Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible a Ɛwɔ Nnɛyi Kasa Mu—Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase

Bible a Ɛwɔ Nnɛyi Kasa Mu—Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase

Bible a Ɛwɔ Nnɛyi Kasa Mu—Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm Wiase Foforo Nkyerɛase

NHOMANIMFO Alan Duthie kyerɛwee wɔ ne nhoma Bible Translations: And How to Choose Between Them no mu sɛ: “Sɛ wugye di sɛ Bible yɛ Onyankopɔn asɛm a ɔde ama adesamma a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne yɛn rekasa. . . . Sɛ wo som nya w’asetra nyinaa so tumi a, ɛnde na wɔde nnɛyi kasa na ɛkyerɛw [Bible] no.”

Wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no gye di paa sɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Timoteo 3:16) Bible nyɛ nyamesom nhoma hunu bi a atwam. Ɛwɔ “nkwa, na tumi wɔ mu,” na etumi di ɔhaw ahorow a yehyia daa ho dwuma. (Hebrifo 4:12) Nanso sɛ nnipa a wɔkenkan nhoma kronkron no betumi ate ase, de mu nsɛm adi dwuma a, gye sɛ wɔkyerɛ ase kɔ nnɛyi kasa mu. Nea wɔfrɛ no Apam Foforo no mpo, ɛnyɛ tete Hela kasa a nyansapɛfo te sɛ Plato de dii dwuma no na wɔde kyerɛwee, mmom no Hela kasa a na obiara ka a wɔfrɛ no Koine no na wɔde kyerɛwee. Yiw, wɔkyerɛw Bible no na ama sɛnea obi te biara no, watumi akenkan ate ase.

Enti, mfe kakra ni no, wɔakyerɛ Bible no ase aba nnɛ kasa horow bi mu, na emu fã kɛse no ara de mfaso pii aba. Ama nnipa bebree nsa aka Bible no bi. Nanso, nkyerɛase foforo no pii nni mũ koraa, efisɛ ɛnkyerɛ nsɛm no ase pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛsɛ, na wɔtaa sesa nsɛmfua a wɔde di dwuma wom no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nkyerɛase no bi mma Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ fann a ɛfa awufo tebea, nnipa kra, ne nokware Nyankopɔn no din ho no mu nna hɔ.

Ne saa nti, nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho no ani gye bere a wɔte sɛ wɔayi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no adi wɔ Twi kasa mu no. Yehowa Adansefo de nnɛyi nkyerɛase a wɔayi no adi wɔ Borɔfo kasa mu no too gua wɔ 1950 mu. Ennyina nyamesom atetesɛm so, mmom no wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛso bi mmae da, na ɛma nnipa a wɔnte tete kasa a wɔde kyerɛw Bible no nya Bible mu ntease a bere bi na abɔ wɔn no. Nanso ebia wubebisa sɛ, hena na ɔyɛɛ nkyerɛase soronko yi ho adwuma?

Nsɛm Asekyerɛfo a Wɔhyɛɛ Onyankopɔn Anuonyam

Ɛwom sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ ade foforo koraa ma wɔn a wɔka Twi kasa de, nanso efi 1950 tɔnn na wofii ase de Borɔfo de no dii dwuma. Watch Tower Bible and Tract Society—amanaman ntam Bible Fekuw a wofi bere tenten atintim Bible no na woyii no adi saa bere no wɔ Borɔfo kasa mu. Nneɛma pii a ɛma nkyerɛase foforo yi da nsow no mu biako ne sɛ, edin a ɛda so no yɛ soronko koraa; wɔanyɛ no sɛnea nkurɔfo taa kyekyɛ Bible no mu yɛ no apam “dedaw” ne apam “foforo” no. September 15, 1950, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Mmarima a wɔbom yɛ boayikuw a wɔkyerɛɛ nsɛm ase no ka sɛ . . . sɛ́ wɔte nkwa mu anaasɛ wɔawu no, wɔmpɛ sɛ wɔda wɔn adi anaa wɔbɔ wɔn din kyerɛ obiara. Adwuma a wɔyɛe no atirimpɔw ara ne sɛ wɔde bɛma nokware Nyankopɔn no din so.”

