Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu

Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu

Nkɔanim a Wɔanya Wɔ Ko a Wɔreko Tia AIDS No Mu

Oduruyɛfo Gerald J. Stine kyerɛwee wɔ ne nhoma AIDS Update 2003 no mu sɛ: “Eyi ne bere a edi kan koraa wɔ adesamma abakɔsɛm mu a wɔde bere tiaa bi asua yare a ɛyɛ hu saa ho ade.” Ɔkyerɛ sɛ “HIV/AIDS ho nhwehwɛmu a wɔayɛ no yɛ nyansahu mu nkɔanim a ɛda nsow no mu biako.” Dɛn na wɔatumi ayɛ?

NIMDEƐ a wɔanya wɔ nnyɛyi nnuruyɛ mu ne ahokokwaw a nhwehwɛmufo de yɛ adwuma no ama wɔatumi akeka nnuru bi abom ma enti wɔn a wɔwɔ HIV no anya anidaso foforo. Bio nso, AIDS ho nkyerɛkyerɛ a wɔde ma ɔmanfo no asow aba wɔ aman pii so. Nanso, so mfaso a afi dwumadi ahorow yi mu aba no kyerɛ sɛ owuyare yi awiei abɛn? So mmɔden a nyansahufo rebɔ ne nkyerɛkyerɛ a wɔde rema ɔmanfo no betumi asiw trɛw a AIDS retrɛw no ano? Susuw nea edidi so yi ho hwɛ.

Aduru a Wɔde Ma

Asɛmti a epuei wɔ Time nsɛmma nhoma a ɛbae September 29, 1986 anim no kenkanee sɛ: “Anidaso Kakra Wɔ Hɔ Ma Ko a Wɔreko Tia AIDS No.” Aduru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano a wɔfrɛ no azidothymidine (AZT) a wɔsɔ hwɛe no na ɛma wonyaa saa “anidaso kakra” no. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔn a wɔwɔ HIV a wɔfaa AZT aduru no traa nkwa mu kyɛe kakra. Efi saa bere no, nnuru yi ama nnipa ɔpehaha pii atra nkwa mu akyɛ kakra. (Hwɛ adaka “Dɛn ne Nnuru a Wɔde Dwudwo HIV Mmoawa Ano No ?” wɔ kratafa 7.) Aboa wɔn a wɔwɔ HIV no akodu he?

Ɛmfa ho sɛnea wogyee AZT toom mfiase no, Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ na AIDS nhwehwɛmufo “nim yiye sɛ ɛnyɛ AZT na wobetumi de atu AIDS ase koraa.” Nea wɔkae no yɛ nokware. Ná nnipa binom a wɔwɔ AIDS no honam ne AZT aduru no nnye ma enti wɔyɛɛ nnuru yi foforo. Akyiri yi, U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Aduan ne Nnuru So no penee so ma wɔkekaa nnuru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano no boom ma wɔde maa wɔn a wɔanya HIV akyɛ no. AIDS adwumayɛfo ani begyee nnuru abiɛsa anaa nea ɛboro saa a wɔkeka boom no ho yiye. Nokwarem no, wɔ AIDS ho nhyiam bi a wɔyɛe wɔ 1996 mu ase no, oduruyɛfo bi kae mpo sɛ ebia nnuru no betumi atu HIV ase afi nipadua no mu!

Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ afe akyi no, ɛbɛdaa adi sɛ wɔn a wɔhwɛɛ so faa nnuru abiɛsa a wɔakeka abom no mpo antumi antu HIV ase amfi wɔn nipadua mu. Nanso UNAIDS amanneɛbɔ bi de too gua sɛ, “nnuru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano a wɔakeka abom no aboa ma wɔn a wɔwɔ HIV no atra nkwa mu akyɛ kakra, na ama wɔanya akwahosan pa de abɔ wɔn bra.” Wɔ United States ne Europa sɛ nhwɛso no, nnuru yi a wɔaka abom no atew nnipa dodow a AIDS kunkum wɔn no so ɔha mu 70. Afei nso, nhwehwɛmu ahorow ama ada adi sɛ, sɛ wɔhyɛ da yɛ nnuru bi a edi mu paa a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano a, ebetumi atew sɛnea ɔpemfo de HIV san ne ba no so kɛse.

Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ HIV no nnya nnuru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano yi bi. Dɛn ntia?

