Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mperewawoɔ Ho Haw Ano a Wobegyina

Mperewawoɔ Ho Haw Ano a Wobegyina

Mperewawoɔ Ho Haw Ano a Wobegyina

NEA mperewa nyinsɛn de ba wo so ara ne sɛ wudwen sɛ ɔpanyin bere a wonyɛ ɔpanyin. Ɛna bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Ɛte sɛ nea madi mfe 40. Mante me mmofraberem dɛ.” Nokwarem ni sɛ abeawa bi hu sɛ wanyinsɛn a, ehu ne dadwen betumi ahyɛ ne so kɛse.

Sɛ woyɛ abeawa a woanyinsɛn a, ebia wobɛte nka saa ara. Nanso sɛ woma atenka bɔne hyɛ wo so a, adepa biara remfi mu mma. Bible ka sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.” (Ɔsɛnkafo 7:8; 11:4) Sɛ okuafo ma wim tebea hunahuna no a, ontumi nyɛ adwuma. Enti kwati sɛ wode wo nsa bɛhyɛ wo damirifa mu. Ɛsɛ sɛ wokɔ so bɔ wo bra nkakrankakra de di w’asɛde ho dwuma.—Galatifo 6:5.

Dɛn na wubetumi ayɛ? Ebia ebinom bɛka akyerɛ wo sɛ yi nyinsɛn no gu. Nanso wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no ntumi nyɛ eyi, esiane sɛ Bible ma emu da hɔ pefee sɛ nyinsɛn a woyi gu tia Onyankopɔn mmara. (Exodus 20:13; 21:22, 23; Dwom 139:14-16) Wɔ Onyankopɔn ani so no, nkokoaa a wɔyɛ mogyatɔw wɔ wɔn nanom yam—a wɔn a wɔanyinsɛn wɔn bere a wɔnwaree no mpo—nkwa som bo.

Na sɛ abeawa no bɛware abofra no agya na wɔn baanu atete no nso ɛ? Ebia wobɛdwen sɛ anyɛ hwee mpo no, aware a ɛte saa no bɛtew w’animguase so. Nanso sɛ aberantewaa bi te nka sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔboa wɔ abofra no ntetee mu mpo a, ɛnyɛ bere nyinaa na nyansa wom sɛ woware no. * Wo a aberante bi betumi awo no nkyerɛ sɛ wanyin wɔ nkate ne adwene mu a enti ɛbɛma wayɛ okunu pa anaa agya pa. Na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ obetumi anya sika de ahwɛ yere ne ba. Bio nso, sɛ aberante no ne wo nni ɔsom mu gyidi biako a, aware a wode wo ti rekɔhyɛ mu no betia Bible afotu a ɛkyerɛ sɛ wɔnware “Awurade mu nko” no. (1 Korintofo 7:39) Osuahu kyerɛ sɛ, sɛ obi pere ne ho ware a, ɛnkyɛ na wahu sɛ yawdi ne amanehunu na wafa ato ne ho so.

Na sɛ́ wode abofra no bɛma abagye nso ɛ? Ɛda adi sɛ eyi ye sen sɛ wubeyi nyinsɛn no agu de, nanso ɛsɛ sɛ wususuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, ɛmfa ho ne tebea bɔne yi nyinaa no, wowɔ hokwan a ɛbɛma woatete wo ba no.

Nsɛnnennen no Ano a Wubegyina

Nokwarem no, sɛ́ wobɛtete abofra bere a wunni ɔhokafo no nna fam. Nanso sɛ wudi Bible nnyinasosɛm ahorow akyi sɛnea wubetumi biara na wode wo ho to Onyankopɔn so hwehwɛ ahoɔden ne akwankyerɛ a, wubetumi adi ɔhaw pii ho dwuma yiye. Nea ɛwɔ ha yi yɛ akwan no bi a wubetumi afa so, na aboa wo ama woagyina.

