bere Bɛn na Wobetu AIDS Ase?

Wɔde ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm a ɛhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran guan mmabun ho fi wɔn mmofraase. Nnubɔne a wɔde wɔ paane a ɛno nso ma nkurɔfo nya HIV no mu atrɛw. Sɛ wususuw sɛnea nnɛ obiara bɔ ne bra sɛnea ɔpɛ no ho a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛka sɛ wobetu AIDS ase da bi.

NNURUYƐFO ka ma ɛfata sɛ ade titiriw a ɛbɛboa ma wɔako atia AIDS ne sɛ nnipa bɛsesa wɔn suban. Amanneɛbɔ bi a Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano tintimii no ka sɛ: “Ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmabun a wosi so wɔ awo ntoatoaso biara mu no ma wohu sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn ho so yiye abɔ wɔn ho ban na wɔatwe wɔn ho afi nneyɛe a ɛbɛma wɔanya HIV ho bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔde awofo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa ka nhyehyɛe yi ho.”

Ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ awofo di kan kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wohu asiane ahorow yi ansa na wɔn atipɛnfo anaa afoforo adaadaa wɔn. Saa a wɔbɛyɛ no nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Nanso ebetumi agye wo ba nkwa. Ɔbarima ne ɔbea nna ne nnubɔne ho nsɛm a wobɛkyerɛkyerɛ wo mma no rensɛe wɔn na mmom ebetumi abɔ wɔn ho ban na wɔakura wɔn ahotew mu.

Awofo Ntetee Ho Hia

Wɔ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no fam no, na wɔhwɛ kwan sɛ awofo bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm ne sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn akwahosan so yiye. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ na tete Israelfo wɔ abrabɔ pa ne nneyɛe a ɛbɛbɔ wɔn ho ban afi nsanyare ho akwankyerɛ wɔ wɔn mmara mu. (Leviticus 18:22, 23; 19:29; Deuteronomium 23:12, 13) Ɔkwan bɛn so na na wɔde mmara yi bɛkyerɛkyerɛ ɔman no? Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.” Ná ɛsɛ sɛ awofo di kan te mfaso a ɛwɔ mmara yi sodi so ne asotwe a sɛ wɔanni so a, ɛbɛba wɔn so no ase. Ɛno akyi no wɔhyɛɛ wɔn sɛ, “fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:6, 7.

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase [fa kyerɛkyerɛ] no kyerɛ sɛ “wubetĩ asɛm bi mu ntoatoaso” anaa ‘wubesi so dua dennennen.’ Ɛda adi sɛ na eyi yɛ begye bere. Sɛ awofo nya wɔn mma ho adagyew kyerɛkyerɛ wɔn asiane a ɛwɔ nnubɔnenom ne nna mu ɔbrasɛe mu a, ɛrenyɛ den sɛ wɔn mma no bɛkwati suban ahorow a ɛbɛma wɔanya HIV ne nyarewa afoforo no. *

Awerɛkyekye ma Wɔn a Wɔanya HIV/AIDS

Ebia mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw HIV/AIDS ano no rentumi nkyekye nnipa ɔpepem pii a wɔanya yare no bi no werɛ ahe biara. Nipaduam yaw a yare no ma wɔte nyinaa akyi no, wɔn tebea no ma afoforo taa kasa tia wɔn yi wɔn baako hyɛ wɔn nsa. Dɛn nti na ɛte saa? Atosɛm a nnipa dodow no ara kura mu ne sɛ sɛ wode wo ho ka obi a wanya HIV/AIDS a, ɛbɛsan wo. Ntease wom sɛ obi besuro sɛ obenya HIV/AIDS efisɛ etumi san afoforo na ekum nnipa. Nanso ebinom adi osuro no akyi ama wosuro nnipa a wɔwɔ yare no bi no. Wɔakame ayarefo no aduruyɛ, wɔapam wɔn afi wɔn asɔre mu, na mpo wɔahwe wɔn.

Ebinom ka sɛ AIDS yɛ asotwe a Onyankopɔn de aba abɔnefo so. Ɛwom, sɛ wɔn a wɔanya yare no dii Bible gyinapɛn ahorow a ɛfa nna mu ɔbrasɛe, nnubɔnenom, ne mogya ho no akyi a, anka wɔn mu pii rennya yare no. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 2 Korintofo 7:1) Nanso, Kyerɛwnsɛm no nkyerɛ sɛ sɛ obi yare a, na ɛyɛ bɔne pɔtẽẽ bi ho asotwe na Onyankopɔn de rema no. Nea ɛne no bɔ abira no, Bible ka sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13; Yohane 9:1-3) Obi a wanya HIV anaa AIDS esiane sɛ wanni Kyerɛwnsɛm mu mmara so nanso wasesa n’akwan no betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn mpoo no.

Tema ne ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma wɔn a wɔn yare nni sabea no daa adi bere a ne Ba, Yesu baa asase so no. Bere a Yesu hyiaa ɔkwatani bi wɔ n’akwantu mu no, ɔyɛɛ Yesu “mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no.” Yesu de ne tumi yɛɛ anwonwade de saa ɔkwatani no yare. (Marko 1:40-42) Yesu ammu nnipa a na wɔyare no animtiaa. Ɔdɔ a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn no daa ne soro Agya no dɔ adi pɛpɛɛpɛ.—Luka 10:22.

AIDS Ano Aduru—Ɛrenkyɛ!

Ɛnyɛ Onyankopɔn dɔ nko na Yesu anwonwade no ma yehu. Bible kyerɛ yɛn sɛ mprempren Yesu redi ade wɔ soro sɛ Ɔhene. (Adiyisɛm 11:15) Ne som adwuma a ɔbɛyɛe wɔ asase so no daa no adi sɛ ɔwɔ tumi ne ɔpɛ sɛ ɔbɛsa nyarewa biara a ɛrehaw adesamma. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔbɛyɛ.

Bible nkɔmhyɛ ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ, ‘obiara renka sɛ: Meyare.’ (Yesaia 33:24) Ɛmfa ho sɛ adesamma ntumi nnyaa AIDS ano aduru anaa wontumi nhwɛɛ wɔn a wɔwɔ bi nyinaa sɛnea ɛsɛ no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wobetu AIDS ase. Ɔhene Dawid kae sɛ: ‘Me kra, hyira Yehowa, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa. Ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa firi wo, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.’Dwom 103:2, 3.

Da bɛn na eyi bɛba mu? Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nhyira a ɛte saa no hɔ? Yɛto nsa frɛ wo sɛ hu Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛ wo bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Bible mu yi ho ade.—g04 11/22.

[Ase hɔ asɛm]

^ Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No a Yehowa Adansefo tintimii no aboa awofo pii ma wɔde ntoboase rekyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa ɔbarima ne ɔbea nna ne abrabɔ pa ho nsɛm atitiriw pii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Bible nkɔmhyɛ ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ ‘obiara renka sɛ: Meyare.’

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Wo mma a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea nna ne nnubɔnenom ho ade no betumi abɔ wɔn ho ban

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Tumi a Yesu wɔ ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsa ayarefo yare no kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ daakye