Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mperewawoɔ

Mperewawoɔ

Mperewawoɔ

“Ná aberante a me ne no wɔ hɔ no ho yɛ fɛ. Ɔwɔ sika, yetumi kɔ mmeae horow kogye yɛn ani. Bere a me bra paa ho no, mihui sɛ biribi atoto. Ná mɛyɛ dɛn aka akyerɛ me maame? Asɛm bɛn ni? Na madi mfe 16 pɛ, na na minhu nea menyɛ.”—Nicole.

ƐNNƐ, Nicole * adi bɛyɛ mfe 36. Ɔyɛ ɛna a ne mma baasa no wɔ ne mu ahotoso na ɔwɔ ahoɔden nso. N’abakan no adi mfe 20. Mfe bi a atwam no, na ɔka mmeawa ɔpepem pii a wɔnwaree nanso wɔfaa afuru no ho. Te sɛ mmofra foforo a wɔwo mma no, ɔno nso tee nka sɛ ɔhaw a na ɔrehyia no ani sõsõ a ɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ná ɛsɛ sɛ osi gyinae a emu yɛ den, na na onnim sɛnea ebewie no.

Nicole ntaa nka n’abɛbrɛsɛ, ehu, abufuw ne abasamtu a ɔfaa mu bere a na aka kakra ma wadi mfe 20—bere a nea n’atipɛnfo dwene ho ara ne ntade a wɔbɛhyɛ ne wɔn sukuu sɔhwɛ—no. Nanso na Nicole tebea no nnyee nsam. Na ofi abusua bi a ɔdɔ wom a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde abrabɔ pa ho nnyinasosɛm bedua ne mu mu. Ɛwom sɛ bere bi obuu n’ani guu saa nnyinasosɛm no so ma onyaa ho asotwe de, nanso akyiri yi nnyinasosɛm koro yi ara boaa no ma onyaa asetra a atirimpɔw wom. Asɛm a na ɔtaa ka ara ne sɛ: “Akyea nanso emmui.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ mmofra a wɔwo mma nyinaa na wɔwɔ mmusua a wɔboa wɔn anaa wɔwɔ anidaso a ɛte saa. Ɛnkyɛ na wɔn mu pii di hia buruburoo a wotwa wɔn ho a entwa. Wɔn mu binom nso wɔ hɔ a, mmonnaato ne basabasa a wɔyɛɛ wɔn no ma wodi yaw.

Eyinom mu biara betumi ama mma a mperewawoɔ ma wɔwo wɔn no ahu amane. Teen Moms—The Pain and the Promise (Mperewawoɔ—Emu yaw ne nnepa a etumi fi mu ba) nhoma no ka sɛ: “Sɛ mmofra wo a, wɔn mma mu taa yɛ hare, mmofra no taa yareyare, wowuwu, wonnya aduyɛ papa, ɔkɔm de wɔn na wonnya aduanpa nni; afoforo taa yɛ wɔn basabasa, na wonnyini ntɛm te sɛ mmofra a wɔn nanom nyinii ansa na wɔrewo wɔn no.” Nokwarem no, sɛ mmeawa wo a, mpɛn pii no wɔn mma no nso wo ntɛm sen mmeawa a wɔn nanom nyinii ansa na wɔrewo wɔn no.

Mperewa nyinsɛn mu atrɛw akodu he? Ɛbɛyɛ dɛn na wɔn a wɔwo mperewawoɔ no atumi agyina mmofra ntetee ho haw a wohyia no ano? So ɔkwan bi wɔ hɔ a ebetumi aboa mmofra ama wɔakwati koraa sɛ wɔbɛtɔ ɔhaw a ɛte saa mu? Nsɛm a edidi so yi bɛpɛɛpɛɛ nsɛmmisa yi mu.—g04 10/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.