Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Telefon A Wokura Kyin—Eye Anaa Enye?

Telefon A Wokura Kyin—Eye Anaa Enye?

Telefon A Wokura Kyin—Eye Anaa Enye?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ AUSTRALIA HƆ

MFE bi a atwam no, na ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛfrɛ telefon a na ɛwɔ hɔ no sɛ “telefon a wokura kyin.” Esiane sɛ na batere a ɛhyɛ saa telefon no mu yɛ duru mmoroso nti, sɛ wubetumi de akyin a, na gye sɛ wode hyɛ wo kar mu. Sɛ wo ho nyɛ den paa a, worentumi nkura mfa nkyin. Na ɛsõsõ yiye, na na ne bo nso nna fam.

Ɛnnɛ, telefon a wokura kyin bɛyɛ 1,350,000,000 na ɛwɔ hɔ. Wɔ aman bi mu no, nnipa no mu fã kɛse no ara wɔ bi. Dodow no ara susua a wubetumi de ahyɛ wo nsam, na ɛtɔ bere bi mpo a, wɔde ma nnipa binom kwa a wontua hwee. * Australiafo atesɛm krataa The Bulletin bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ telefon a wokura kyin yi dodow bɛyɛ sɛ TV ne kɔmputa a ɔmanfo wɔ nyinaa a wɔaka abom.” Ɛnnɛ, wɔ aman bɛboro 20 mu no, telefon a wokura kyin dɔɔso sen nea hama sa so a esi faako no. Telefon a wokura kyin ho nimdefo bi ka ho asɛm sɛ ɛnyɛ abɛɛfo afiri bi ara kwa, na mmom ɛyɛ “biribi a abɛka nnipa asetra ho.”

Nkɛntɛnso bɛn na telefon a wokura kyin renya wɔ ɔmanfo so? So eye anaa enye?

Ɛboa Adwumayɛ

Sɛnea nnipa dodow no ara tɔ telefon a wokura kyin no aboa nnwuma pii. Adwumakuw kɛse bi kae sɛ: “Telefon a wokura kyin ho aguadi akɔ so yiye sen anyinam mfiri ho aguadi biara a akɔ so pɛn.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, wɔsɛe sika pii wɔ telefon a wokura kyin ho sen anyinam afiri biara a aba so pɛn.

Wɔ Australia, sɛ nhwɛso no, nnipa ɔpepem 20 a wɔwɔ hɔ no mu bɛboro ɔpepem 15 wɔ telefon a wokura kyin. Nnansa yi, wɔn a wɔtɔ telefon a wokura kyin fi ɔman no mu telefon adwumakuw bi hɔ de saa telefon no frɛe mpɛn 7,500,000,000 wɔ afe biako mu. Nnwumakuw a wɔyɛ telefon a wokura kyin ho adwuma no nya so mfaso dɔla ɔpepepem pii afe biara. Enti ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu nea enti a nnwumakuw akɛse bu telefon a wokura kyin sɛ eye no.

Kasa Foforo a Ɛde Aba

Kasa a wɔfa telefon yi so de di nkitaho akyi no, nnipa pii nam akyerɛw so to afoforo ɔpepem pii a wokura telefon yi bi nkra. Nnipa dodow a wokura telefon yi—titiriw mmabun—nam ɔkwan bi a wɔfrɛ no SMS (nsɛntiaa a wɔde to nkra) so na wɔto afoforo nkra sen sɛ wɔbɛkasa afa telefon so. Wɔnam SMS so tumi miamia telefon no so kyerɛw nsɛntiaa de to afoforo a wokura bi no nkra a wɔmmɔ ho ka pii. Esiane sɛ ehia sɛ womiamia telefon ketewa yi so kyerɛw nsɛmfua nti, wɔn a wɔn ani gye SMS ho no de nɔma ne nkyerɛwde frafra de kyerɛw nsɛm ntiantiaa de to afoforo a wokura bi no nkra. Ɛwom sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔne obi bɛkasa wɔ telefon a wokura kyin so sen sɛ wobemiamia so akyerɛw nsɛm de, nanso ɔsram biara wɔkyerɛw nsɛntiaa ɔpepepem 30 de to afoforo nkra wɔ wiase nyinaa.

Nsɛm bɛn sɛɛ na wɔde to nkra yi? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britain ma ɛbɛdaa adi sɛ mmabun a wɔadi fi mfe 18 kosi 24 no mu ɔha mu nkyem 42 nam SMS so di mmea anaa mmarima akyi, wɔn mu ɔha mu nkyem 20 nam nkitahodi kwan foforo yi so to nsa frɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ne wɔn pue, na wɔn mu ɔha mu nkyem 13 nam SMS so tetew ayɔnkofa mu.

