Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mperewa Nyinsɛn—Wiase Nyinaa Haw

Mperewa Nyinsɛn—Wiase Nyinaa Haw

Mperewa Nyinsɛn—Wiase Nyinaa Haw

MPEREWA nyinsɛn atu atese wɔ baabiara. Nanso sɛ yeyi abeawa biako si hɔ susuw nsunsuansu a mperewa nyinsɛn de ba no so no ho a, ɛma yehu sɛnea awerɛhosɛm yi haw adwene kɛse fa. Wafa ne ho adi koraa no, obehu nsakrae pii wɔ n’asetram ntɛmtɛm a ɛbɛka n’ankasa, n’abusua ne n’adɔfo nso.

Mmofra a wɔadu mpanyin afe so wɔ nea Bible frɛ no “baabun a waso aware” bere mu—bere a ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ mu taa yɛ den no. (1 Korintofo 7:36) Nanso ɛbɛyɛ mmofrasɛm sɛ yebebu mperewa nyinsɛn sɛ efi awo a wɔmmɔ ho ban kɛkɛ. Adanse kyerɛ sɛ asetra ne nkate mu nsɛm pii a asete yɛ den na ɛde mperewa nyinsɛn ba.

Nneɛma a Ɛde Ba

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmofra a wɔwo mma no pii fi mmusua a emu apaapae mu. Nsɛm a mmeawa pii a wɔafa afuru taa ka ara ne sɛ: “Nea na mepɛ wɔ m’asetram nyinaa ne sɛ menya abusua bi a wɔbɛda ɔdɔ adi akyerɛ me.” Enti ɛda adi sɛ mmusua a agyigya tumi boa ma mperewa nyinsɛn ba. Ɛbɛdaa adi wɔ dwumadi bi a wɔyɛ de boa ɛnanom a wonnyinyinii no mu sɛ, mpɛn pii no “abusuabɔ a ɛda mmofra yi ne wɔn nanom ntam no nyɛ papa, na wɔn agyanom mpo de, wɔne wɔn mmɔ.” Anita a ɔwoe na wadi mfe 18 no ka sɛ, ɛwom sɛ na ne maame a onni hokafo no yɛ adwumaden ma ne nsa ka honam fam nneɛma a ohia de, nanso esiane sɛ na ne papa nni hɔ nti, na Anita da so ara te nka sɛ wahwere biribi.

Esiane mmonnaato nti, mmeawa foforo wo bere a wɔnwaree. Wɔ wɔn mu binom fam no, ɛte sɛ nea mmonnaato ma wodi yaw, na akyiri yi eyi tumi da adi wɔ sɛnea wɔyɛ wɔn ade basabasa no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔtoo Jasmine mmonnaa bere a na wadi mfe 15. Ɔka sɛ: “Ɛno akyi no, na ɛnhaw me koraa sɛ mɛyɛ biribi a ebepira me. Bere a midii mfe 19 no, minyinsɛnee.” Sɛ wɔto obi mmonnaa a, ebetumi ama wate nka sɛ ɔnsɛ hwee. Jasmine de awerɛhow ka sɛ: “Mibuu me ho sɛ onipa hunu bi.” Anita nso huu aninyanne a ɛte saa ara: “Wɔ me mfe 7 de rekɔ 11 ntam hɔ no, na aberantewaa bi to me mmonnaa. Na mempɛ nea ato me no. Misusuwii sɛ me ara na mama aba saa.” Bere a odii mfe 17 no, onyinsɛnee.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmabun binom nyinsɛn esiane gye a wogye wɔn ho di dodo na wɔyɛ wɔn ho asɛmpɛfo no nti. Nicole a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no gye tom sɛ: “Na misusuw sɛ minim biribiara, ɛne sɛ metumi ayɛ biribiara. Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛɛ na metumi awo nso.” Esiane sɛ Carol yɛɛ ne ho ɔsɛmpɛfo na ɔpɛe sɛ ohu sɛnea ɔbarima ne ɔbea nna te nti, ɔno nso woe bere a na ɔyɛ abofra koraa a onni kunu no. Ɔka sɛ, “Na mete nka sɛ merehwere biribi wɔ asetram.”

