Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nairobi—“Beae A Nsuonwini Wɔ”

Nairobi—“Beae A Nsuonwini Wɔ”

Nairobi—“Beae A Nsuonwini Wɔ”

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

“Ɔwora asase a ɛda hɔ pradadaa na ahum tu wɔ so a ɔdesani biara nte so no so na mmoadoma ɔpepem pii te. Ade biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ na nnipa tumi kɔ hɔ ne ɔkwan bi a na ɛda asasetaw a nsu taa taa so ano no.”—“THE GENESIS OF KENYA COLONY.”

NSƐM yi kyerɛkyerɛ sɛnea na Nairobi te bɛyɛ mfe ɔha ne kakra a atwam ni no mu. Ná ɛyɛ agyata, bɛnkoro, asebɔ, kɔntenten, awɔ a wɔn ano wɔ bɔre ne nkekammoa afoforo pii atrae. Na Masaifo akokodurufo no de wɔ anantwi ba nsuten a ɛda beae hɔ no ho ma wɔbɛnom bi. Na atutrafo yi ani gye saa beae yi yiye. Nokwasɛm ne sɛ, Masaifo no frɛɛ asubɔnten no Uaso Nairobi, a ɛkyerɛ “Nsuonwini,” na beae a nsu no da no nso wɔfrɛɛ no Enkarre Nairobi, a ɛkyerɛ “Beae a Nsuonwini Wɔ”—ɛnam eyi so na beae a na ɛbɛsesa Kenya abakɔsɛm koraa no nyaa ne din.

Ade titiriw a ɛmaa Nairobi nyaa nkɔso ne keteke kwan a na bere bi wɔfrɛ no Lunatic Express a woyi too Kenya no. * Eduu 1899 mfinimfini mu hɔ no, na wɔayi kwan a ne tenten yɛ akwansin 327 a efi kuropɔn Mombasa, a ɛda po ano kosi Nairobi, no awie. Eduu saa bere no, na adwumayɛfo no rehu amane wɔ “Tsavo mmoa a wɔwe nnipa,” agyata abien a na wɔakunkum wɔn mu bi no nsa ano. Bere koro yi ara mu no na wɔreyɛ adwumaden wɔ Abɔn Akɛse no mu. Esiane sɛ na keteke kwan no bɛkɔ akyiri nti, na mfaso nni so bio sɛ wogyaw wɔn nnwinnade gu Mombasa, beae titiriw a na wɔkora wɔn nneɛma no. Enti ɛmfa ho sɛ na Nairobi kurow no nna beae pa no, adwumayɛfo no behui sɛ ɛhɔ yɛ beae a ɛfata sen biara a wobetumi agye wɔn ahome asan akora wɔn nnwinnade nyinaa wɔ hɔ. Eyi na ɛmaa akyiri yi Nairobi bɛyɛɛ Kenya kuropɔn no.

Wɔ afeha 20 mfiase no, wɔpaw Nairobi ma ɛbɛyɛɛ Kenya a na saa bere no wɔfrɛ no East Africa Protectorate a na wɔatew no foforo no ahenkurow. Sɛ wodii kan yɛɛ nhyehyeɛ pa, kyekyee kurow no yiye a, anka ɛbɛboa kurow a na ɛretrɛw no. Mmom no, wosisii adan a ɛnyɛ fɛ petee keteke kwan no ho. Esiane sɛ na wɔde nnua, nkankyee a amoamoa ne nneɛma foforo a ɛnsom bo ahe biara na asisi adan no nti, na Nairobi kurow no ayɛ sɛ akuraa bi mmom sen sɛ kurow a daakye ɛbɛdan kuropɔn a nnipa a wofi aman afoforo so bɛba abɛtra mu. Adan kakra a na wɔasisi wɔ Nairobi wɔ afeha 20 mfiase no ankyerɛ sɛ na kurow no bɛba abɛyɛ kuropɔn bi. Afei nso, na nkekammoa a wodi akɔneaba wɔ kurow no mu no hunahuna ɔmanfo daa.