Woyii New World Translation of the Holy Scriptures Bible mũ no nyinaa a ɛbom biako adi wɔ Borɔfo kasa mu wɔ 1961 mu. Ɛmfa ho sɛ ɛde besi nnɛ wɔmmɔɔ nnipa a wɔkyerɛɛ ase din no, atirimpɔw a wɔde yɛɛ adwuma no, ne ahofama a wɔdaa no adi no da adi pefee. New World Translation of the Holy Scriptures a ɛyɛ Bible mũ no nyinaa a wɔyɛɛ no foforo 1984 mu no nnianim kae sɛ: “Nea Kyerɛw Kronkron no a wɔkyerɛ ase hwehwɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛ Yehowa Nyankopɔn nsusuwii ne ne nsɛm ase akɔ kasa foforo mu, . . . Wɔn a wɔkyerɛɛ nsɛm yi ase, a wɔwɔ ɔdɔ ma Kyerɛw Kronkron no Kyerɛwfo a ɔwɔ soro, no hu sɛ wɔwɔ asɛyɛde soronko wɔ N’anim sɛ wɔkyerɛ ne nsusuwii ne ne nsɛm ase pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛfata.”

Sɛ yɛde adwempa a boayikuw a wɔkyerɛɛ ase no kura to nkyɛn a, so yebetumi aka sɛ na wɔfata sɛ wɔyɛ saa adwuma no? Nhomanimfo binom a asɛm yɛ wɔn ahi ka sɛ bere dodow a wɔmmobɔ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no din ne nhomasua mu abodin a wokura no de, ɛsɛ sɛ yɛfa nkyerɛase no sɛ mpapahwekwa bi adwuma. Nanso ɛnyɛ nhomanimfo nyinaa na wɔwɔ saa adwene no. Alan S. Duthie kyerɛwee sɛ: “Sɛ yehu nnipa a wɔkyerɛɛ Bible bi ase anaa wotintimii a, so ɛno na ɛboa ma yehu sɛ nkyerɛase no ye anaa enye? Ɛnte saa ankasa. Biribiara nni hɔ a ɛho hia sen sɛ yɛbɛhwehwɛ nkyerɛase biara ankasa mu.” *

Akenkanfo mpempem ayɛ saa. Ɛde besi nnɛ, wɔatintim Wiase Foforo Nkyerɛase mũ no nyinaa anaa ne fã bi mmiako mmiako 120,000,000 ne akyi wɔ kasa 45 mu wɔ wiase nyinaa. Dɛn na nnipa pii a wɔakenkan no ahyɛ no nsow?

Nkyerɛase a Ɛtew Onyankopɔn Din Ho

Mateo 6:9 no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Nanso wɔ nkyerɛase pii mu no, Onyankopɔn din ankasa mpue, mmom nea wɔde frɛ no ara ne “Onyankopɔn” anaa “Awurade.” Nanso bere a wɔkyerɛw Bible no, na ɛnte saa. Wɔde Nyankopɔn din “Yehowa” ankasa afrɛ no bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. (Exodus 3:15; Dwom 83:18) Mfe bi akyi no, gyidihunu maa Yudafo no gyaee Nyankopɔn din bɔ. Yesu asomafo no wu akyi no, saa nsusuwii hunu yi didi baa Kristofo asafo no mu. (Fa toto Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 1 Timoteo 4:1 ho.) Wɔn a wɔhwɛɛ Hela Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi no fii ase yiyii Onyankopɔn din ankasa a ɛne Yehowa no fii mu, na wɔde Hela asɛmfua Kyʹri·os, a ɛkyerɛ “Awurade” ne asɛmfua The·osʹ, a ɛkyerɛ “Onyankopɔn” no sii anan.

Anigyesɛm ne sɛ, Wiase Foforo Nkyerɛase no abɔ mmɔden asan de edin Yehowa no ahyɛ nea ɛhyɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Mateo kosi Adiyisɛm) no mu, enti edin no pue wom mpɛn 237. Ɛnyɛ wɔn a wɔkyerɛɛ ase no ankasa pɛ na wɔde yɛɛ saa, na mmom egyina nhwehwɛmu a etu mpɔn a wɔyɛe so. Sɛ nhwɛso no, Luka 4:18 faa asɛm a ɛwɔ Yesaia 61:1 de kaa asɛm. Wɔ tete Hebri nkyerɛwee no mu no, na edin Yehowa no pue wɔ saa nkyekyɛm yi mu wɔ Yesaia nhoma no mu. * Enti Wiase Foforo Nkyerɛase no akyerɛ Luka 4:18 ase ne kwan so sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.”

Nkyerɛase a ɛte saa no nso boa akenkanfo ma wohu nsonsonoe a ɛda Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, no ntam. Sɛ yɛde Mateo 22:44 bɛyɛ nhwɛso a, nkyerɛase pii kenkan sɛ: “Awurade see me wura sɛ.” Nanso hena na ɔrekasa kyerɛ ne yɔnko wɔ ha? Nea ɛwom ne sɛ, wɔfaa saa nkyekyem no fii Dwom 110:1, faako a tete Hebri nkyerɛwee mu no, Onyankopɔn din pue no. Ne saa nti Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: ‘Tra me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.’” Ɛnyɛ nimdeɛ a obi benya kɛkɛ nti na ɛsɛ sɛ ohu nsonsonoe a Kyerɛwnsɛm no ma ɛda Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ntam. (Marko 13:32; Yohane 8:17, 18; 14:28) Asɛm no fa nkwa a obi benya nso ho efisɛ Asomafo Nnwuma 2:21 ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din no wobegye no nkwa.”

