Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛna Dwumadi a Nidi Wom

Ɛna Dwumadi a Nidi Wom

Ɛna Dwumadi a Nidi Wom

DWUMA a ɛnanom di no yɛ ade a wɔntaa nkyerɛ ho anisɔ na mpo wobu no animtiaa. Mfe bi a abɛsen kɔ mu no, nnipa binom fii ase buu mmofrahwɛ animtiaa. Na wɔn adwene ne sɛ mfaso wɔ adwuma a ɛnanom befi fie akɔyɛ so sen sɛ wɔbɛhwɛ mmofra wɔ fie, na mpo ɛte sɛ nea wɔhyɛ wɔn so no. Ɛwom sɛ nnipa pii bu adwene a ɛte saa sɛ ɛkɔ akyiri dodo de, nanso wɔtaa ma ɛnanom te nka sɛ efie nnwuma a wɔyɛ ne mmofra a wɔhwɛ no yɛ adwuma a ɛba fam. Ebinom mpo te nka sɛ ehia sɛ ɔbea fi fie kɔyɛ adwuma na ama watumi ahu ne ho ano.

Nanso okununom ne mmofra pii abehu mfaso a ɛwɔ adwuma a ɛnanom yɛ wɔ fie no so. Carlo, ɔbarima bi a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Philippines no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ntetee a me maame de maa me nti na nnɛ mewɔ ha. Na me papa yɛ obi a ɔde nteɛso ma ntɛmntɛm, nanso Maame boaa yɛn denam nkyerɛkyerɛmu a na ɔde ma ne nsɛm ho a na ɔne yɛn susuw no so. M’ani gye ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ho paa.”

Peter a ɔwɔ South Africa no ka mmofra baasia a wɔn maame a onnim nhoma papa no tetee wɔn no ho. Na ne papa agyaw abusua no hɔ kɔ. Peter ka sɛ: “Esiane sɛ na Maame som sɛ abaawa na ɔsan siesie adwumayɛbea dan mu gye akatua nti, na onnya sika pii. Na ɛyɛ den ma no sɛ obetua yɛn nyinaa sukuu ho ka. Mpɛn pii no, na yɛda kɔm. Na ɛyɛ den ma no sɛ obenya baabi ama yɛde yɛn ti ato mpo. Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, Maame ampa abaw. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho toto afoforo ho. Sɛ ɛnyɛ akokoduru a onya de boaa yɛn no a, anka yɛannu baabi a yɛadu yi.”

Nigeriani barima bi a wɔfrɛ no Ahmed, kaa sɛnea ɔte nka wɔ mmoa a ne yere de maa no wɔ wɔn mma ntetee mu ho asɛm sɛ: “M’ani sɔ adwuma a me yere yɛe no. Sɛ minni fie a, mewɔ ahotoso sɛ ɔbɛhwɛ mmofra no yiye. Sɛ́ anka mɛte nka sɛ me yere ne me resi akan no, meda no ase na mema mmofra no hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma no sɛnea wɔkyerɛ ma me no ara pɛ.”

Ɛnyɛ den mma Palestinani barima bi sɛ ɔbɛkamfo dwuma a ne yere di sɛ ɛna no. Ɔka sɛ: “Lina aboa yɛn babea no pii, na waboa ama yɛn abusua no adi yiye wɔ honhom fam. Nea mihu ne sɛ, ne som mu gyidi na ama watumi ayɛ saa.” Lina yɛ Yehowa Dansefo na ɔde Bible nnyinasosɛm na ɛtete ne babea no.

Dɛn ne saa nnyinasosɛm yi bi? Dɛn na yebetumi aka afa adwene a Bible kura wɔ ɛnanom ho? Ɔkwan bɛn so na wɔdaa nidi ne obu adi kyerɛɛ ɛnanom a wɔtraa ase tete no wɔ sɛnea wɔtetee wɔn mma no ho?

Ɛnanom Ho Adwempa a Yebenya

Bere a wɔbɔɔ ɔbea no, wɔmaa no dwumadi a nidi wom wɔ abusua nhyehyɛe no mu. Bible nhoma a edi kan no ka sɛ: ‘Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: enye sɛ onipa nko tra, mɛyɛ ne sɛso boafo mama no.’ (Genesis 2:18) Enti wɔde Hawa, ɔbea a odi kan maa Adam sɛ ne boafo anaa ne hokafo. Wɔbɔɔ no ma ɔfatae sɛ ne boafo pɛpɛɛpɛ. Na ɔbɛboa ma Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ wɔnwo na wɔnhwɛ wɔn mma ne asase ne mmoa no so no ayɛ hɔ. Na ɔbɛyɛ yɔnko pa a ɔbɛkanyan ne hokafo no adwene ahyɛ no nkuran. Hwɛ sɛnea Adam ani gyee akyɛde fɛfɛ a Ɔbɔadeɛ no de maa no yi ho!—Genesis 1:26-28; 2:23.

