Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa ne Ahobammɔ ma Mmofra

Mmoa ne Ahobammɔ ma Mmofra

Mmoa ne Ahobammɔ ma Mmofra

ƐYƐ awerɛhow sɛ abeawa—a ɔno ara da so yɛ abofra—benyinsɛn a onni kunu. Nanso mperewa nyinsɛn abu so, na ɛka obiara wɔ ɔkwan bi so. Awerɛhosɛm a ɛwɔ mperewa nyinsɛn mu no yɛ adanse biako a ɛkyerɛ teɛ a Onyankopɔn mmara a ese “munguan aguamammɔ” teɛ no.—1 Korintofo 6:18.

Ne nyinaa akyi no, ɛtɔ bere bi a, abeawa a wɔde Onyankopɔn akwan akyerɛkyerɛ no mpo bu n’ani gu nea onim so anaa ɔpo. Ɔde ne ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu na onyinsɛn. Sɛ ɛba saa a, dɛn na nokware Kristofo yɛ? Sɛ ɔdebɔneyɛfo no yɛ biribi de kyerɛ sɛ wanu ne ho a, ɛsɛ sɛ n’awofo ne afoforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no fi ɔdɔ mu boa no.

Susuw Nicole ho bio hwɛ. Na n’awofo retete no ama wabɛyɛ Yehowa Dansefo. Enti bere a onyinsɛnee a na onni kunu no, na ɛyɛ ahometew yiye. Nanso Nicole ka sɛ: “Na mfɛfo Kristofo taa ba me fie bɛhyɛ me nkuran sɛ menkɔ so nsua Bible no na ama mabɛn Yehowa.”

Yehowa Adansefo mpene nna mu ɔbrasɛe so wɔ ɔkwan biara so. Nanso wonim sɛ, sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm di dwuma a, ɔbɔnefo no betumi ‘asakra.’ (Romafo 12:2) Wɔwɔ gyidi a enhinhim sɛ, Onyankopɔn de nnebɔneyɛfo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn. (Efesofo 1:7) Wonim nso sɛ, sɛ abeawa no anyinsɛn bere a onni kunu mpo a, ne ba no de ɔnyɛɛ bɔne biara. Sɛ anka wɔbɛteetee abofra a ɔte saa no, nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo no mu da ɔdɔ, ayamhyehye ne ayamye adi kyerɛ no sɛnea wɔyɛ wɔ mmofra afoforo a wɔwɔ wɔn mu no ho ara pɛ.—Kolosefo 3:12.

Ɛna bi a onni kunu fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ankyɛ na ogyee Bible mu nsɛm no toom na ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetra mu. Ɔkaa Adansefo no ho asɛm sɛ: “Wɔn nyinaa fi komam kyerɛɛ me ne me mma no ho anigye. Sɛ ɛho behia a, na wɔde nnuan, ntade ne sika boa me. Ɛbere a mefatae sɛ mene Yehowa Adansefo bom kɔ asɛnka no, na wogye me ba no ma mitumi kɔ asɛnka. Wɔyɛɛ nea wobetumi biara de boaa me ma minyaa Yehowa ho dɔ a edi mu.”

Ɔkwan a Yɛbɛfa so Abɔ Wɔn Ho Ban

Nanso, nea eye ne sɛ yɛbɛboa mmofra no ama wɔakwati ɔhaw ahorow a ɛte saa no koraa. Ne saa nti Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ wɔn mma wɔ abusua no mu. Adansefo no mfa kwan bi so nhunahuna wɔn ara kwa—wɔmfa AIDS a wobenya anaa nyinsɛn ho hu nhyɛ wɔn mu—na mmom wɔbɔ mmɔden de Yehowa Nyankopɔn ne ne mmara ho dɔ dua mmofra no mu. (Dwom 119:97) Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mmofra ma wonya nimdeɛ a ɛfata wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho. Nea ehia kɛse no, wogye di sɛ ehia sɛ wɔde abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛkyerɛ wɔn mma fi mmofraase pɛɛ. (2 Timoteo 3:15) Wɔde nkyerɛkyerɛ ma wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so. Nanso wɔhyɛ awofo a wɔyɛ Adansefo nkuran sɛ wɔne wɔn mma nsua Bible no. Wɔayɛ nhoma bi te sɛ Questions Young People Ask—Answers That Work (Nsɛm a a mmofra bisa—Ɛho mmuae a mfaso wɔ so) na aboa awofo ma wɔde abrabɔ pa ho akwankyerɛ ama wɔn mma. *

Abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu a yebedi akyi pɛpɛɛpɛ no ne ɔbrasɛe a ahyɛ wiase yi mu ma no bɔ abira koraa. Nanso ɛyɛ ɔkwan a ebetumi ama mmeawa ɔpepem pii ade wɔn ho afi awerɛhosɛm a mperewa nyinsɛn de ba no ho.—g04 10/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Nokware Kristofo ne ɛnanom a wonni kununom di no ayamye mu na wodwen wɔn ho