Wɔakyerɛ Ase Pɛpɛɛpɛ na Emu Da Hɔ

Nneɛma foforo wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no ho a ɛma ɛda nsow. Hela nkyerɛwee a wɔhwɛ so kyerɛ ase a Westcott ne Hort yɛe a emu da hɔ no so na nkyerɛase yi gyina kɛse. Wɔde ntoboase kyerɛɛ mfitiase Hela nkyerɛwee no ase pɛpɛɛpɛ kɔɔ nnɛyi kasa mu maa emu daa hɔ. Ɛno ma ɛyɛɛ sɛnea na mfitiase Bible nkyerɛwee no te ankasa, na afei nso ɛmaa nneɛma pii mu daa hɔ kɛse.

Ma yɛmfa Romafo 13:1 nyɛ nhwɛso. Ɛhɔ no, Paulo tuu Kristofo fo sɛ obiara “mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn” anaa aban mpanyimfo “ase.” Nkyerɛase bebree toa so sɛ nniso a ɛtete saa no, “Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ,” anaa “wayi asi hɔ.” (King James Version; Jerusalem Bible) Ahempɔn binom agyina nkyerɛase a ɛtete saa so de afoa kankabi su a wɔda no adi no so. Nanso sɛnea Wiase Foforo Nkyerɛase taa yɛ no, ɛkyerɛ nkyekyɛm yi ase pɛpɛɛpɛ ma ɛfata sɛ, “atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.” * Ɛha no wutumi hu sɛ ɛwom sɛ ɛnyɛ Nyankopɔn ankasa na ɔpaw wiase atumfo de, nanso ɔma nnipa a wɔte saa no kwan ma wodi tumi a ɛyɛ wɔn so de, nanso bere nyinaa wɔn sibea no nnu n’ankasa ne de.

Afei nso Wiase Foforo Nkyerɛase no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma Hela adeyɛsɛm ahorow mu nsonsonoe ada adi. Wɔ nnɛyi kasa pii mu no, wɔde adeyɛsɛm di dwuma de kyerɛ bere a obi yɛ biribi, sɛ ebia dekode no atwam, ɛrekɔ so, anaasɛ ɛbɛba so daakye. Hela kasa mu adeyɛsɛm nso kyerɛ adeyɛ pɔtee a wɔreka ho asɛm, sɛ ɛyɛ bere tiaa mu de anaa aba awiei, anaasɛ adeyɛ a ɛkɔ so ara. Susuw Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no ho hwɛ. Hela adeyɛsɛm a ɛkyerɛ “hwehwɛ” no kura adwene a ɛne sɛ wobɛkɔ so ayɛ biribi. Ne saa nti wɔakyerɛ ase ma ɛde aba a ɛwɔ Yesu nsɛm no mu ba sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” Wɔakyerɛ Mateo 7:7 nso ase sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mpem, na wobebue mo.”—Hwɛ Romafo 1:32; 6:2; Galatifo 5:15 nso.

Wiase Foforo Nkyerɛase no abɔ mmɔden kɛse akyerɛ asɛmfua titiriw biara ase wɔ ɔkwan biako so wɔ baabiara. Sɛ nhwɛso no, wɔakyerɛ Hela asɛmfua psy·kheʹ no ase “ɔkra” wɔ baabiara a ɛbɛyɛ yiye biara. Ɛno ma wɔn a wɔkenkan no tumi hu ntɛm ara sɛ ɔkra nyɛ biribi a enwu sɛnea nyamesomfo bi kyerɛ no. Etumi wu.—Mateo 2:20; Marko 3:4, Luka 6:9; 17:33.

Onyankopɔn Asɛm no a Wɔbɛma Obiara Nsa Aka Bi

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a yɛayi no adi wɔ Twi kasa mu no nkyerɛ sɛ, yɛawie. Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkyerɛ Bible mũ no nyinaa ase wɔ bere a ɛsɛ mu. Nanso asɛmmisa no ne sɛ, wɔn a wɔkenkan Twi de no betumi anya ahotoso sɛ ɛno nso yɛ pɛpɛɛpɛ te sɛ Borɔfo no?

