Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Wɔ Baabiara?

Onyankopɔn Wɔ Baabiara?

Bible no Adwene

Onyankopɔn Wɔ Baabiara?

YƐKA Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ na onim biribiara a, ɛfata. Nanso sɛ ebinom reka Onyankopɔn kɛseyɛ ho asɛm a, wogugu mu boro so ka sɛ ɔwɔ baabiara. Wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ ha na ɔsan nso wɔ mmaa nyinaa.

Bible kyerɛkyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ na onim biribiara ampa. (Genesis 17:1; Hebrifo 4:13; Adiyisɛm 11:17) Onyankopɔn te saa ampa efisɛ yɛrentumi mfa biribiara nsie no. Nanso Onyankopɔn wɔ baabiara, anaasɛ ɔyɛ obi a ɔte baabi pɔtee bi?

Onyankopɔn Te He?

Kyerɛw nsɛm bebree ka sɛ “ɔsoro” yɛ Onyankopɔn “trabea.” (1 Ahene 8:39, 43, 49; 2 Beresosɛm 6:33, 39) Nanso Bible mu asɛm bi ka Yehowa Nyankopɔn kɛseyɛ ho asɛm sɛ: “So ampa sɛ Onyankopɔn bɛtra nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.”—2 Beresosɛm 6:18.

Bible kyerɛ sɛ “Onyankopɔn yɛ Honhom.” (Yohane 4:24) Enti ɔte honhom trabea a nnipa ntumi mfa wɔn aniwa nhu no. Sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn te ‘soro’ a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔte kronkronbea bi a ɛnte sɛ wiase a yɛte mu yi. Ne nyinaa mu no, Bible kyerɛ mu sɛ Onyankopɔn wɔ baabi pɔtee a ɔte, nanso ɛsono baabi a ɔte no koraa na ɛsono baabi a yɛte yi.—Hiob 2:1, 2.

Onyankopɔn Yɛ Obi

Bere a Yesu ne n’asuafo no rekasa no, ɔkyerɛe sɛ Yehowa wɔ baabi a ɔte. Ɔkae sɛ: “Trabere pii wɔ m’Agya fie. . . . Merekɔ akosiesie baabi ama mo.” (Yohane 14:2) Ɛhe na Yesu kɔe? Owiee biribiara no, “ɔkɔɔ soro ankasa sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.” (Hebrifo 9:24) Saa asɛm yi kyerɛ yɛn nneɛma titiriw mmienu wɔ Yehowa Nyankopɔn ho. Nea edi kan ne sɛ ɔwɔ baabi pɔtee a ɔte, nea ɛtɔ so mmienu, ɔyɛ obi; ɔnyɛ tumi nwonwaso bi a ɛwɔ baabiara kɛkɛ.

Ɛno nti na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro.” Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔrebɔ Yehowa a ɔte baabi a yɛfrɛ no ɔsoro, honhom atrae no, mpae. (Mateo 6:9; 12:50) Na nkyerɛkyerɛ yi ne ɔkwan a na wɔakyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔmfa so mmɔ mpae bɛboro mfe 1,500 a na atwam no hyia. Wubehu mpaebɔ yi wɔ kyerɛwsɛm a akyɛ paa a Onyankopɔn maa ne nkurɔfo kyerɛwee no mu: “Fi wo trabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man.”—Deuteronomium 26:15.

Onyankopɔn Honhom Kronkron a Edu Baabiara

Bible ka bere nyinaa sɛ Onyankopɔn wɔ baabi pɔtee a ɔte, nanso mpɛn pii no ɛka sɛ ne honhom kronkron no de, ɛwɔ baabiara. Odwontofo Dawid bisae sɛ: “Ɛhe na mefi wo honhom no anim maguan makɔ? Na ɛhe na mefi w’anim maguan makɔ?” (Dwom 139:7) Ebinom nte nsɛm a ɛtete saa ase, enti nea wɔka ara ne sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara. Nanso sɛ wususuw nea ɛmaa odwontofo no kaa saa asɛm no ho na wohwɛ Bible mu nsɛm afoforo a, ɛbɛda adi pefee sɛ Yehowa betumi ama ne honhom kronkron anaa tumi a ɔde yɛ adwuma no afi baabi a ɔwɔ no akɔ wiase baabiara.

Sɛnea agya bi tumi teɛ ne nsa so ne mma mu kyekye wɔn werɛ na ɔboa wɔn no, Yehowa nsa anaa ne honhom kronkron no betumi adu ɔsoro ne asase so baabiara ama ne pɛ ayɛ hɔ. Enti odwontofo no tumi kae sɛ: “Sɛ mefa adekyee ntaban mitu mekɔtra po akyi nohɔ a, ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me, na wo nifa beso me mu.”—Dwom 139:9, 10.

Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo

Yehowa Nyankopɔn fi odwo ne ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn mu ma wɔka ɔno ne baabi a ɔte no ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛte ase. Wɔ eyi ne akwan afoforo so no, ‘ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsoro ne asase so.’ (Dwom 113:6) Nanso nnipa ntumi nhu sɛnea Onyankopɔn te ankasa da.

Asɛm no ara ne sɛ, Yehowa korɔn, ɔsõ na ne ho yɛ nwonwa paa sɛ yɛde nipasu bɛkyerɛkyerɛ ne ho nsɛm mu akosi ase. Enti ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm ka sɛ ɔte baabi pɔtee wɔ soro de, nanso ɛyɛ den paa sɛ nnipa bɛte ne trabea a yentumi mfa yɛn aniwa nhu no no ase awie.—Dwom 139:6.

Ne nyinaa da nkyɛn a, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yenim sɛnea Yehowa te no kakra. Ɛma yehu sɛ ɔnyɛ tumi nwonwaso a atenka biara nni mu a ɛwɔ baabiara wɔ ɔsoro ne asase so. Mmom ɔyɛ obi a ɔte baabi pɔtee bi a ɔdɔ ne mmɔborɔhunu ayɛ no ma. Nimdeɛ a ɛte saa ma onipa biara nya hokwan a ɛkyɛn so a ɛne sɛ obetumi afa Amansanhene no adamfo daapem.—Yakobo 4:8.—g05 3/8.