Wo ne Onyankopɔn nsan nnya abusuabɔ pa. Kae sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim tia Onyankopɔn mmara—ɛyɛ bɔne a etia n’abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn no. (Galatifo 5:19-21; 1 Tesalonikafo 4:3, 4) Enti ade a ehia sɛ wudi kan yɛ ne sɛ wobɛsakra na wasrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne mfiri wo. (Dwom 32:5; 1 Yohane 2:1, 2) Nokwarem no, ebia wobɛte nka sɛ womfata sɛ ɔboa wo. Nanso Yehowa ahyɛ bɔne fafiri ho bɔ, na ɔboa wɔn a wɔsakra fi wɔn bɔne ho no. (Yesaia 55:6, 7) Yehowa ka wɔ Yesaia 1:18 sɛ: “Sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma [bɔne a emu yɛ duru] a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma [ɔbɛpopa koraa].” Bible no nso hyɛ adebɔneyɛfo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ honhom mu mmoa a asafo mu mpanyimfo a wɔapaw wɔn de ma no.—Yakobo 5:14, 15.

Mfa wo ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim mu bio. Nea eyi kyerɛ ara ne sɛ wo ne abofra no agya betwa ayɔnkofa a ɛda mo ntam no mu. Saa ayɔnkofa a ɛbɛkɔ so bere a monyɛ awarefo no bɛhyɛ wo ama woakɔ so ayɛ nneyɛe a Onyankopɔn mpɛ. Mma wo werɛ mfi da sɛ, ɛwom sɛ Onyankopɔn mmara yɛ pintinn de, nanso ɛbɔ yɛn ho ban. Nicole a mfiase no yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ: “Mibehui sɛ Onyankopɔn di bem. Ɔpɛ sɛ yɛn ho tɔ yɛn.”—Yesaia 48:17, 18.

Bɔ w’awofo amanneɛ. Ebia wubesuro sɛ w’awofo bɛfa wo ho abufuw. Nokwasɛm ni, sɛ wɔte sɛ woanyinsɛn a, ɛbɛhaw wɔn. Ebi mpo a wɔbɛte nka sɛ, sɛ awofo no, wɔammoa wo sɛnea ɛsɛ, na wɔasusuw sɛ wɔn na wɔama woabu brabɔne. Nanso sɛ w’awofo suro Onyankopɔn ampa a, awerɛhow ne yaw a wobedi no de nkakrankakra begyae. Wɔyɛ w’awofo, na ɛmfa ho mfomso a woadi no, wɔda so ara dɔ wo. Sɛ wohu sɛ woanu wo ho a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛpɛ sɛ wosuasua ɔba hohwini no agya a Yesu de no yɛɛ mfatoho no na wɔafi ɔdɔ mu de wo bɔne afiri wo.—Luka 15:11-32.

Kyerɛ nea wɔyɛ no ho anisɔ. Awofo, abusuafo, ne nnamfo taa de mmoa a ɛso bi nni ma. Sɛ nhwɛso no, ebia a w’awofo bɛyɛ nhyehyɛe ama woakɔ ayaresabea. Bere a woawo no, ebia wɔbɛkyerɛ wo sɛnea wɔhwɛ mmofra ho nneɛma atitiriw bi; na ebi mpo a wɔagyigye abofra no ama wo. Nicole ka ne maame ho asɛm sɛ, “Me na mewoe, nanso ɔboaa me kɛse.” Saa ara nso na ebia nnamfo bɛboa, na ebi mpo a wɔnam anifere kwan so bɛtotɔ mmofra ntade ne nneɛma afoforo a ɛso betumi aba wo mfaso ama wo. (Mmebusɛm 17:17) Sɛ obi yɛ wo adɔe a, di Bible mu afotu akyi ‘na kyerɛ sɛ wowɔ ayɛ.’ (Kolosefo 3:15) W’ano a wode bɛka sɛ, meda wo ase no bɛma nnipa a wɔyɛɛ saa no ate nka sɛ w’ani sɔ wɔn adɔe no.

Sua abayɛn ho ade. Nokwarem no, worempɛ sɛ w’abusua ne wo nnamfonom som wo daa. Ne saa nti fi ase sua biribi a ɛbɛboa wo ama woanya ahotoso kakra a ɛbɛma woatumi ahwɛ wo ba no ne wo fie so. Sɛ́ wobɛhwɛ abofra a ontumi nyɛ ne ho hwee no nna fam. Ɛsɛ sɛ wusua pii fa nnuan a ɛma apɔwmuden, akwahosan ne nneɛma afoforo a ɛfa mmofra hwɛ ho. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ Bible no kyerɛkyerɛ Kristofo mmea mpanyimfo sɛ wɔnkyerɛ mmabaa no ‘fie nnwuma.’ (Tito 2:5) Akyinnye biara nni ho sɛ wo maame—ne ebia mmea mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no—betumi de eyi ho ntetee bi a mfaso wɔ so ama wo.