Ankyɛ koraa na nyarewa tew sii kurow a na wɔakyekye no foforo no mu. Yaredɔm a ɛtew sii kurow no mu no bɛyɛɛ sɔhwɛ a edi kan a na ɛyɛ den ma kurow no mu mpanyimfo sɛ wɔbɛsɔw ano. Na wɔbɛyɛ dɛn asiw ano ntɛm? Wɔde ogya tow kurow no fã a na yare no asi hɔ no mu hyew no dwerɛbee! Wɔ mfe 50 a edi hɔ no, sɛɛ na Nairobi de nkakrankakra bɛfa ne ntama pa afura abɛyɛ kurowpɔn a aguadi kɔ so ne beae titiriw a ɔmanfo bɛyɛ wɔn nneɛma wɔ Afrika Apuei.

Sɛnea Wɔkyekyee Nnɛyi Kuropɔn No

Esiane sɛ Nairobi kurow no da pampa a ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn 5,500 so nti, sɛ wugyina hɔ a wuhu nsase a ɛda ho no. Da a ewim tew no, wubetumi agyina hɔ ahu mmeae titiriw abien a agye din wɔ Afrika a woremmrɛ koraa. Sɛ woto w’ani hwɛ kurow no atifi a, wuhu Bepɔw Kenya, a ne tenten yɛ anammɔn 17,058 no. Ɛno ne bepɔw a ɛware paa wɔ ɔman no mu ne nea ɛtɔ so abien wɔ Afrika. Sɛ woto w’ani hwɛ anaafo fam hwɛ Kenya ne Tanzania hye so a, wuhu Bepɔw Kilimanjaro a ne tenten yɛ anammɔn 19,340, bepɔw a ɛware paa wɔ Afrika no. Mfe 150 a atwam ni no, Europafo a wɔyɛ asase ho animdefo ne abɔrehufo ho dwiriw wɔn sɛ wohuu sukyerɛma ne nsukyenee a bere nyinaa ɛwɔ Kilimanjaro a ɛbɛn asase nkyempɛ no so no.

Sɛ yɛhwɛ kuropɔn no ho abakɔsɛm a adi boro mfe 50 no a, sɛnea na Nairobi kurow no te no asakra koraa. Sɛnea kurow no reyɛ kɛse no gyina abansoro atenten pii a wogu so resisi no so. Abansoro atenten a nnɛ wɔde nhwehwɛ ne nnade asi a sɛ owia rekɔtɔ na sɛ ɛhyerɛn tɔ so a ɛtew yerɛwyerɛw no yɛ ade a ɛyɛ fɛ yiye. Sɛ ɔhɔho bi kɔ Nairobi gua-kɛse mu a, ebia ɛbɛyɛ no nwonwa sɛ ɔbɛte sɛ asase a ɔnam so no yɛ beae a mfe ɔha pɛ a twam ni no na ɛyɛ nkekammoa atrae—beae a na ɛyɛ hu sɛ nnipa bɛkɔ.

Bere bi akyi no ɛsakrae. Wɔkraa nnua ne nhwiren ahorow a ɛyɛ fɛ fii amannɔne beduae wɔ hɔ. Enti akwan a bere bi na ɛyɛ mfuturu no de nkakrankakra bɛdanee akwan a nnua agye fã ne fã, a sɛ owia bɔ a, ɛma wɔn a wɔfa so no nya onwini. Wɔ kuropɔn no mfinimfini baabi no, nnua akuwakuw bi sisi hɔ a anyɛ yiye koraa no nnua ahorow bɛyɛ 270 na ɛwom. Yebetumi ate nea nti a nhoma kyerɛwfo foforo bi ka faa Nairobi ho sɛ “ɛte sɛ nea wɔkyekyee kurow no wɔ kwae mfinimfini” no ase. Afifide pii a ɛwɔ hɔ no aboa ma ɔhyew a ɛwɔ Nairobi no fata—wim yɛ hyew awiabere na sɛ edu anadwo a, na wim adwo fɔmm.