Ɛyɛ Ahiafo Yare”

Wɔde nnuru a edwudwo HIV mmoawa ano no ma ayarefo pii wɔ aman a wɔanya nkɔso no mu. Nanso Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) akontaabu kyerɛ sɛ wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii bi mu no, wɔn a wohia nnuru yi mu ɔha mu nkyem 5 pɛ na wonya aduru no bi. Amanaman Nkabom ananmusifo mpo aka ntɛnkyea a ɛrekɔ so yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “asisisɛm kɛse” na “ɛhyɛ adesamma aniwu paa.”

Ebetumi aba nso sɛ, wɔ nnipa a wɔte ɔman biako mu mpo mu no, wɔn nyinaa ntumi nnya aduru a wohia no pɛpɛɛpɛ. The Globe and Mail atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ Canadafo 3 biara mu 1 a AIDS kum no no annya nnuru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano no bi annom da. Ɛwom sɛ wɔde aduru no ma kwa wɔ Canada de, nanso wɔabu ani agu nnipakuw bi so. Globe atesɛm krataa no ka sɛ: “Wɔn a wɔabu ani agu wɔn so yi na wohia mmoa paa: aboriginefo, mmea ne ahiafo.” The Guardian no faa maame bi a ofi Afrika a ɔwɔ HIV yare no bi anom asɛm kae sɛ: “Asɛm yi de, mente ase. Dɛn nti na aborɔfo a wɔne mmarima da no mmom te nkwa mu na me na ɛsɛ sɛ mewu?” N’asɛm no ho mmuae gyina ɛka a wɔbɔ wɔ aduru no yɛ mu ne sɛnea wɔkyekyɛ no no so.

Sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ United States ne Europa no, nnuru abiɛsa a wɔaka abom a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano no bo fi dɔla 10,000 kosi 15,000, afe biara. Ɛwom sɛ mprempren wɔahwɛ aduru no so ayɛ bi a wɔretɔn ma aman a wonnyaa nkɔso pii no, de gye wɔn dɔla 300 anaa nea ennu saa afe biara de, nanso wɔn a wɔwɔ HIV a wɔte mmeae a wohia nnuru yi paa no mu pii nni sika a wɔde bɛtɔ bi. Oduruyɛfo Stine ka tebea no ho asɛm tiawa sɛ: “AIDS yɛ ahiafo yare.”

Aduruyɛ Mu Aguadi

Sɛ́ wɔbɛhwɛ nnuru afoforo so ayɛ bi atɔn no fofoofo ama ahiafo no yɛ ade a ɛyɛ den. Mmara katee a ɛbɔ nneɛma a nkurɔfo ayɛ ho ban wɔ aman pii so no mma kwan sɛ wɔbɛhwɛ nnuru bi so ayɛ bi. Ɔpanyin a ɔda adwumakuw kɛse bi a wɔyɛ nnuru ano ka sɛ: “Eyi yɛ aguadi mu akodi.” Aduru a obi ayɛ a wɔhwɛ so yɛ bi tɔn pɛ mfaso no yɛ “asisisɛm a wɔde redi wɔn a wɔyɛɛ nnuru no ankasa no.” Nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no san ka sɛ, mfaso a wonya a wɔbɛtew so no remma wonnya sika a ɛsɛ mfa nyɛ nhwehwɛmu ne nnuru afoforo. Nea ɛhaw afoforo nso ne sɛ, nnuru yi a wɔatew ne bo so a wɔde ma aman a wonnyaa nkɔso pii no betumi akofi sum ase aguadifo a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso no nsam.

Wɔn a wɔpene nnuru a ne bo nyɛ den a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano a wɔyɛ so no ka sɛ, wobetumi de ɛka a nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no ankasa kyerɛ sɛ wɔbɔ wɔ nnuruyɛ ho no mu ɔha mu nkyem 5 kosi 10 ayɛ nnuru foforo. Wɔsan ka sɛ, nhwehwɛmufo ne ankorankoro nnwumakuw a wɔyɛ nnuru no taa bu wɔn ani gu aman a wodi hia no nyarewa so. Ne saa nti, Daniel Berman a ɔda Nnuruyɛfo Ahyehyɛde a Ɛboa Aman a Wohia Aduruyɛ mu Mmoa Kɛse ano no ka sɛ: “Sɛ wɔyɛ aduru foforo a, yehia amanaman ntam ahyehyɛde bi a ɛbɛhwɛ ama wɔatew ne bo so na ama aman a wonnyaa nkɔso pii no atumi atɔ bi.”

