Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Europa Asɛnnibea Gye Hokwan a Ɛna bi Wɔ Tom

Europa Asɛnnibea Gye Hokwan a Ɛna bi Wɔ Tom

Europa Asɛnnibea Gye Hokwan a Ɛna bi Wɔ Tom

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ France hɔ

WƆ December 16, 2003 mu no, Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ So a ɛwɔ Strasbourg, France, no hui sɛ asɛnnibea horow a ɛwɔ France no di fɔ sɛ wɔagyina ɔsom mu nyiyim so adi asɛm atia Séraphine Palau-Martínez a ɔyɛ Yehowa Dansefo no.

Wɔ 1996 mu no, wɔmaa Séraphine kwan ma ogyaee ne kunu aware. Na ɔbarima no apo no bɛyɛ mfe abien. Wɔde wɔn mma baanu no maa Séraphine sɛ ɔnhwɛ wɔn. Nanso wɔ 1997 mu, bere a na mmofra no ne wɔn maame atra bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã no, wɔkɔsraa wɔn papa, nanso wansan amfa wɔn amma bio. Séraphine ka sɛ: “Bere a mekɔɔ sukuu mu hɔ sɛ merekɔfa wɔn akɔ fie no, sukuu panyin no frɛɛ polisifo. Sɛ na metumi ahu mmofra no a, gye sɛ polisifo wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a merenka me gyidi ho asɛm nkyerɛ wɔn. Wobuu me sɛ ɔsɛmmɔnedifo bi. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ metumi abɛfa mmofra no a, gye sɛ mede me nsa ahyɛ krataa ase sɛ merenka Onyankopɔn anaa Bible mu asɛm biara nkyerɛ wɔn na meremfa wɔn nkɔ Kristofo nhyiam nso.”

Séraphine de asɛm no kɔdan asɛnnibea. Nanso wɔ 1998 mu no, Asɛnnibea a Wɔde Asɛm Kɔdan Wɔn a ɛwɔ Nîmes no de mmofra no hyɛɛ agya no nsa sɛ ɔnhwɛ wɔn. Wɔkyerɛe sɛ wɔn gyinaesi no fata efisɛ wɔkasa tiaa nnyinasosɛm a Yehowa Adansefo de kyerɛkyerɛ wɔn mma no denneennen. Séraphine ka sɛ: “Ɛyɛ asɛm a etu koma paa sɛ wɔbɔɔ me sobo sɛ merepira me mma bere a na merebɔ me ho mmɔden sɛ mɛtete wɔn sɛ Kristofo, ade a misusuw sɛ ɛbɛma asi wɔn yiye koraa no.”

Bere a France asɛnnibea kunini (Cour de Cassation) a wɔde asɛm kɔdan wɔn ne asɛnnibea a edi kan no adwene kɔɔ bɛnkoro mu no, Séraphine de asɛm no kɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ So no. Bere a atemmufo baason a wohyiae no mu baasia kasa tiaa atemmu no, wɔkae sɛ “Asɛnnibea no ahu pefee sɛ [France] asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan wɔn no gyinaa ɔsom a nkurobɔfo no wom no so na edii asɛm a ɛda awofo baanu no ntam no. . . . Animhwɛ a ɛte saa yɛ nyiyim.” Wohui sɛ gyinae a France asɛnnibea no sii no mfa hwɛ a Séraphine betumi ahwɛ mmofra no ho—biribi a wɔansusuw ho koraa da—ɛnna ennyina adanse bi a edi mu so, na mmom “egyina nea nnipa dodow no ara ka fa Yehowa Adansefo ho no so.” Esiane ɔsom mu nyiyim ne Séraphine ahofadi a wotiatiaa so no nti, Europa Asɛnnibea no hyɛe sɛ France ntua mpatade ne asɛnni ho ka a Séraphine bɔe nyinaa mma no.

Gyinae a wosii no te sɛ nea Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ So sii wɔ June 1993 mu wɔ asɛm bi a na ɛte sɛ eyi ho no. Wɔ ɛno mu no, Asɛnnibea no hui sɛ Austria yɛɛ nyiyim gyinaa Ingrid Hoffmann, a ɔyɛ Yehowa Dansefo no som so dii asɛm tiaa no. * Nea ɛne Hoffmann asɛnnii no hyia no, France atesɛm krataa a ɛhwehwɛ mmara ho nsɛm mu, La Semaine juridique, ka sɛ “asɛnnii yi si so dua sɛ, wontumi nnyina ɔsom a obi wom so nsi gyinae a ɛfa tumi a awofo wɔ wɔ wɔn mma so no ho koraa.” Séraphine mmaranimfo no kae sɛ: “Saa gyinaesi yi hia paa. Nsɛm a Asɛnnibea no adi nyinaa ma ɛda adi sɛ awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ hokwan sɛ wodi wɔn asɛm ma wɔn a animhwɛ biara nnim.”

Bere a wobisaa Séraphine a mprempren ɔte Spain, sɛnea ɔte nka wɔ gyinaesi no ho no, ɔkae sɛ: “M’ani agye paa na manya abotɔyam. Sɛ́ wɔafa me mma afi me nkyɛn esiane me som nti, na bɛyɛ mfirihyia anum ni minhuu wɔn da no yɛ amanenya kɛse, nanso Yehowa wowaw me bere nyinaa. Migye di sɛ asɛnni yi bɛboa afoforo a wɔwɔ me tebea yi mu nyinaa.”—g04 11/22.

[Ase hɔ asɛm]

^ Hwɛ “Jehovah’s Witnesses Vindicated in Child-Custody Battle” a ɛwɔ Engiresi Nyan! October 8, 1993, kratafa 15 no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Séraphine