Ade foforo a ɛde mperewa nyinsɛn ba ne nim a wonnim nea efi ɔbarima ne ɔbea nna mu ba no. Sɛnea nnipa fekubɔ ho animdefo Karen Rowlingson ne Stephen McKay kyerɛ no, wɔ Britain no, mmofra binom “nni ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa . . . ne nea efi mu ba ho nimdeɛ papa, na mpo wonnim nea ɛde nyinsɛn ba.” Ɛte sɛ nea mmabun binom nnim abusuabɔ a ɛda ɔbarima ne ɔbea nna ne nyinsɛn ntam no. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, na ɛnanom a wonnyinyinii no “taa ka sɛ, wɔn ho dwiriw wɔn anaa ɛyɛɛ wɔn nwonwa bere a wohui sɛ wɔanyinsɛn no, ɛwom mpo sɛ na wɔnyɛɛ biribi mfa mmɔɔ awo ho ban de.”

Nanso, nea ɛde mperewa nyinsɛn ba paa ne ɔbarima ne ɔbea nna ho su foforo a wɔrenya no. Yɛte bere bi a nnipa ‘dɔ anigyede sen Nyankopɔn’ mu. (2 Timoteo 3:1-4) Australia nhwehwɛmufo Ailsa Burns ne Cath Scott ka sɛ “asotwe a ɔmanfo ne nyamesom de ma wɔn a wɔnyɛ awarefo nanso wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu no so atew koraa. Saa ara nso na mmara a ɛfa asotwe a aban de ma ho no mu agow.” Sɛnea na bere bi wobu mpenaba sɛ abusude no, ɛnnɛ ɛnte saa koraa. Nea ama aba saa ne sɛ, wɔ mmeae bi no, mmabun bu abawo sɛ abasobɔde bi anaa ade a wɔde hoahoa wɔn ho!

Akyi Yawdi

Ɔhaw ankasa a mperewawoɔ de ba no nyɛ bayerɛ a aberewa dwo. Sɛ mmeawa hu sɛ wɔanyinsɛn a, mpɛn pii no wɔn adwene tu fra. Wɔn mu pii ho dwiriw wɔn. American Academy of Child and Adolescent Psychiatry (Amerika adesuabea a ɛhwɛ mmofra ne mmabun adwenemyare) bɔ amanneɛ sɛ: “Mmeawa no bo taa fuw, wobu wɔn ho fɔ na wonnye nea ato wɔn no nni.” Nanso gye a wonnye nea asi no ntom no betumi ayɛ hu esiane sɛ ebia ɛremma abeawa no mpɛ aduyɛ akyi kwan.

Bere a Elvenia huu nea afi ɔbarima ne ɔbea nna mu aba no, ɔkae sɛ: “Mebɔɔ hu.” Mmeawa pii a wɔafa afuru no nni obi a wɔne no bɛka atirimsɛm, anaa ɛyɛ wɔn fɛre dodo sɛ wɔbɛka nea aba no ho asɛm. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ ebinom ma afobu ne ehu hyɛ wɔn so no. Mmeawa a wɔafa afuru no mu bebree nya adwenemhaw a emu yɛ den. Jasmine ka sɛ, “Na me nkwa ho nhia me bio, na na ɛnhaw me sɛ mewu.” *

Nanso ɛmfa ho sɛnea ebia mfiase no abeawa bi bɛyɛ n’ade biara no, ɛsɛ sɛ akyiri yi osisi gyinae a emu yɛ den ma ne ho ne ne ba no. Yebesusuw sɛnea mmeawa betumi asisi gyinae a ɛtete saa a nyansam wom ho wɔ yɛn asɛm a edi hɔ no mu.—g04 10/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wodi nkate a obi nya sɛ onkum ne ho so a, hwɛ asɛm “Nkwa So Wɔ Mfaso,” a epuei wɔ October 22, 2001 Engiresi Nyan! mu no mu.

[Adaka wɔ kratafa 19]

Mperewa Nyinsɛn—Ɛho Nokwasɛm a Ɛhaw Adwene

Ɛwom sɛ nea edidi so yi kyerɛkyerɛ tebea a ɛwɔ United States mu de, nanso ɛma yehu ɔhaw ahorow a ɛnanom a wonnyinii a wɔwɔ wiase nyinaa hyia no bi.

● Mmeawa 10 biara mu baanan nyinsɛn ansa na wɔadi mfe 20—mmofra bɛboro 900,000 na wonyinsɛn afe biara.

