Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”

“Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”

“Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”

Sɛnea Nelly Lenz ka kyerɛe

Mibisaa mmarima baanu bi a na wɔaba yɛn fie no sɛ: “Moyɛ Yehowa Adansefo?” Wobuae sɛ: “Yiw.” Ɛnna meteɛɛm sɛ, “Me nso meyɛ bi!” Na madi mfe 13 pɛ, na na menkɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no bi. Na m’awofo nyɛ Yehowa Adansefo. Ɛnde dɛn nti na medaa me ho adi sɛ meyɛ bi?

SƐ ƐNYƐ Yehowa Adansefo a, anka wɔanwo me. Bere a me maame nyinsɛnee me no na ɔte Montreal, Quebec, wɔ Canada. Na wadi mfe 17 pɛ. N’abusuafo hyɛɛ no denneennen sɛ ɔnsɛe nyinsɛn no ma ɔpenee so.

Maame srɛɛ kwan wɔ adwumam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma no da koro ma ɔde akotu nyinsɛn no agu. Nanso ɛte sɛ nea n’adwumam panyin a ɔyɛ Yehowa Dansefo no huu nea enti a na me maame pɛ sɛ ɔsrɛ kwan fi adwumam no. Ɔkaa sɛnea nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo no ho asɛm tiawa kyerɛɛ Maame. (Dwom 139:13-16) Bere a Maame nam kwan so rekɔ ayaresabea akɔsɛe nyinsɛn no, osusuw asɛm a n’adwumawura no kae no ho. Osii gyinae sɛ ɔrentu nyinsɛn no ngu. Bere a wɔwoo me wɔ afe 1964 akyi no, me maame de me kɔtoo baabi a wɔhwɛ nnyanka.

Bere a Edi Kan a Mihuu Bible mu Nokware

Bere a midii bɛyɛ mfe abien no, me maame ne ne kunu a wanya no foforo no beyii me fii nnyanka fie hɔ. Bere a na yɛte Sainte-Marguerite-du-Lac-Masson no, wofii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no ne wɔn kɔɔ asafo nhyiam ahorow. Nanso ankyɛ na yetu kɔɔ Boisbriand ma m’awofo gyaee adesua no.

Mfe kakra bi akyi no, wɔsan fii adesua no ase. Mitiee nea wɔka faa Bible mu anidaso a ɛfa asase so paradise ho no. (Luka 23:43) Mibenyaa Yehowa ho dɔ kɛse.

Nanso, da koro, Maame ka kyerɛɛ me sɛ wɔne Adansefo no agyae adesua na yɛrenkɔ Ahenni Asa so bio. Mfiase no, ɛyɛɛ me dɛ. Sɛ́ abofra a na madi mfe awotwe no, ɛtɔ mmere bi a, na ɛyɛ me sɛ bere a yɛde yɛ nhyiam no yɛ tenten dodo. Ne nyinaa akyi, saa anwummere no, mepɛe sɛ mebɔ Yehowa mpae, nanso na ɛhaw me sɛ ebia ɔrentie me.

Kwasida a edi hɔ awia no, mihuu yɛn afipamfo a wɔyɛ Yehowa Adansefo no sɛ wɔrekɔ wɔn nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Mifii ase sui na mibisaa Nyankopɔn sɛ, “Adɛn nti na Yehowa Adansefo mma kɔ nhyiam na me de, mintumi nkɔ?” Nanso na nsɛm a ɛwɔ Dwom 33:18 no bɛba mu: ‘Hwɛ, Yehowa ani wɔ wɔn a wosuro no so, ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔe so no so.’

Mesan Kɔ Ahenni Asa So Bio

Adapɛn abiɛsa akyi no, mekɔsraa yɛn afipamfo no na meka kyerɛɛ wɔn maame Lilianne se, mepɛ sɛ mekɔ nhyiam no bi. Lilianne kae sɛ ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ me maame mpɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛyɛ biribiara. Nanso mampene. Enti ɔde me kɔɔ fie kobisaa Maame sɛ metumi ne wɔn akɔ nhyiam no anaa. Anwonwasɛm ne sɛ, Maame penee so. Ɔkae sɛ nhyiam no bɛkyerɛkyerɛ me nneɛma pa. Enti Kwasida biara na mekɔ nhyiam no.

