Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia

Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia

Nsɛnnennen a Ɛnanom Hyia

“Efie nnwuma ho hia adesamma sen biara. . . . Sɛ ɛna anyɛ ne fam de a, yɛrennya nkyirimma daakye, na sɛ yebenya mpo a, yɛrentumi mmɔ wɔn kyɛm so.”—Theodore Roosevelt, United States mampanyin a ɔto so 26.

AKYINNYE biara nni ho sɛ ɛna ho hia wɔ nnipa asetram, nanso ɛnyɛ n’adwuma ara ne sɛ ɔbɛwo mma kɛkɛ. Ɛdefa dwuma a nnɛ ɛnanom di wɔ wiase fã kɛse no ara mu ho no, ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɔno na ɔhwɛ sɛ abofra biara benya akwahosan pa, ntetee, adwene, nipasu, suban, ne nkate fam ahoɔden.”

Ɛna adwuma biako ne sɛ ɔbɛtete ne mma. Abofra taa sua kasa fi ne na nkyɛn. Enti wɔtaa ka obi kurom kasa ho asɛm sɛ kasa a wɔde twaa ne funuma. Ɛna taa nya mmofra ho adagyew kyɛn agya no, enti ebetumi aba sɛ ɛna no titiriw na ɔde nkyerɛkyerɛ ne nteɛso bɛma. Ne saa nti, abebusɛm a ɛka sɛ, “wo ni wu a, na w’abusua asa” no ma yehu adwuma titiriw a ɛnanom yɛ no yiye.

Yɛn Bɔfo Yehowa Nyankopɔn nso di ɛnanom ni. Nokwarem no, Mmara Nsɛm Du a wɔde “Nyankopɔn nsateaa” kyerɛwee wɔ abopon so no mu biako hyɛ mmofra sɛ: ‘Di w’agya ne wo na ni.’ (Exodus 20:12; 31:18; Deuteronomium 9:10) Bio nso, Bible mu abebusɛm bi ka sɛ “mpo wo na mmara.” (Mmebusɛm 1:8) Nnipa pii abegye hia a ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra wɔ wɔn asetra mfe abiɛsa a edi kan mu, bere a wɔn mu pii taa wɔ wɔn maamenom nkyɛn titiriw no, atom.

Dɛn ne Nsɛnnennen no Bi?

Wɔ ɛnanom pii fam no, ɔhaw a wohyia wɔ ntetee a ehia sɛ wɔde ma wɔn mma bere a wosusua no ne sɛ, ɛsɛ sɛ wofi fie kɔyɛ adwuma de hwɛ wɔn mmusua. Amanaman Nkabom akontaabu bi da no adi sɛ wɔ aman pii a wodi yiye mu no, ɛnanom a wokura mmofra a wonnii mfe abiɛsa no mu fã kɛse ara yɛ adwuma.

Afei nso, ɛnanom nko ara na wɔtaa tete wɔn mma esiane sɛ wɔn kununom atu kwan rekɔhwehwɛ adwuma wɔ kurow foforo anaa ɔman foforo so nti. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔ Armenia mmeae bi no, mmarima baasa biara mu biako atu kwan kɔ amannɔne rekɔhwehwɛ adwuma. Ɛnanom binom nso kununom agyae wɔn aware anaasɛ wɔawuwu ma enti, mmofra no hwɛ abɛda wɔn nkutoo so.

Wɔ aman bi so no, asɛnnennen foforo a awofo pii hyia ne sɛ wɔankɔ sukuu. UN Asoɛe a Ɛhwɛ Sikasɛm ne Asetram Nsɛm So no buu akontaa sɛ nnipa ɔpepem 876 a wonnim nhoma no mu fa kɛse no ara yɛ mmea. Nokwarem no, sɛnea UNESCO kyerɛ no, wɔ Afrika, Arabfo aman mu ne Asia Apuei ne Anafo fam no, mmea bɛboro ɔha mu nkyem 60 na wonnim nhoma. Afei nso, mmarima pii gye di sɛ ɛho nhia sɛ mmea bɛkɔ sukuu, na sukuukɔ bɛma wɔabɛyɛ awofo a wɔmfata.

Outlook nsɛmma nhoma no ka sɛ wɔ Kerala mantam bi a ɛwɔ India no, mmeawa dodow no ara bedi mfe 15 na wɔawo, na ɔbarima biara mpɛ sɛ ɔware ɔbea a wakɔ sukuu. Wɔ Pakistan a ɛbɛn hɔ no, mmabarima na wɔma wɔkɔ sukuu. Wɔtete wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnwuma pa ayɛ na wɔatumi aboa wɔn awofo wɔ wɔn nkwakoraabɔ ne wɔn mmerewabɔ mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛnea Women’s Education in Developing Countries nhoma kyerɛ no, “awofo nsɛe sika wɔ wɔn mmabea sukuukɔ ho efisɛ wɔnhwɛ kwan sɛ wobenya sika daakye de abɛboa abusua no.”

Amammerɛ mu nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma nso wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no wɔhwɛ kwan sɛ ɛna bɛboa ma amammerɛ bi te sɛ mmeawa a wɔtɔn wɔn ma mmarima ware wɔn ne mmea awode a wodi no dɛm akɔ so. Afei nso wɔ mmeae bi no, wokyi sɛ ɛna bɛkyerɛkyerɛ ne babarima anaa ɔbɛteɛ no so. So ɛsɛ sɛ ɛna di saa amammerɛ yi akyi na ogyaw ne babarima ma afoforo kyerɛkyerɛ no?

Wɔ nsɛm a edi hɔ mu no, yebehu sɛnea ɛnanom bi redi saa nsɛnnennen no ho dwuma. Yɛbɛbɔ mmɔden nso sɛ yɛbɛte ɛnanom ne wɔn nnwuma a wɔyɛ no ase kɛse na yɛanya ntetee a ɛnanom de ma wɔn mma no ho adwempa.—g05 2/22.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

“Sɛ abofra behu nyansa akyerɛ nneɛma ho anigye, na afei watumi abɔ ne tirim ayɛ ade a, gye sɛ ne maame boa no.”—Hokwan a Mmofra Wɔ Ho Nhyiam, Burkina Faso, 1997.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Ɛnanom di akoten wɔ abofra biara akwahosan, ntetee, nipasu, ne nkate fam ahoɔden mu