Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!

Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!

Yehia AIDS Ano Aduru Denneennen!

Grace tɔn aburokyi mpaboa wɔ Lilongwe gua kɛse a ɛwɔ Malawi no mu. Sɛ wohwɛ no a, ɔwɔ anigye na ɔte apɔw. Nanso n’anim a ɛtew nyinaa akyi no, sɛɛ ntama kata ade so.

Wɔ 1993 mu no, Grace ne ne kunu nyinaa ani gyei mmoroso bere a wɔwoo wɔn babea, Tiyanjane no. Mfitiase no na ɛte sɛ nea yare biara nhaw Tiyanjane. Nanso ankyɛ na ofii ase fɔnee na onyaa nsanyare ahorow ntoatoaso. Bere a Tiyanjane dii mfe abiɛsa no, AIDS (ɔyare a nipadua nkwaadɔm ntumi nko ntia) kum no.

Mfe kakraa bi akyi no, Grace kunu no nso fii ase yaree. Da bi, ade tɔɔ no so ma wɔde no kɔɔ ayaresabea. Nnuruyɛfo antumi anye no. AIDS kum Grace kunu a na ɔne no atra mfe awotwe no.

Mprempren Grace nkutoo na ɔte dan biako mu wɔ Lilongwe kurotia. Saa bere a Grace adi mfe 30 yi, ebia obi bɛhwɛ kwan sɛ obefi abrabɔ ase bio. Nanso ɔka sɛ: “Manya HIV, enti merenware na merenwo bio.” *

NANSO awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ Grace nko ara na wahu amane wɔ Malawi, ɔman a emu nnipa 100 mu nkyem 15 wɔ HIV no. Sɛnea Globe and Mail atesɛm krataa kyerɛ no, ‘ayarefo a wɔda akuraase ayaresabea bi no dodow boro mpa a ɛwɔ hɔ no so koraa, na ayarehwɛfo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no bɛboro fã anya AIDS no bi.’ Wɔn a wɔwɔ HIV wɔ Afrika Sahara anafo fam no dɔɔso sen saa mpo. Wɔ 2002 mu no, Amanaman Nkabom Dwumadi a wɔayɛ de reko tia HIV/AIDS (UNAIDS) no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, a nnipa a wɔwɔ Afrika Sahara anafo fam nkwa nna tenten yɛ mfe 47. Sɛ ɛnyɛ AIDS a, anka ɛbɛyɛ mfe 62.”

Nanso ɛnyɛ Afrika aman nkutoo mu na HIV/AIDS yare no wɔ, atrɛw kɔ aman foforo pii so wɔ akyirikyiri. UNAIDS akontaabu kyerɛ sɛ mpanyimfo bɛyɛ ɔpepem anan na wɔanya HIV wɔ India, na ɛde ka ho sɛ: “Sɛ yɛhwɛ nnipa dodow a yare no ayɛ wɔn no a, ɛda adi sɛ HIV bekunkum mpanyimfo pii asen yare biara wɔ mfe du a ɛda yɛn anim yi mu.” Yare no retrɛw paa wɔ aman a na wɔhyɛ kan Soviet Union ase no mu. Wɔ Uzbekistan sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi ka sɛ “nnipa a wonyaa HIV wɔ 2002 mu nkutoo no dɔɔso sen mfe du a atwam no nyinaa de a wɔaka abom.” HIV yare no da so ara kunkum Amerikafo a wɔadi fi mfe 25 kosi 44 no sen yare foforo biara.

Nyan! dii kan tintim AIDS ho nsɛm wɔ 1986 mu. Saa afe no Oduruyɛfo H. Mahler a na ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kwankyerɛfo no de HIV ho kɔkɔbɔ too gua sɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepem du anya bi dedaw. Bɛyɛ mfe aduonu akyi no, akontaabu kyerɛ sɛ nnipa dodow a wɔanya HIV wɔ wiase nyinaa no akɔ soro akodu ɔpepem 42, a ɛkyerɛ sɛ ɛkɔ soro sen sɛnea nnipa dodow nya nkɔanim no koraa! Animdefo kyerɛ sɛ tebea no bɛkɔ so asɛe. UNAIDS bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ aman 45 a HIV wɔ paa mu no, wɔhwɛ kwan sɛ efi 2000 rekɔ 2020 ntam hɔ no, AIDS bɛma nnipa ɔpepem 68 awuwu ɔpatuwu.”

Sɛnea AIDS yare no trɛw ntɛmntɛm no ama ɛho abehia dennennen sɛ wonya ano aduru. Ne saa nti, aduruyɛ mu nhwehwɛmufo abɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛsɔw HIV ano. Nkɔanim bɛn na wɔanya wɔ ko a wɔreko tia yare a ɛredi nnipa pii awu yi mu? So ntease wom sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobetu AIDS ase?—g04 11/22.

[Ase hɔ asɛm]

^ Wɔahu sɛ HIV yare mmoawa no na ɛde AIDS ba.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wiase nyinaa no, wobu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 42 na wɔwɔ HIV/AIDS; wɔn mu 2,500,000 yɛ mmofra

[Mfonini wɔ kratafa 4]

INDIA Ayarehwɛfo a wɔatu wɔn ho ama regye AIDS ho nkyerɛkyerɛ

[Asɛm Fibea]

© Peter Barker/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 4]

BRAZIL Asetra mu yiyedi ho dwumayɛni bi rekyekye ɔbea bi a wanya AIDS werɛ

[Asɛm Fibea]

© Sean Sprague/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 4]

THAILAND Atuhoama dwumayɛni bi rehwɛ abofra bi a wɔde AIDS awo no

[Asɛm Fibea]

© Ian Teh/Panos Pictures