WHO ayɛ nhyehyɛe bi a ɛkyerɛ sɛ ebedu 2005 no na wɔde nnuru a wɔde dwudwo HIV/AIDS mmoawa ano no ama nnipa ɔpepem abiɛsa. Nathan Ford a ɔwɔ Aduruyɛfo a Wotumi Kɔ Ɔman Biara So ahyehyɛde no mu no de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Ɛnsɛ sɛ UN no di amansan huammɔ wɔ eyi mu. Ɛyɛ wɔn a wɔwɔ HIV/AIDS a wohia mmoa nnɛ no mu fã pɛ, na ebedu 2005 no na wɔdɔɔso sen saa koraa.”

Akwanside Afoforo

Sɛ wɔde nnuru a edwudwo HIV mmoawa ano kɔma aman a wonnyaa nkɔso pii no mpo a, ebehia sɛ wodi akwanside afoforo so. Nnuru bi wɔ hɔ a ehia sɛ ɔyarefo no di aduan nom nsu pa na atumi ayɛ adwuma, nanso wɔ aman bi so no, ɛyɛ den sɛ nnipa ɔpehaha pii nsa bɛkɔ wɔn ano da biara da. Mpɛn pii no, ɛsɛ ɔyarefo no fa (aduru yi 20 da biara) wɔ bere pɔtee bi mu, nanso ayarefo pii nni wɔɔkye anaasɛ nyansadɔn. Ehia sɛ wɔhwɛ ɔyarefo tebea so kyerɛ no sɛnea ɔbɛfa aduru no bere ne bere mu. Nanso nnuruyɛfo ho ayɛ na paa wɔ aman pii so. Ɛda adi pefee sɛ, ɛbɛyɛ den paa sɛ wɔbɛma ayarefo a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no nyinaa nnuru yi bi.

Ayarefo a wɔwɔ aman a wɔanya nkɔso mu mpo hyia nsɛnnennen wɔ nnuru a wɔaka abom a edwudwo HIV mmoawa ano no nom mu. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nkurɔfo pii ntaa mfa nnuru a wɔde ma wɔn no wɔ bere a ɛfata mu. Eyi betumi ama HIV mmoawa no asoro. HIV mmoawa a wɔasorosoro yi betumi asan afoforo.

Oduruyɛfo Stine twe adwene si asɛnnennen foforo a HIV ayarefo hyia no so. Ɔka sɛ: “Anwonwasɛm a ɛwɔ HIV ayaresa mu ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a, yare no a wɔsa no yɛ yaw sen yare no ankasa, titiriw bere a wofi ayaresa no ase ansa na yare no ho sɛnkyerɛnne ada adi no.” Wɔn a wɔwɔ HIV a wɔde nnuru a edwudwo HIV mmoawa ano ma wɔn no taa hyia ɔhaw bi te sɛ asikreyare, nipadua mu srade a ɛkɔhyehyɛ mmeae a ɛmfata, srade pii a wɔdɔ, ne dompe ahoɔden a ɛso huan. Ɔhaw no bi betumi ama wɔahwere wɔn nkwa.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobesiw Ano

Nkɔso bɛn na wɔanya wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw AIDS ano na wɔama ɔmanfo asakra wɔn su a ɛma wonya HIV no mu aba? AIDS ho ɔsatu a wɔyɛ kɔɔ akyiri wɔ Uganda wɔ 1990 mfe no mu no maa nnipa dodow a wonya HIV no so tewee koraa wɔ saa man no mu fi ɔha mu nkyem 14 beduu bɛyɛ ɔha mu nkyem 8 wɔ afe 2000 mu. Saa ara na mmɔden a Senegal bɔe de bɔɔ nneɛma a ɛde HIV ba ho dawuru kyerɛɛ ne manfo no aboa ɔman no ma emu mpanyimfo a wonya HIV no dodow antumi annu ɔha mu nkyem 1. Amanneɛbɔ a ɛtete sɛɛ hyɛ nkuran.

Nanso AIDS ho nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ aman afoforo so no nsow aba pa biara. Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ wɔ Canadafo mmabun 11,000 mu no ma ɛbɛdaa adi sɛ, sukuufo mmofra a wɔwɔ wɔn afe a edi kan wɔ ntoaso sukuu mu no mu fã gye di sɛ wobetumi asa AIDS yare no. Nhwehwɛmu bi a Britainfo yɛe wɔ saa afe no ara mu no kyerɛe sɛ, mmarimaa a wɔadi mfe 10 kosi 11 no mu ɔha mu nkyem 42 ntee HIV anaa AIDS ho asɛm pɛn. Nanso mmabun a wonim sɛ HIV ne AIDS wɔ hɔ, na enni aduru no, abu wɔn ani agu so. Oduruyɛfo bi ka sɛ: “Mmabun pii fam no, HIV abɛka abrabɔ mu ɔhaw a wohyia da biara da te sɛ ebia aduan pa a wobenya adi, nnipa a wɔne wɔn bɛtra, ne sɛ ebia wɔbɛkɔ sukuu anaa wɔrenkɔ no ara.”

