Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma a Wɔakamfo Paa Akyerɛ Mmabun

Nhoma a Wɔakamfo Paa Akyerɛ Mmabun

Nhoma a Wɔakamfo Paa Akyerɛ Mmabun

ƆKYERƐKYERƐFO panyin a ɔhwɛ Tigoni Mmeawa Sukuu a ɛwɔ Limuru, Kenya, so no kyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ saa ɔman no mu sɛ ɔpɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi. Ɔkae sɛ: “Sɛnea munim no, mmabun sohwɛ tumi yɛ den. Yɛwɔ mo nhoma yi abien, na aboa akyerɛkyerɛfo ne adesuafo no nyinaa. Nsɛm a ɛwom no fata na edi yɛne mmabun no nyinaa ahiade ho dwuma.”

Afei ɔkyerɛkyerɛfo panyin no de kaa ho sɛ: “[Sukuu] mpanyimfo no pɛ sɛ yɛde nhoma a mfaso wɔ so yi kyerɛkyerɛ yɛn sukuufo no. Wɔn ani gye nhoma no ho yiye. Awofo no nso pene mmɔden biara a yɛrebɔ de aboa wɔn mma no so. Saa bere yi de, yesusuw sɛ yebehia nhoma no 25.”

Young People Ask nhoma no pɛɛpɛɛ sɛnea mmabun dwene nsɛm ho ne sɛnea wɔte nka mu kɔ akyiri. Ɛkanyan nkɔmmɔbɔ a mfaso wɔ so wɔ nsɛm bi te sɛ eyi mu: “Mɛyɛ Dɛn Ama M’awofo Ama Me Ahofadi Pii?,” “Ɛsɛ sɛ Mifi Fie?,” “Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?,” “Adwuma Bɛn na Ɛsɛ sɛ Mepaw?,” “Nna a Edi Aware Anim Nso ɛ?,” ne “Mɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Ɔdɔ Me Paa?”

Eyinom yɛ nsɛmti no mu kakraa bi. Atiri 39 a ɛwɔ mu no ka nneɛma foforo pii ho nsɛm. Sɛ wopɛ nhoma yi bi a, hyehyɛ ɔfa a wɔagyaw wɔ ase hɔ no na fa mena address a ɛka ho no anaa nea ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.—g05 2/8.

□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work no bi mmrɛ me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.