Baabi a Nnipa Pii a Ɛsono Wɔn Amammerɛ Te

Nairobi atwetwe nnipa horow nyinaa bi aba hɔ te sɛ nea twebo kɛse bi twetwe ade no. Nnipa a seesei wɔwɔ kuropɔn no mu no dodow boro ɔpepem abien. Keteke kwan a wowiei no na ɛmaa nnipa pii bɛtraa hɔ. Indiafo a wɔboa ma woyii keteke kwan no kaa hɔ buebuee nnwuma akɛse, na ɛtrɛw kɔɔ ɔman no nyinaa mu. Afoforo a wofi Australia, Canada ne Afrika aman afoforo pii mu nso bae bɛbuebuee nnwuma wɔ hɔ te sɛ Indiafo no.

Nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ nyinaa bi wɔ Nairobi. Sɛ obi nam abɔnten so a, ebia obehyia Indiani bea bi a ɔhyɛ n’atade yuu a ɔrekɔ aguadidan mu, Pakistani mfiridwumayɛfo a ɔde ahopere rekɔ adwumayɛbea, wimhyɛn mu dwumayɛni bi a ofi Netherlands a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ a ɔrepɛ dan wɔ ahɔhodan mu, anaa Japanni adwumawura bi a ɔrepɛ ntɛm akɔ nhyiam titiriw bi wɔ aguadi nhyehyɛe asoɛe a ɛwɔ Nairobi no. Bio nso, wubehu wɔn a wofi kuropɔn no mu sɛ wɔretwɛn wɔ hyɛn gyinabea; sɛ wɔretɔn wɔn nneɛma wɔ apata ase, petee mu ne sotɔɔ mu; wɔn a wɔreyɛ adwuma wɔ adwumayɛdan mu anaa mfiridwumayɛbea pii a ɛwɔ Nairobi no.

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Kenyafo kakraa bi a wɔte kuropɔn no mu no na wobetumi aka sɛ wofi “Nairobi ankasa.” Nnipa dodow no ara fi ɔman no mmeae foforo na aba sɛ wɔrebɛpɛ “asetra pa.” Ne nyinaa nka mfuaw, nnipa a wɔte Nairobi no wɔ adamfofa su na wɔpɛ ahɔhoyɛ nso. Ebia ahɔhoyɛ su a ɛte saa nti na wiase nyinaa ahyehyɛde ne akuw pii adwumayɛbea ti wɔ hɔ no. Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Abɔde a Atwa Yɛn Ho Ahyia So adwumayɛbea ti kɛse no wɔ Nairobi.

Dɛn Na Ɛtwetwe Nsrahwɛfo Kɔ Hɔ?

Mmoadoma pii wɔ Kenya. Mmoa yɛmmea pii a ɛwɔ hɔ no da so ara twetwe nsrahwɛfo mpempem pii kɔ hɔ afe biara. Nairobi na wɔtaa fi yɛ akwantu dodow a wɔde kɔhwehwɛ mmeae no ho nhyehyɛe. Nanso Nairobi ankasa yɛ beae a afoforo kɔ hɔ nsrahwɛ. Nkuropɔn a ɛwɔ wiase a mmoa tumi kyinkyin wɔn aboboano no nnɔɔso. Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea, a sɛ wufi kuropɔn no mfinimfini rekɔ hɔ a ennu akwansin asia no yɛ beae a nsrahwɛfo ani gye hɔ yiye. * Ɛha na obi behu mmoa a bere bi na wɔte Nairobi no ankasa. Dade nhama a wɔde agye ban no na ɛtew mmoa no ne nnipa a wɔte hɔ no ntam. Ɛnkyɛe koraa, wɔ September 2002 mu no, wokyeree ɔsebɔ nini bi a wanyin yiye a na wayera afi kwae a ɛbɛn hɔ no mu wɔ ofie bi asa so wɔ Nairobi!