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ WHO ka sɛ, “ɛda adi sɛ mmofra a wɔde adwene besi wɔn so no bɛboa paa ma wɔako atia nsanyare yi wɔ aman a yare no wɔ hɔ kɛse no mu titiriw.” Wɔbɛyɛ dɛn aboa mmabun ma wɔatie AIDS ho kɔkɔbɔ a wɔde ma wɔn no? Na so ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobenya ano aduru?—g04 11/22.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Afe a etwaam no, nnipa a wohia nnuru a wɔde dwudwo HIV mmoawa ano no mu ɔha mu nkyem 2 na wonyaa aduru no bi wɔ Afrika, nanso wɔn a wohia bi no mu ɔha mu nkyem 84 na enyaa bi wɔ Amerika

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Dɛn ne Nnuru a Wɔde Dwudwo HIV Mmoawa Ano No? *

Onipa a ɔte apɔw biara wɔ mogya mu nkwammoaa fitaa a wɔboa nipadua no anaa wɔkanyan nipadua mu nkwaadɔm ma wɔko tia nyarewa. HIV mmoawa no de wɔn ani si mogya mu nkwamoaa fitaa a wɔboa nipadua yi so titiriw. HIV mmoawa yi de wɔn ho dan nkwammoaa a wɔboa nipadua no na ɛma wɔdɔɔso na afei wɔtow hyɛ mogya mu nkwammoaa fitaa no so sɛe no kosi sɛ nipadua mu nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no bɛyɛ mmerɛw. Nnuru yi mma HIV mmoawa no kwan ma wɔnnɔɔso.

Mprempren wɔde nnuru yi anan na ɛma. Nucleoside analogues ne non-nucleoside analogues mma HIV mmoawa no kwan ma wɔnkɔhyɛ onipa awosu anaa DNA mu. Protease inhibitors siw aduannuru nkwammoaa pɔtee bi a ɛwɔ ɔyare mmoawa no ano ma wontumi nnan wɔn ho nyɛ HIV mmoawa pii. Fusion inhibitors botae ne sɛ ebesiw HIV mmoawa no kwan ma ɛnkɔhyɛ nipadua nkwammoaa no mu. Sɛ nnuru yi siw mmoawa no kwan ma wɔannɔɔso a, etumi kyɛ ansa na obi a ɔwɔ HIV no anya AIDS a ɛde no bɛkɔ wu mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ Ɛnyɛ nnipa a wɔwɔ HIV nyinaa na wɔma wɔn nnuru yi bi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ HIV ne wɔn a wosusuw sɛ ebia wɔanya bi no kohu oduruyɛfo ansa na wɔafi aduruyɛ biara ase. Nyan! nkamfo ɔkwan pɔtee biara nkyerɛ.

[Mfonini]

KENYA Oduruyɛfo bi rekyerɛkyerɛ obi a wanya AIDS sɛnea wɔfa HIV nnuru mu

[Asɛm Fibea]

© Sven Torfinn/Panos Pictures

[Mfonini]

KENYA Obi a wanya AIDS regye HIV aduru wɔ ayaresabea

[Asɛm Fibea]

© Sven Torfinn/Panos Pictures

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Mmea ne AIDS

Ɛnnɛ, nnipa a wɔn ani afi a wɔanya HIV/AIDS no mu ɔha mu nkyem 50 yɛ mmea

Bere a wohui sɛ mmea anya AIDS wɔ 1982 mu no, na wosusuw sɛ ebia efi nnuru a wɔde wɔɔ paane mu. Nanso ankyɛ na wohui sɛ mmea betumi anya afi ɔbarima ne ɔbea nna mu ma enti ɛnyɛ den koraa sɛ wobenya HIV. Nnipa a wɔn ani afi a wɔanya HIV/AIDS wɔ wiase nyinaa no mu ɔha mu nkyem 50 yɛ mmea. UNAIDS bɔ amanneɛ sɛ: “Nsanyare no ka mmea ne mmabaa a esiane nnwuma a wɔyɛ, wɔn asetram tebea, ne hwɛ a wɔhwɛ ayarefo ne wɔn a wɔrewu no nti, ɛnyɛ den koraa sɛ wobenya yare no bi no.

