Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛnnennen no a Ɛnanom Redi So

Nsɛnnennen no a Ɛnanom Redi So

Nsɛnnennen no a Ɛnanom Redi So

ASƐNKƐSE a ɛnanom pii hyia nnɛ ne sɛ wobefi fie akɔyɛ adwuma anya sika de ahwɛ wɔn mmusua. Afei nso tebea horow bi nti, abehia sɛ ebinom nkutoo tete wɔn mma.

Margarita yɛ ɔwofo biakofo a ɔwɔ Mexico a ne nko ara na ɔtete mmofra baanu. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ den sɛ me de abrabɔ ne honhom fam ntetee bɛma wɔn. Bere bi me babarima a n’ani afi fii apontow bi ase bae a na wabow kakra. Mebɔɔ no kɔkɔ sɛ, sɛ mihu no saa bio a, mɛto no pon mu. Enti bere foforo a ɔsan yɛɛ saa no, mimiaa m’ani too no pon mu. Anigyesɛm ne sɛ, wanyɛ saa bio.”

Ɛno akyi no ankyɛ biara na Margarita fii ase suaa Bible no, na ɛboaa no ma ɔde ɔbra pa ho adwene duaa ne mma no mu. Mprempren wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo.

Bere a Okununom Kɔ Amannɔne

Mmarima pii a wɔwɔ aman a wodi hia mu no agyaw wɔn mma ntetee ato wɔn yerenom so atu kwan kɔ aman a wodi yiye so rekɔpɛ adwuma. Laxmi, ɛna bi a ɔwɔ Nepal, ka sɛ: “Me kunu kɔɔ amannɔne bɛyɛ mfe ason ni. Mmofra no ntie m’asɛm te sɛ nea anka wobetie wɔn agya no. Sɛ ɔtaa ba ntoatoaso bedi nneɛma anim a, anka ɛrenyɛ den.”

Ɛmfa ho sɛ Laxmi wɔ nsɛnnennen no, ɔredi so nkonim. Esiane sɛ onnim nhoma papa nti, wayɛ nhyehyɛe ma akyerɛkyerɛfo bɛboa ne mma mpanyimfo no ma wɔyɛ wɔn sukuu dwumadi. Nanso, ɔma n’ani kɔ wɔn honhom fam ntetee so titiriw denam Bible adesua a ɔne wɔn yɛ no dapɛn biara no so. Odi anim ma wosusuw Bible mu kyerɛwsɛm ho daa, na ɔde wɔn kɔ Kristofo nhyiam.

Ɛnanom a Wonnim Nhoma Papa

Wɔ aman bi mu no, ɔhaw foforo a wohyia ne sɛ mmea dodow no ara nnim nhoma. Aurelia a ɔwɔ mma baasia wɔ Mexico rekyerɛkyerɛ ɔhaw a ɛnanom a wɔte saa hyia mu no, ɔkae sɛ: “Ná me maame ka bere nyinaa sɛ ɛnyɛ mmea adwuma ne sɛ wobesua nhoma. Enti mansua akenkan na sɛ me mma de sukuu dwumadi ba fie a, matumi aboa wɔn. Ɛyɛ yaw. Nanso esiane sɛ mempɛ sɛ wɔbɛbrɛ sɛ me nti, meyɛɛ adwumaden de hwɛɛ wɔn sukuu.”

Sɛ mpo ɛna bi nnim nhoma papa a, obetumi ayɛ biribi de aboa. Asɛm a wɔtaa ka yi yɛ nokware sɛ: “Sɛ wotete mmea a, na woretete mmarima akyerɛkyerɛfo.” Bishnu wɔ Nepal, na okura mmofra baasa. Na onnim nhoma nanso esiane sɛ ɔpɛ sɛ osua Bible mu nokware de kyerɛkyerɛ ne mma nti, ɔyeree ne ho suaa akenkan ne akyerɛw. Ɔhwɛ maa ne mma no yɛɛ wɔn sukuu dwumadi ahorow, na na ɔtaa kɔ wɔn sukuu mu ne wɔn akyerɛkyerɛfo kosusuw wɔn dwumadi ho.

Bishnu babarima a wɔfrɛ no Silash kaa honhom fam ne abrabɔ fam ntetee a wonyae no ho asɛm sɛ: “Nea m’ani gyee ho titiriw wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn no ho ne sɛ, sɛ yedi mfomso bi a, ɔne yɛn susuw Bible mu nhwɛso ahorow ho de teɛ yɛn so. Ɔkwan a na ɔfa so yi ye na ɛboa ma migyee n’afotu toom.” Bishnu atumi atete ne mmabarima baasa no ma wɔn nyinaa ayɛ mmerante a wosuro Nyankopɔn.