Akyiri yi Onyankopɔn de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne mmea di ho akwankyerɛ mae. Sɛ nhwɛso no, na ɛnsɛ sɛ wobu Israelfo a wɔyɛ ɛnanom animtiaa na mmom na ɛsɛ sɛ wodi wɔn ni. Sɛ abofra “dome n’agya anaa ne na a,” na wokum no. Wɔde ahyɛde maa Kristofo mmabun sɛ ‘wontie wɔn awofo.’—Leviticus 19:3; 20:9; Efesofo 6:1; Deuteronomium 5:16; 27:16; Mmebusɛm 30:17.

Na ɛsɛ sɛ ɛna kyerɛkyerɛ ne babea ne ne babarima nyinaa wɔ ne kunu akwankyerɛ ase. Wɔhyɛɛ ɔbabarima sɛ ‘ɛnsɛ sɛ ɔpo ne na mmara.’ (Mmebusɛm 6:20) Afei nso Mmebusɛm ti 31 de “ɔkasakyerɛ a [Ɔhene Lemuel] maame de teɛɛ no so” ma. Ofi nyansam de akwankyerɛ maa ne babarima no sɛ ɔntwe ne ho mfi nsãnom a enye ho bere a ɔkae sɛ: “Ɛnsɛ ahene, sɛ wɔbɛnom nsã, anaa atitiriw, sɛ wobedi mmosa akyi, na wannom, na ne werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.”—Mmebusɛm 31:1, 4, 5.

Afei nso, nyansa wom sɛ aberante biara a ɔresusuw aware ho no susuw nsɛm a Ɔhene Lemuel maame ka faa “ɔyere pa” ho no ho sɛ: “Ne bo yɛ den sen nhene pa koraa.” Afei bere a ɔhene no maame kyerɛɛ mmoa titiriw a ɔbea a ɔte saa de ma wɔ fie wiei no, ɔkae sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro [Yehowa, NW] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:10-31) Ɛda adi sɛ, yɛn Bɔfo no maa mmea dibea a nidi ne obu wom wɔ abusua no mu.

Wɔda obu ne nidi adi kyerɛ ɔyerenom ne ɛnanom nso wɔ Kristofo asafo no mu. Efesofo 5:25 ka sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom.” Wɔde afotu a efi honhom mu yi maa aberantewa Timoteo a ne maame ne ne nanabea tetee no ma ɔkyerɛɛ obu maa “nkyerɛwee kronkron no” sɛ ‘ɔne mmea mpanyin nni sɛ ɛnanom.’ (2 Timoteo 3:15; 1 Timoteo 5:1, 2) Enti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara kyerɛ obu ma ɔbea panyin te sɛ nea ɔyɛ ne maame. Nokwarem no, Onyankopɔn bu mmea sɛ wɔsom bo na ɔma wɔn gyinabea a nidi wom.

Kyerɛ Anisɔ a Wowɔ

Ɔbarima bi a wɔtetee no wɔ beae a wobu mmea sɛ wɔba fam no ka sɛ: “Minyaa ntetee a ɛtwe adwene si ɔbarima so, na mahu ayayade a wɔde yɛ mmea ne bu a wommu wɔn no. Enti na ɛyɛ me den sɛ mebu mmea sɛnea Ɔbɔadeɛ no bu wɔn, sɛ aboafo anaasɛ ahokafo wɔ fie a wɔboa wɔ mma ntetee mu. Ɛwom sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mɛka asɛm bi de akamfo me yere de, nanso mahu sɛ ne mmɔdemmɔ na ama me mma anya su pa no.”

Nokwarem no, ɛnanom a wobu wɔn asɛyɛde sɛ akyerɛkyerɛfo no betumi de ahoahoa wɔn ho. Ɛyɛ adwuma a mfaso wɔ so. Wɔfata nkamfo ne anisɔ a efi komam ankasa. Yesua pii fi ɛnanom hɔ—su ahorow a edi boa yɛn wɔ yɛn asetra nyinaa mu, suban pa a ehia ma yɛne afoforo atumi abɔ yiye, ne abrabɔ ne honhom fam ntetee a mpɛn pii no ɛma mmabun fa ɔkwampa so no. So woakyerɛ nea wo maame ayɛ ama wo no ho anisɔ nnansa yi?—g05 2/22.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Peter maame kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔpa abaw

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ahmed ani sɔ mmoa a ne yere de ma wɔ wɔn mma no ntetee mu no kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Lina kunu kyerɛ sɛ ɛyɛ ne yere som mu gyidi nti na ne babea no wɔ suban pa no