Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eyi Ara Na Mmofra Hia

Eyi Ara Na Mmofra Hia

Eyi Ara Na Mmofra Hia

Nsɛm a mmofra ne mpanyimfo a wɔde mfe pii akenkan Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no reka wɔ ho ara ne sɛ, ɛyɛ nhoma a ɛma mmofra hu nea ɛsɛ sɛ wohu. Abeawa bi a wadi bɛyɛ mfe 15, a ofi Sinaloa, Mexico gyee nhoma no mfuamfua 10 sɛ ɔde rema ne nnamfonom. Ɔkae sɛ, ɛwom sɛ ɔnyɛ Yehowa Dansefo de, nanso n’ani gye nhoma no ho yiye, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Mibu mo paa.”

Ɔkae sɛ: “Mewɔ nnamfonom pii a wɔwɔ asetra a wɔwom nnɛ no ho nsɛmmisa pii. Mede nhoma no akyerɛ wɔn, na wɔn ani agye ho yiye. Nhoma no ye paa, na biribiara a mmofra bɛpɛ sɛ wohu no bi wom.” Obisae sɛ ebia ne nsa bɛka nhoma no ansa na wɔakɔ ahohuru bere mu akwamma anaa.

Young People Ask nhoma no kura atiri 39. Atiri no bi ne: “Mɛyɛ Dɛn Ama M’awofo Ama Me Ahofadi Pii?” “Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?” “Nna a Edi Aware Anim Nso ɛ?” ne “Mɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Ɛyɛ Ɔdɔ Kann?” Sɛ ebia wopɛ sɛ wo nsa ka nhoma a ekura nkratafa 320 yi bi a, hyehyɛ ɔfa a wɔagyaw wɔ ase hɔ no na fa mena address a ɛka ho no anaa nea ɛfata wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.—g04 10/8.

□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi mmrɛ me.

Kyerɛ kasa ko a wopɛ

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.