Ɛhaw ebinom a wɔka nnipa abrabɔ ho nsɛm no sɛ nɔma ne nkyerɛwde a wɔde fra hyehyɛ kasa sɛnea wɔpɛ biara wɔ SMS so no resɛe mmabun akenkan ne akyerɛw. Afoforo ne wɔn nyɛ adwene na wɔka sɛ SMS a aba so no “rekanyan akyerɛw ho anigye wɔ nnɛɛmafo mu.” Adwumakuw bi a wotintim Australiafo nsɛm asekyerɛ nhoma kasamafo ka kyerɛɛ Sun-Herald atesɛm krataa sɛ: “Yɛntaa nnya kwan nsua ɔkwan foforo koraa a yɛbɛfa so de kasa adi nkitaho . . . nkrato a wɔde fa SMS ne intanɛt so no ama mmabun ani agye akyerɛw ho kɛse. Sɛ wobehu nea nɔma ne nkyerɛwde a afra no kyerɛ a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ano atew na wɔwɔ kasa ho nimdeɛ.”

Ɛho Nneɛma Bi a Enye

Ɛwom sɛ telefon a wokura kyin boa wɔ fekubɔ ne adwumayɛ mu de, nanso wɔ adwumayɛfo pii fam no, ɛtɔ da a na afiri yi ayɛ te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛkyekyere wɔn ma enti wɔte nka sɛ aka wɔn afam wɔn adwuma ho sen sɛ ɛbɛboa wɔn. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ adwumayɛfo a wɔbɔ aguade ho dawuru no mu ɔha mu nkyem 80 ne adwumayɛfo a wosisi adan mu ɔha mu nkyem 60 te nka sɛ wotwa wɔn ho a entwa, efisɛ wɔn adwumawuranom ne afoforo a wɔyɛ nnwuma ma wɔn no tumi frɛ wɔn bere biara. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ, sɛnea sɛ wɔfrɛ obi wɔ telefon a wokura kyin so a ɛsɛ sɛ ogye so ɛmfa ho baabi a ɔwɔ ne nea ɔreyɛ no ama seesei “obiara tumi twitware ne yɔnko ananmu.” Nea ɛbɛyɛ na wɔasiw ɔhaw yi ano no, mfiridwumayɛfo ayɛ biribi a wɔde si adidibea ne anigyebea adan ahorow a etumi siw telefon no tumi a ɛde yɛ adwuma no ano.—Hwɛ adaka “Telefon a Wokura Kyin Ho Nyansahyɛ Ahorow.”

Sɛnea etwitware nkurɔfo ananmu no da nkyɛn a, telefon yi a ɛkame ayɛ sɛ obiara kura bi no betumi ahaw ɔmanfo yiyedi. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Canada kyerɛ sɛ, sɛ obi reka kar na ɔne obi di nkitaho wɔ telefon a wokura kyin so a, ɛte sɛ nea onii no aboro nsa a ɔreka kar ara pɛ. Ɔbenfo Mark Stevenson a ɔwɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Apirafo wɔ Western Australia Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛyɛ den sɛ obi ne obi bedi nkɔmmɔ wɔ telefon so bere a ɔreka kar sen sɛ ɔne obi a ɔte kar no mu bedi nkɔmmɔ. Ɛmfa ho sɛ asiane wom a mmeae bi no polisifo betumi akyere afirikafo a wɔkasa telefon so bere a wɔreka kar no abɔ wɔn ka no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia kyerɛe sɛ, afirikafo 5 biara mu 1 to nkra fa SMS so, na wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako frɛ anaa wotie afoforo wɔ telefon a wokura kyin so bere a wɔreka kar no.

Asiane a ɛwɔ telefon a wokura kyin a wɔmfa nni dwuma yiye mu no akodu wimhyɛn mu. Ɛwom sɛ wɔakora anyinam nhama a ɛhyehyɛ wimhyɛn a aba so foforo mu no so yiye afi tumi a telefon a wokura kyin de yɛ adwuma no ho de, nanso wimhyɛn dedaw a ɛda so ara yɛ adwuma no ntumi nnyina saa haw yi ano. New Scientist nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ: “Asoeɛ a Ɛhwɛ Britain Wimhyɛn Adwuma So [CAA] nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ wimhyɛn abien mu bere a atu nam wim no akyerɛ ampa sɛ tumi a telefon a wokura kyin de yɛ adwuma no tumi haw mfiri a ɛwɔ wimhyɛn mu no.” Bere a CAA kasamafo rekyerɛ asiane titiriw a telefon a wokura kyin de ma wimhyɛn no, ɔkae sɛ: “Tumi a telefon a wokura kyin de yɛ adwuma no ano yɛ den bere a ɛne baabi a egye n’ahoɔden fi no ntam kwan mu retwe no. Enti bere a wimhyɛn tu kɔ wim no, tumi a telefon a wokura kyin de yɛ adwuma no ano yɛ den, na etumi ne wimhyɛn no mu mfiri di asi wɔ bere a ehia paa yi mu.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia no ma ɛdaa adi sɛ anyinam mfiri a hyɛntiafo kura, a telefon a wokura kyin ka ho no tumi maa asiane sisii wɔ wimhyɛn mu, efisɛ wɔka kyerɛɛ hyɛntiafo no sɛ wonnum wɔn telefon no, wobuu wɔn ani guu so.