● Mmofra a wɔwo mma yi mu bɛyɛ 100 biara mu nkyem 40 nnii mfe 18.

● Wɔtaa yɛ awofo a wonnyinii mma basabasa, na wɔto wɔn asaworam sen mmofra a wɔn awofo anyinyin.

● Ɛnanom a wonnii mfe 18 yi 10 biara mu 4 na wotumi wie ntoaso sukuu.

● Mmarima 100 biara mu bɛyɛ nkyem 80 a wɔne mmeawa wo no nware wɔn.

● Mmofra a wɔwo mperewawoɔ a wɔware mmarima a wɔne wɔn nyinsɛnee no mu 100 biara mu nkyem 30 pɛ na wotumi tra aware a ɛte saa ase; sɛ mmea a anyɛ yiye koraa wɔadi mfe 25 no mu biako aware gu a, wɔn a wonnii mfe 20 no mu baanu aware na egu.

● Ɛnanom a wonnyinii taa wo bere a wɔn awo bere nsoe, na ɛyɛ a wɔn mma mu nyɛ duru, eyi taa ma mmofra no wuwu, wonya anifurae, asotiw, ɔhome mu nyarewa a ɛnkɔ da, wɔn adwene ntumi nkyere ade yiye, wonya adwenem yare, mmubui, wontumi nkenkan ade yiye na wɔn ani so yɛ hyew.

[Asɛm Fibea]

Wɔfa fii Mperewa Nyinsɛn de Nsɛm Pii na Ɛba: Egye nneɛma pii na wɔatumi asiw mperewa nyinsɛn ano, Ɔman Nhyehyɛe a Wɔde Siw Mperewa Nyinsɛn Ano, February 2002; Engiresi de.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 19]

Sɛnea Mperewa Nyinsɛn Te wɔ Wiase Nyinaa

BRAZIL: Sɛnea Brazil Aban Ayaresabea bɔ amanneɛ no, “mmeawa 698,439 a wonnii mfe 19 na wɔwoo mma wɔ 1998 mu, . . . ná mmeawa yi mu 31,857 adi fi mfe 10 kosi 14, mfe a wogye tom sɛ obi sua koraa sɛ ɔbɛwo.”—Atesɛm krataa Folha de S. Paulo, August 25, 1999.

BRITAIN: “Wɔ Europa Atɔe fam nyinaa no, Britain na mperewawoɔ dɔɔso paa . . . Mmofra bɛyɛ 90,000 na wonyinsɛnee wɔ England wɔ 1997 mu. Mmofra a wonyinsɛnee yi mu bɛyɛ 56,000 wowoe, na na eyinom mu 100 biara mu nkyem 90 (bɛyɛ 50,000) nni kununom.”—Lone Parent Families, 2002.

MALAYSIA: “Efi 1998 mu no, mpena mma a wɔawo wɔn ɔman no mu no adɔɔso, na ɛnanom yi mu dodow no ara adi bɛyɛ mfe 17 kosi 19.”—Atesɛm krataa New Straits Times–Management Times, April 1, 2002.

RUSSIA: “Aban akontaabu kyerɛ sɛ, mmofra baasa biara a wɔwoo wɔn afe a etwaam wɔ Russia no mu biako yɛ mpena ba, na ɛyɛ mfe du a atwam de no dodow mmɔho abien. Ɛyɛ ade a wonhuu bi da fi Wiase Nyinaa Ko II no mu. Mmofra yi mu bɛboro 100 biara mu nkyem 40 na wɔn nanom nnii mfe 20.”—Atesɛm krataa The Moscow Times, November 29, 2001.

UNITED STATES: “Ɛmfa ho sɛ nnansa yi mperewa nyinsɛn so retew no, mmofra a wonnii mfe 20 mu 10 biara mu nkyem 4 nyinsɛn anyɛ yiye koraa no pɛn koro ansa na wɔadi mfe 20.”—Whatever Happened to Childhood? The Problem of Teen Pregnancy in the United States, 1997.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ awofo gyae aware a, ɛnyɛ den sɛ wɔn mma a wonyinii no benyinsɛn

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛte sɛ nea mmabun binom nnim abusuabɔ a ɛda ɔbarima ne ɔbea nna ne nyinsɛn ntam no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nyinsɛn tumi haw abeawa ne n’adɔfo nyinaa kɛse