Dɛn nti na mmea a yare no ka wɔn kɛse no ho asɛm haw AIDS ho adwumayɛfo saa? Wɔtaa bu mmea a wɔanya HIV no animtia sen mmarima wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mu. Sɛ ɔbea nyinsɛn a, ne ba no akwahosan da asiane mu; sɛ ɔwɔ mma dedaw, na ne titiriw no onni kunu a, mmofra no hwɛ bɛyɛ asɛnnennen. Bio nso, wonni su horow a ɛda nsow a mmea a wɔwɔ HIV da no adi no ho nsɛm ne sɛnea wɔhwɛ wɔn no ho nimdeɛ pii.

Amammerɛ ahorow bi ma mmea tebea no yɛ hu paa. Wɔ aman pii so no, wɔmma mmea kwan sɛ wɔnka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm, na sɛ wɔampene so sɛ wɔne ɔbarima bi bɛda a, wɔyɛ wɔn aninyanne. Mmarima no taa ne mmea pii deda na wɔde HIV no san wɔn bere a wɔn ani nna wɔn ho so. Afrika mmarima binom ne mmeawa deda sɛnea ɛbɛyɛ a wonnya HIV, anaa esiane adwene a ɛnteɛ a wokura a ɛne sɛ sɛ wɔne mmaabun deda a ebetumi asa wɔn AIDS yare no ama wɔn nti. Ɛnyɛ nwonwa sɛ WHO ka sɛ: “Sɛ wɔbɛbɔ mmea ho ban a, ɛsɛ sɛ wɔde ani si mmarima (ne mmea nyinaa) so.”

[Mfonini]

PERU Ɛna bi a wanya HIV ne ne babea a onnyaa HIV

[Asɛm Fibea]

© Annie Bungeroth/Panos Pictures

[Mfonini]

THAILAND Sukuufo kɔsra obi a AIDS ayɛ no de ka wɔn adesua ho

[Asɛm Fibea]

© Ian Teh/Panos Pictures

[Mfonini]

KENYA Wɔne mmea a wɔwɔ Women Living With AIDS kuw no mu reyɛ nhyiam

[Asɛm Fibea]

© Sven Torfinn/Panos Pictures

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

AIDS Ho Atosɛm

Nnipa a wɔanya HIV no anim sɛ ayarefo. Oduruyɛfo Gerald J. Stine ka sɛ “sɛ wɔkyem pɛpɛɛpɛ a, edi bɛyɛ mfe 10 rekɔ 12 ansa na obi a ɔwɔ HIV no atumi anya AIDS. Edu saa bere yi a, ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ obi anya HIV, nanso wobetumi de asan nnipa afoforo.”

Mmarima a wɔne mmarima da nko ara na AIDS yɛ wɔn. Wɔ 1980 mfe no mfiase na wodii kan kae sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbarima ntam nna mu nko na AIDS yɛ wɔn. Nanso ɛnnɛ, ɔbarima ne ɔbea ntam nna titiriw na ɛma nkurɔfo nya HIV wɔ wiase mmeae pii.

“Asiane biara nni” ɔbea anan mu anaa ɔbarima awode ho a wɔtaforo mu. Sɛnea Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano kyerɛ no, “nhwehwɛmu pii ama ada adi sɛ ɔbea anan mu anaa ɔbarima awode ho a wɔtaforo betumi ama obi anya HIV ne nna mu nyarewa afoforo.” Asiane a ɛwom sɛ obi a ɔtaforo ɔbea anan mu anaa ɔbarima awode ho betumi anya HIV no nte sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe afoforo mu no. Nanso nnipa pii de wɔn ho ahyem ma enti nnuruyɛfo binom ka sɛ anhwɛ a ɛbɛma nnipa pii anya HIV.

AIDS ano aduru wɔ hɔ. Ɛwom sɛ HIV nnuru betumi ama akyɛ ansa na nnipa binom a wɔwɔ HIV no anya AIDS de, nanso mprempren aduru biara nni hɔ a wobetumi de asiw ano anaa wɔde bɛsa.

[Mfonini]

CZECH REPUBLIC Wɔrehwɛ ne mogya mu sɛ AIDS a wontumi nsa wom anaa

[Asɛm Fibea]

© Liba Taylor/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 6]

ZAMBIA Mmeawa baanu a wɔwɔ HIV retwɛn agye wɔn aduru

[Asɛm Fibea]

© Pep Bonet/Panos Pictures