Antonia a ɔretete ne mma baanu wɔ Mexico no ka sɛ: “Mfitiase sukuu pɛ na mekɔe. Na yɛte akuraa bi a atew ne ho ase, na efi hɔ rekɔ faako a ntoaso sukuu a ɛbɛn hɔ no wɔ no ware yiye. Nanso na mepɛ sɛ me mma nya nhomasua mu nkɔanim sen me, enti minyaa wɔn ho adagyew kɛse. Mekyerɛɛ wɔn ABD ne akontaabu. Ansa na me babea no refi sukuu ase no, na otumi kyerɛw ne din bobɔ nkyerɛwde a wɔde kyerɛw nsɛmfua nyinaa din. Bere a me babarima no kɔɔ mmotafowa sukuu no na onim akenkan dedaw.”

Bere a wobisaa Antonia sɛnea ɔtetee wɔn honhom fam ne abrabɔ fam no, ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Mekyerɛkyerɛɛ wɔn Bible mu nsɛm. Ansa na me babea no ano bɛtew no, na otumi toto ne nsa de yɛ nsɛnkyerɛnne ka Bible mu nsɛm. Me babarima no yɛɛ ne Bible akenkan dwumadi a edi kan wɔ Kristofo nhyiam ase bere a na wadi mfe anan.” Awofo pii a wɔankɔ sukuu annu akyiri no redi ntetee a ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn mma no ho dwuma.

Amammerɛ Bɔne a Wɔko Tia

Amammerɛ a ɛwɔ Tzotzilfo mu wɔ Mexico ne sɛ wɔtɔn wɔn mmabea ma aware bere a wɔadi mfe 12 anaa 13 no. Wɔtaa tɔn mmeawa ma ɔbarima panyin bi a ɔpɛ sɛ onya mmea foforo ka ne yere ho no. Sɛ ɔbarima no ani annye abeawa no ho a, otumi san de no kɔ kogye ne sika. Petrona hyiaa amammerɛ a ɛte saa bere a na ɔyɛ abofra no. Ne maame dii mfe 13 no, na wɔatɔn no ama aware saa ara ma wawo biako agyae aware! Saa abofra a odi kan no wui, na ɛno akyi no, wɔsan tɔn Petrona maame maa aware ne mprenu so. Ne nyinaa mu no ɔwoo mma baawɔtwe.

Ná Petrona pɛ sɛ ɔkwati abrabɔ a ɛte saa, na ɔkyerɛ ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa no mu sɛ: “Bere a miwiee mfitiase sukuu no, meka kyerɛɛ Maame sɛ mempɛ sɛ meware na mmom mɛtoa me sukuu so. Maame ka kyerɛɛ me sɛ ɔrentumi nyɛ ho hwee enti menka nkyerɛ me papa.”

Paapa ka kyerɛɛ me sɛ: “Mede wo rebɛma aware. Wote Spania kasa. Wunim akenkan. Dɛn bio na wopɛ sɛ wusua? Sɛ wopɛ sɛ wotoa w’adesua so a, ɛnde w’ankasa betua wo sukuu ho ka.”

Petrona toa n’asɛm no so sɛ: “Enti saa na meyɛe. Na midi adwinni gu ntama mu tɔn na manya sika de atua me ho aka.” Saa na ɔyɛe a wɔantɔn no amma aware. Bere a Petrona nyinii no, ne maame fii ase suaa Bible no, na eyi ma onyaa akokoduru de Bible mu ntetee duaa Petrona nuabeanom nkumaa no mu. Ɛna no fi n’ankasa suahu mu kyerɛkyerɛɛ ne mma no ɔhaw horow a mmeawa a wɔtɔn wɔn ma aware no hyia.

Amammerɛ foforo a ɛwɔ mmeae pii ne sɛ agya no nkutoo na ɔwɔ hokwan sɛ ɔteɛ mmabarima a wɔwɔ abusua no mu so. Petrona kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔma Tzotzilfo mmea te ase sɛ wɔba fam sen mmarima. Mmarima no hyɛ mmea so paa. Mmarimaa no suasua wɔn agyanom, na wotumi ka kyerɛ wɔn nanom sɛ: ‘Wunni hokwan sɛ wokyerɛ me nea menyɛ. Sɛ me papa anka a, merentie wo.’ Enti ɛnanom ntumi ntete wɔn mmabarima. Nanso afei a me maame asua Bible no, watumi akyerɛkyerɛ me nuanom mmarima no. Wɔakyere Efesofo 6:1, 2 a ɛka sɛ: ‘Mma, muntie mo awofo asɛm. . . . Di w’agya ne wo na ni’ no agu wɔn tirim.”

Mary a ɔyɛ ɛna wɔ Nigeria no nso ka sɛ: “Faako a wɔtetee me no amammerɛ kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɛna kyerɛkyerɛ mmarimaa anaa ɔteɛ wɔn so. Nanso bere a midii Bible mu nhwɛso a ɛfa Lois ne Eunike—Timoteo nanabea ne ne maame ho akyi no, misii me bo sɛ meremma ɛhɔnom amanne no nsiw me mmabarima a mɛtete wɔn no kwan.”—2 Timothy 1:5.