Telefon a Wokura Kyin ne Kokoram

Wontumi nhui ara sɛ ebia radio nnyigyei a efi telefon a wokura kyin ne baabi a enya tumi a ɛde yɛ adwuma fi no mu tumi ma nnipa nya kokoram anaa. Esiane sɛ nnipa ɔpepehaha pii na wokura telefon yi bi nti, yare ketewaa bi a ebefi mu aba no betumi adan asɛnkɛse. Ne saa nti, abɔde mu nyansahufo ayɛ nkɛntɛnso a telefon a wokura kyin ahoɔden betumi anya wɔ nipadua so no mu nhwehwɛmu kɔ akyiri. Dɛn na afi mu aba?

Agyinatukuw a Wɔyɛ Telefon a Wokura Kyin Mu Nhwehwɛmu (IEGMP) no de wɔn nhwehwɛmu ho amanneɛbɔ bi too gua sɛ: “Agyinatukuw no gye di sɛ besi saa bere yi adanse a wɔanya no kyerɛ sɛ, enhia sɛ ɔmanfo suro sɛ wɔde telefon a wokura kyin bedi dwuma.” New Scientist nsɛmma nhoma no nso bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nsɛm a wɔde hunahuna ɔmanfo nyinaa akyi no, adanse a wɔanya besi nnɛ no mu dodow no ara kyerɛ sɛ tumi a telefon a wokura kyin de yɛ adwuma a edi akɔneaba no ntumi mpira nnipa. Nhwehwɛmu a wɔayɛ a ɛkyerɛ sɛ ebetumi apira nnipa no ho adanse nni mu.”

Esiane sɛ eyi nyinaa akyi no ebinom adwenem ntene wɔn wɔ ɔhaw a telefon a wokura kyin betumi de abrɛ wɔn nti, wɔda so ara sɛe sika ɔpepepem pii de yɛ mu nhwehwɛmu. Enkosi sɛ wobenya ho mmuae a edi mu no, IEGMP agyinatukuw no de nyansahyɛ a edidi so yi ma: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nkasa telefon a wokura kyin so nkyɛ. Fa telefon a tumi a ɛde yɛ adwuma no ano nyɛ den pii (SAR) di dwuma. Fa nea tumi a ɛde yɛ adwuma no ano nyɛ den a hama a wɔde hyehyɛ asom sa so anaa ɛwɔ akasamu di dwuma.” Agyinatukuw no san de nyansahyɛ ma sɛ, “ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra a wonnya nnii mfe 16 de telefon a wokura kyin di dwuma” efisɛ wonnya nyini nwiei ma enti sɛ “asiane bi wom a, ɛrenyɛ den sɛ ɛbɛhaw wɔn.”

Ɛwom sɛ wɔka ho nsɛm pii de, nanso telefon a wokura kyin renya nnipa asetra ne aguadi so nkɛntɛnso kɛse. Yebetumi anya telefon a wokura kyin so mfaso na bere koro no ara nso ebetumi akɛntɛn yɛn so sɛnea anyinam mfiri afoforo te sɛ TV ne kɔmputa ayɛ no ara. Enti sɛ́ eye anaa enye no gyina nea okura no so.—g05 2/8.

[Ase hɔ asɛm]

^ Ɛtɔ da a telefon nnwumakuw de telefon a wokura kyin yi bi kyɛ nnipa binom a wɔpene so sɛ wɔde telefon no bɛfrɛ mpɛn dodow bi wɔ bere pɔtẽẽ bi mu no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 13]

TELEFON A WOKURA KYIN HO NYANSAHYƐ AHOROW

1. Sɛ worekasa telefon so wɔ baguam a, brɛ wo nne ase. Akasam a ɛhyɛ telefon no mu no kyere kasa yiye, na ɛda adi sɛ nnipa a wɔatwa wo ho ahyia no rempɛ wo nkɔmmɔbɔ no bi atie.

2. Sɛ wowɔ baabi a wo ne wo mfɛfo ahyiam resom, moreyɛ adwuma ho nhyiam, morehwɛ sini anaa wowɔ baabi foforo a nnipadɔm ahyiam anaa adidibea a, dum wo telefon no anaasɛ fa to baabi a sɛ obi frɛ wo a ɛbɛwosow a ɛrenyɛ dede.

3. Sɛ woreka kar a, mfa telefon a wokura kyin nhyɛ wo nsam.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔsram biara wɔkyerɛw nsɛntiaa ɔpepepem 30 de to afoforo nkra wɔ wiase nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sɛ obi reka kar na ɔne obi di nkitaho wɔ telefon a wokura kyin so a, ɛte sɛ nea waboro nsa a ɔde reka kar ara pɛ