Hwɛ sika so yiye. Bible ka sɛ ‘sika ma ahobammɔ.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Abofra a woawo no no nti, wubehia sika pii de ayɛ ade.

Nea edi kan no ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ mmoa a aban de ma a wofata sɛ wugye bi no. Nanso mpɛn pii no ɛyɛ a abeawa no awofo na wɔkɔ so ara ma no sika. Sɛ ɛte saa wɔ wo fam a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ worensɛe sika pii, na ɛno bɛkyerɛ sɛ wodwene afoforo ho. Ɛwom, wobɛpɛ sɛ wotɔ ade mono ma wo ba no de, nanso wubetumi atɔ wo bo ahwehwɛ nneɛma a ne bo nyɛ den wɔ sotɔɔ a wɔtɔn nneɛma dedaw wom mu ama no.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ sukuu kakra. Mmebusɛm 10:14 ka sɛ: “Anyansafo kora nimdeɛ.” Bere a eyi fa Bible mu nimdeɛ ho titiriw no, ɛte saa ara wɔ nhomasua mu nso. Ɛsɛ sɛ wunya nimdeɛ a ɛfata wɔ nneɛma bi ho na wode abɔ bra.

Nokwarem no, sɛ worehwɛ abofra a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛkɔ sukuu. Nanso sɛ woankɔ sukuu kakra a, ebetumi ahia wo ne wo ba no, na ɛbɛma woahwehwɛ mmoa afi aban hɔ bere nyinaa, worennya adwuma pa, adan pa anaa aduampa nni wo nkwa nna nyinaa. Enti sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nnyae sukuu. Nicole maame hwɛ ma owiee sukuu, ne saa nti, akyiri yi Nicole nyaa ntetee sɛ mmaranimfo adwumayɛ boafo ma ɔde hwɛɛ ne ho.

Adɛn nti na wonhwehwɛ mu nhwɛ sɛ ebia wubenya hokwan bi asua ade anaa? Sɛ sukuu dan mu a wobɛkɔ na ɛyɛ wo den a, ebia wubetumi asua ade wɔ fie. Sɛ nhwɛso no, ebia wo tebea no nti, ade a wubesua denam nkrataa kyerɛw so no betumi aboa wo.

Ebetumi Asi Wo Yiye

Egye animia na abeawa a onni kunu atumi atete abofra. Nanso ebetumi asi wo yiye! Ɛdenam boasetɔ, animia ne Yehowa Nyankopɔn mmoa so no, wubetumi abɛyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ, ɔyɛ nsi na ne ba wɔ ne mu ahotoso nso. Mpena mma betumi anyin abɛyɛ mpanyin pa. Ɛne sɛ, ebia ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ wo ba no redi nkyerɛkyerɛ ne ntetee a wode rema no no so, na wabɛyɛ obi a ɔdɔ Onyankopɔn.—Efesofo 6:4.

Nicole ka no saa kwan yi so sɛ: “Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so—ɛmfa ho ɔhaw nyinaa akyi—no, m’ani gye sɛ maboa me babea ketewa ama wabɛyɛ ababaa yamyefo, obu ade na odi n’asɛde ho dwuma. Sɛ mehwɛ no a, ɛma mekae bere a na nnakorokoro kye me anadwo no, nanso ɛma m’ani gye.”

Nanso ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne ɛnanom a wonnyinii ne wɔn mma di nsɛm? So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so aboa mmabun ama wɔakwati mperewa nyinsɛn koraa?—g04 10/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Wɔasusuw asɛyɛde ne nsɛnnennen a agyanom a wonyinii betumi ahyia ho wɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” a ɛwɔ May 8, 2000, ne June 8, 2000, Nyan! no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Ɛnanom a wonnyinii hyia abatete mu nsɛnnennen pii

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Ɛnyɛ ware a wobɛware ntɛm no ne ano aduru

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Kristofo mpanyimfo betumi aboa mmabun a wɔayɛ bɔne ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Eye sɛ ɛnanom a wonni kununom no bewie mfitiase sukuu