Amammerɛ foforo nso a abu so wɔ aman bi mu ne nea ebinom frɛ no “mmea twetiatwa” a ɛnnɛ wɔtaa frɛ no mmea awode a wodi no dɛm (FGM) no. Wɔnam saa adeyɛ yi so twa abeawa awode ano nam kakra anaa fã kɛse no ara. Waris Dirie a wonim no yiye sɛ waben wɔ ntade a aba so a wɔhyɛ kyerɛ mu, na ɔsan yɛ nanmusifo titiriw ma Amanaman Nkabom Ɔmanfo Dodow Foto no na ɔbɔɔ amanne no ho dawuru. Nea ɛne Somaliafo amammerɛ hyia no, bere a ɔyɛ abofra no, ne maame ma wodii n’awode dɛm. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, anhwɛ a wobedi mmea ne mmeawa a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem awotwe kosi du a wɔwɔ Mediterranea Supɔw so ne Afrika no awode dɛm. Wɔ United States mpo no, akontaabu kyerɛ sɛ wobetumi adi mmeawa 10,000 awode dɛm.

Dɛn na wogye di a enti ɛma wɔyɛ eyi? Ebinom susuw sɛ mmea awode ho ntew na ɛmma mmeawa no nso ho ntew sɛ wɔbɛware wɔn. Nea ɛka ho ne sɛ, awode no ano a wotwa anaa woyi fi hɔ no bɛma abeawa no akɔ so ayɛ ɔbaabun, na sɛ ɔware nso a wadi ne kunu nokware. Sɛ ɛna no ampene amma wɔanyɛ saa amanne yi a, ne kunu ne ne kuromfo ani bɛbere no so.

Nanso ɛnanom pii abehu sɛ biribiara nni hɔ a wobetumi agyina so wɔ nyamesom, aduyɛ, anaa ahotew mu agye saa adeyɛ a ɛyɛ yaw yi atom sɛ ɛfata. Nigeriafo nhoma bi (Repudiating Repugnant Customs) ka sɛ ɛnanom pii de akokoduru apo sɛ wɔbɛma wɔayɛ wɔn mmabea saa.

Nokwarem no, ɛnanom a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ wɔn mma ho ban na wɔde ntetee rema wɔn ɛmfa ho nsɛnnennen pii a wohyia no. So yɛkyerɛ wɔn mmɔdemmɔ no ho anisɔ?—g05 2/22.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

Nhwehwɛmu pii a wɔayɛ atoatoa so kyerɛ sɛ nnipa nkɔso ho nhyehyɛe pa biara nni hɔ a wɔayɛ a mmea nni mu akoten. Sɛ mmea de wɔn ho hyem pii a, ɛso mfaso da adi ntɛm ara: ɛma mmusua nya apɔwmuden na wonya nnuan pa di mee; wɔn akatua, sika a wɔde sie, ne sika a wɔsan de hyɛ adwuma foforo mu no tu mpɔn. Na sɛnea ɛte wɔ mmusua mu no, saa ara nso na ɛte wɔ nkurow, ne awiei koraa no aman mũ nyinaa mu.”—UN Kyerɛwfo Panyin Kofi Annan, March 8, 2003.

[Asɛm Fibea]

UN/DPI photo by Milton Grant

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɔde Ne Ho Bɔɔ Afɔre Maa Yɛn

Brazilni aberante bi a wɔfrɛ no Juliano ka sɛ: “Bere a midii mfe anum no, na me maame yɛ adwuma a wotua no ka yiye. Nanso bere a ɔwoo me nuabea no, osii gyinae sɛ obegyae adwuma no na watumi anya bere ahwɛ yɛn. Afotufo a wɔwɔ adwuma no mu bɔɔ mmɔden sɛ wobɛma wakɔ so ayɛ adwuma no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔreyɛ adwuma hunu efisɛ sɛ ne mma no wareware na wofi fie a, nea ɔyɛ maa wɔn nyinaa bɛyɛ ɔkwa. Nanso metumi aka sɛ wɔboa; me werɛ remfi ɔdɔ a oyii adi kyerɛɛ yɛn no da.”

[Mfonini ahorow]

Juliano maame ne ne mma; benkum so: Juliano, bere a na wadi mfe anum no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Bishnu suaa akenkan ne akyerɛw na ɔboaa ne mmabarima no ma wonyaa ntetee pa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Antonia babarima kumaa no kenkan Bible wɔ Kristofo nhyiam ase

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Petrona atu ne ho ama reyɛ adwuma wɔ Mexico Yehowa Adansefo adwumayɛbea. Ne maame a akyiri no ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo no rekyerɛkyerɛ Petrona nuanom nkumaa no

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Waris Dirie yɛ obi a wonim no yiye sɛ ɔkasa tia mmea awode a wodi no dɛm

[Asɛm Fibea]

Photo by Sean Gallup/Getty Images