Egye simma kakraa bi na obi anantew afi kuropɔn no mfinimfini akɔ Nairobi Tete Nneɛma Akorae hɔ. Nsrahwɛfo pii ba ha da biara besua Kenya ho abakɔsɛm a ɛyɛ anigye no ho ade. Beae bi wɔ tete nneɛma akorae hɔ a mmoadoma a wɔwea fam nyinaa bi wɔ. Ɛte sɛ nea gyen a nsrahwɛfo gyen wɔn ani hwɛ dɛnkyɛm no nhaw no koraa. Akyekyere bi nso, ɛmfa ho ne ne nantew nyaa no, ɛte sɛ nea bagyabagya a afoforo a wɔatwa ne ho ahyia yɛ no mfa ne ho koraa. Nanso mmoa titiriw a wɔwɔ ha no yɛ wɔn a wɔde wɔn afuru wea fam no bi—ɔprammiri, enini ne nhurutoa. Esiane saa mmoa yi nti, sɛ wonam hɔ a, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ na wohwɛ kɔkɔbɔ nsɛm yi: “Hwɛ Yiye, Na Awɔ a Wɔn Ano Wɔ Bɔre Wɔ Ha”!

Nsu a Egu Ahorow

Asubɔnten a wɔde ne din too Nairobi no da so ara tene, nanso nsufĩ a efi mfiridwuma ne afie mu resɛe no. Ɛtaa ba saa wɔ nkurow a afei na ɛreyɛ kɛse no mu. Nanso mfe pii a abɛsen kɔ mu no, nnipa a wɔte Nairobi no anya “nsu” a efi beae pa. Eyi ne Bible mu nkrasɛm a ɛma nkwa a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no.—Yohane 4:14

Wɔ 1931 mu, bere tenten ansa na Nairobi regye din a ɛnnɛ anya no, Gray ne Frank Smith, anuanom baanu a wofi South Africa baa Kenya nsrahwɛ a na wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔrebɛtrɛw nokware a ɛwɔ Bible mu no mu. Wɔfaa keteke kwan a na efi Mombasa no so kɔfaa mmeae bi a na ɛhɔ yɛ hu; na ɛtɔ mmere bi mpo a, na wɔda mmeae a ɛbɛn nkekammoa no. Woduu Nairobi no, wɔbɔɔ mmɔden kyekyɛɛ nhomawa 600 kaa Bible ho nhoma foforo ho. Ɛnnɛ, Adansefo bɛyɛ 5,000 na wɔwɔ asafo 61 a ɛwɔ Nairobi kuropɔn mu no mu. Ɛdenam asafo nhyiam, ɔmansin, ɔmantam ne amanaman ntam nhyiam ahorow so no, seesei nnipa a wɔte Nairobi no nim Yehowa Adansefo dwumadi ahorow mu yiye. Nnipa pii de anigye agye wɔn Bible mu anidaso asɛm a wɔka no atom.

Daakye Pa Bi Wɔ Hɔ

Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔntaa nsisi adan pa wɔ nkuropɔn a mfiridwuma wom no mu . . . Efĩ a efi mfiridwuma mu no sɛe mframa ne nsu.” Saa na ɛte wɔ Nairobi. Na esiane sɛ da biara da nnipa tu fi nkuraase ba kurom nti, ebia ɔhaw yi bɛdɔɔso. Sɛ ɔhaw no kɔ so saa ara a, sɛnea Nairobi kurow no yɛ fɛ no betumi asɛe.

Nanso anigyesɛm ne sɛ, bere bi reba wɔ Onyankopɔn Ahenni mu a nnipa nyinaa bɛte asetra mu dɛ akosi ase—asetra a ɔhaw a ɛnnɛ ɛma kuropɔn mu asetra yɛ den biara nnim.—2 Petro 3:13.—g04 11/8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Sɛ wopɛ keteke kwan a woyii no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “East Africa’s ‘Lunatic Express,’” a ɛwɔ September 22, 1998, Engiresi Nyan! kratafa 21-4 mu no.

^ Hwɛ June 8, 2003, Nyan! kratafa 15-18 mu.

[Asase mfonini wɔ kratafa 28]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Nairobi

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Bepɔw Kilimanjaro

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Bepɔw Kenya

[Asɛm Fibea]

Duncan Willetts, Camerapix

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Gua so

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Frank ne Gray Smith wɔ 1931 mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

© Crispin Hughes/Panos Pictures