Mitumi kɔɔ asafo nhyiam ahorow bɛyɛ mfe abiɛsa. Nanso bere a midii mfe 11 no, m’awofo gyaee aware, ma me ne me maame tu kɔe. Me ne Yehowa Adansefo ntam tetewee bio.

Mihyiaa Biribi a Menhwɛ Kwan

Da koro bi, na mete atrapoe bi so wɔ yɛn fie anim na Adansefo baanu bi a wɔfrɛ wɔn Eddie Besson ne Don Fisher baa hɔ bebisaa m’awofo ase. Bere a mekae sɛ wonni hɔ no, wɔdanee wɔn ho sɛ wɔrekɔ. Nanso mituu mmirika dii wɔn akyi ne wɔn kɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛwɔ asɛm yi mfiase pɛɛ no.

Nokwarem no, ɛyɛɛ mmarima baanu no nwonwa sɛ wɔtee sɛ mereka sɛ meyɛ Yehowa Dansefo. Mekyerɛkyerɛ me tebea no mu kyerɛɛ wɔn, na mepaa wɔn kyɛw sɛ wɔnsan mmra anwummere no. Bere a meka kyerɛɛ Maame sɛ Adansefo no bɛsan aba no, ɛhaw no, na ɔkae sɛ ɔremma wontu wɔn nan nsi yɛn fie hɔ. Nokwarem no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obefi fie ansa na Adansefo no aba. Mede nusu paa Maame kyɛw sɛ mma ɔnnkɔ. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrebɛkɔ pɛ na obi bɔɔ pon akyi dɔn no. Minkobue pon no a, Eddie Besson ni. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a Maame penee so sɛ wɔne no nsua Bible no!

Afei de na metumi akɔ asafo nhyiam bio! Nanso annu afe koraa na me maame san gyaee adesua no. Saa bere yi de, ɔbaraa me sɛ me ne Adansefo no mmɔ bio na ɔtow Yehowa Adansefo nhoma biara a ohui gui. Nanso mitumi de Bible, nnwom nhoma, Ɔwɛn-Aban apo abien, Yearbooks of Jehovah’s Witnesses abien, ne nhoma bi a wɔfrɛ no Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu siei. * Wɔ adesua a etwa to a me ne Eddie Besson yɛe mu no, mibisaa no nea menyɛ wɔ asɛm no ho, efisɛ na medɔ Yehowa yiye. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ m’ankasa minsua ade na mentaa mmɔ mpae. Ɔmaa me awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ me so. Ná madi bɛyɛ mfe 14 pɛ.

“Nhyiam Horow” a Minkutoo Meyɛe

Efi saa bere no, Kwasida biara sɛ mekɔ me dan mu a, na mafa no sɛ mewɔ nhyiam ase. Na meto dwom a n’asɛmti ne, “Fa W’ani Si Botae no So Daa!” de fi nhyiam no ase, na mato de awie efisɛ ɛno nkutoo ne Ahenni dwom a na mekae. Ɛde besi nnɛ, bere biara a mɛto dwom yi no, nusu gu me. Misuaa Ɔwɛn-Aban apo a mewɔ no nso. Na na mede mpaebɔ wie me “nhyiam” no. Ɛwom sɛ na me ne Adansefo no mmɔ bio de, nanso metee nka sɛ Yehowa bɛn me.

Bere a midii mfe 17 no, Me ne Maame tu kɔtraa Montreal. Saa bere no na minni anigye koraa, efisɛ na ɔdɔ nni fie hɔ.

Yehowa Hwehwɛɛ Me Huu Me!

Da koro, Maame gyee Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi fii Yehowa Adansefo hɔ. Bere a mebaa fie no, mihui sɛ ɛda ɔpon no so na mifii ase sɛ merehwɛ mu. Bere a mihui sɛ wɔde Onyankopɔn din Yehowa na adi dwuma wom no, mifii ase sui na mebɔɔ mpae wɔ me tirim sɛ, “Yehowa, woahwehwɛ me ahu me!”

Na mepɛ sɛ me ne me nuanom Kristofo di nkitaho. Nanso mɛyɛ dɛn? Maame ka kyerɛɛ me sɛ ɛbɛyɛ sɛ yɛn fipamfo bi yɛ Yehowa Dansefo. Enti bere a merekɔ adwuma no, meman kɔɔ yɛn fipamfo no fie kɔbɔɔ ne pon akyi dɔn no. Ɔbarima bi a na nna ntetew mfii n’ani so bebuee pon no. Hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no bere a meka kyerɛɛ no sɛ meyɛ Yehowa Dansefo na mepɛ sɛ wɔbɔ me asu no! Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Josée Miron ne me suaa Bible no. Nanso Maame fii ase sɔre tiaa Bible a misua no bio. Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ metwɛn kosi sɛ medi mfe 18 ansa na matumi abɛyɛ Ɔdansefo.