Yiw, ɛte saa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ani ku sɛnea wɔkyerɛ ase no ho paa. Wɔhwɛɛ ade kɔɔ akyiri hui sɛ, Bible a wɔkyerɛ ase kɔ kasa foforo mu de, ne papa mu no, ɛsɛ sɛ kuw bi na wɔbom yɛ. Enti wɔhyehyɛɛ Bible nkyerɛase akuw wɔ aman dodow bi so wɔ wiase afannan nyinaa. Wɔhyɛɛ da yɛɛ adwumayɛbea soronko bi a wɔfrɛ no Translation Services wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛhwɛ de mmoa ama anuanom a wɔkyerɛ Bible ase no, ama wɔn nsɛmmisa ho mmuae, na wɔahwɛ ama Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ kasa horow nyinaa mu no anya ntease koro. Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ biribi a ɛso wɔ mfaso paa. Ɛno ne kɔmputa dwumadi bi a ɛboa wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no. Eyi nkyerɛ sɛ nnipa mmɔdenbɔ ho nhia bio wɔ nkyerɛase no mu. Mmom no, kɔmputa dwumadi no ma botae kɛse a esi Bible nkyerɛasefo no ani so, a ɛne sɛ wɔbɛkyerɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no ase pɛpɛɛpɛ ma adi mũ te sɛ Borɔfo no, yɛ mmerɛw. Nneɛma a kɔmputa dwumadi a ɛboa nkyerɛase yi yɛ no bi ne sɛ ɛkyerɛ sɛnea wɔakyerɛ Hebri ne Hela asɛmfua biara ase wɔ Borɔfo de no mu, na ɛno boa nkyerɛasefo no ma wɔpaw wɔn kasa no mu nsɛmfua a ɛne no kɔ.

Nea afi mu aba no ma yehu mfaso a ɛwɔ nhyehyɛe ahorow yi so. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ w’ankasa wo Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Wubetumi anya bi afi wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no nkyɛn. W’ani begye nneɛma foforo a ɛma ɛda nsow no nso ho: nkyerɛwee no mu da hɔ na ne kenkan nyɛ den; ɛwɔ nsɛmti a ɛboa obi ma ohu kyerɛw nsɛm bi a onim dedaw no ntɛm; ɛwɔ asase mfonini ahorow a mmeae pii wowɔ so; afei nkekaho nsɛm a ɛyɛ anigye. Nea ehia paa no, wubetumi akenkan Bible yi a wowɔ ahotoso sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ankasa nsɛm a wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ kɔ nnɛyi kasa mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ Nea yebetumi ahyɛ no nsow no, wɔakyerɛw agu New American Standard Bible, (1971 de) a Wotumi De Yɛ Nhwehwɛmu no akyi sɛ: “Yɛamfa nhomanimfo biara din anni dwuma anaa yɛankamfo ankyerɛ efisɛ yegye di sɛ ɛsɛ wogyina Onyankopɔn Asɛm no ankasa so di ho adanse.”

^ Ɛyɛ nokware sɛ Greek Septuagint nkyerɛase no so na wogyina kyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a wɔfa kaa asɛm wɔ nea wɔfrɛ no Apam Foforo no mu ase. Na esiane sɛ Onyankopɔn din no nni Septuagint nkyerɛase a ɛbae akyiri yi no mu nti, nhomanimfo pii ka sɛ ɛsɛ sɛ anka woyi din no fi Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu saa ara. Nanso edin Yehowa, a wɔakyerɛw no sɛnea epue wɔ tete Hebri nkyerɛwee mu no wɔ Septuagint nkyerɛase a akyɛ paa no mu. Eyi titiriw nti na yɛde edin Yehowa no asan ahyɛ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no.

^ Hwɛ A Manual Greek Lexicon of the New Testament, a G. Abbott-Smith yɛe, ne A Greek-English Lexicon a Liddell ne Scott yɛe no. Sɛnea nhoma yi ne nhoma afoforo a wogye tom kyerɛ no, nea Hela asɛmfua no kyerɛ ankasa ne “sɛ wobɛtoto biribi yiye anaa wobɛhyehyɛ.”

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wiase Foforo Nkyerɛase no ho nsɛm:

Wɔde ntoboase kyerɛɛ mfitiase Hela nkyerɛwee no ase pɛpɛɛpɛ kɔɔ nnɛyi kasa mu maa emu daa hɔ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

By courtesy of the Director and University Librarian, The John Rylands University of Manchester

Nkyerɛase a emu da hɔ no ma akenkan yɛ dɛ

Atifi nsɛmti no boa obi ma ohu kyerɛw nsɛm bi a onim dedaw no ntɛm

Asase mfonini ahorow a mmeae pii wowɔ so no boa akenkanfo ma wohu Bible nsase yiye

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Bible akyerɛwfo te sɛ Paulo de kasa a ne bere sofo taa ka na edii dwuma

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛnea “Wiase Foforo Nkyerɛase” no mu da hɔ no boa Kristofo som adwuma no kɛse