Mimfi Yehowa Akyi Nkɔhwehwɛ Anigye Wɔ Abusua Mu?

M’adwumawura hui sɛ tebea a mewom wɔ fie no resɛe. Enti na ɔne ne yere taa to nsa frɛ me nnawɔtwe no awiei ma mekɔ wɔn nkyɛn. Esiane sɛ na m’ani gye apɔnkɔ ho nti, na yɛtaa kɔtra apɔnkɔ so. Eyi ma wɔbɛyɛɛ sɛ m’awofo ankasa.

Da bi m’adwumawura ka kyerɛɛ me sɛ ɔne ne yere dɔ me paa na wɔpɛ sɛ me ne wɔn bɛtra. Ná ɔrema me biribi a na mepɛ bere nyinaa—abusua asetra a anigye wom. Nanso na biribi wɔ hɔ ɛsɛ sɛ meyɛ—na ɛsɛ sɛ mene Yehowa Adansefo gyae abusuabɔ. Wɔmaa me nnawɔtwe sɛ memfa nkosusuw ho, nanso na ɛrennye me dakoro mpo. Memaa wɔn mmuae wɔ hɔ ara. Yehowa nnyaw me da, na merentumi nnyaw no.

Ɔsom a Mede Maa Yehowa

Esiane ɔhaw a na merehyia wɔ fie no nti, me ne me maame kunu kɔtrae. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ so nsua ade, na wɔ December 17, 1983 mu no, wɔbɔɔ me asu bere a na madi mfe 19. M’ani gyei paa sɛ mihuu Eddie Besson m’asubɔ da no. Afei de wahu sɛ mabɛyɛ Yehowa Dansefo ankasa!

Nanso, bere a migyee asubɔ akyi no, me papa suban sesae. Bere biara a obehu sɛ merebɔ mpae no, ɔkasa denneennen na mpo ɔtotow nneɛma bobɔ me! Ɔsan nso hyɛɛ me sɛ mentoa me sukuu adesua so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me kwan mma minnu me botae a ɛne sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo, bere nyinaa ɔsɛmpakafo no ho. Awiei koraa no ɔpam me fii fie. Ɔmaa me krataa a wɔde yi sika sɛ minkoyi sika dɔla 100, na sɛ mikoyi wie a na mehu sɛ Yehowa anhwɛ me.

Mebɛyɛɛ ɔkwampaefo wɔ September 1, 1986, na meda so ara kura saa krataa a wɔde yi sika no a mankoyi sika no de besi nnɛ! Ɛtɔ da na sɛ wunni kar a, ɛma akwampae adwuma no yɛ den wɔ nkuraase. Nanso asafo no mufo boaa me kɛse.

Bere bi akyi no, mihyiaa Kristoni barima yamyefo bi a wɔfrɛ no Ruben Lenz. Yɛwaree wɔ 1989 mu. Mprempren Ruben som sɛ asafo mu panyin wɔ Milton, Ontario, wɔ Canada. Yɛatra hɔ fi afe 2002. Yɛn aware no yɛ Yehowa nsam nhyira kɛse a manya. Mekɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no kosii sɛ yɛwoo yɛn abakan, Erika, wɔ afe 1993 mu. Wɔ mfe abiɛsa ne kakra akyi no, yɛwoo ɔbabarima a yɛfrɛ no Mika. Mayɛ ankonam bere tenten ni, nanso Yehowa Nyankopɔn ama manya abusua a me ne wɔn nyinaa dɔ no.

Ɛwom sɛ bere a na merenyin no na mentaa ne Yehowa nkurɔfo nhyia de, nanso mannyae sɛ mede m’ani bɛto Onyankopɔn so da, na makɔ so akura daa nkwa wɔ Paradise ho anidaso no mu. (Yohane 3:36) Hwɛ aseda ara a mede ma Yehowa sɛ wahwehwɛ me “ahu me!”—g04 10/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Mete m’adwumawura pɔnkɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Nelly Lenz ne ne kunu, Ruben, ne wɔn mma, Erika ne Mika