Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobetumi Agye Asase No!

Wobetumi Agye Asase No!

Wobetumi Agye Asase No!

NSƐM a yedii kan susuw ho no ama emu ada hɔ sɛ nnipa ntumi nkɔ so mfa asase so nneɛma nni dwuma sɛnea wɔyɛ nnɛ no. Nokwarem no, wiase akannifo abɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛtew efĩ, kwae a wɔsɛe no ne ɔhaw afoforo a atwa yɛn ho ahyia no so. Amanaman Nkabom Nhyiam a Wɔyɛe wɔ Nnipa Atrae Ho wɔ 1972 ne ɛno akyi nhyiam afoforo a wɔtaa yɛ no ama aman bɛyɛ 163 a wɔbaa nhyiam no bi no apene nhyehyɛe a wɔde bedi ɔhaw ahorow ho dwuma no so. Nanso dɛn na afi mu aba? David Hunter a ɔyɛ Asoɛe a Ɛhwɛ Amanaman Ntam Abɔde Ho Bammɔ Mmara So kwankyerɛfo no ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ, apam bebrebe a wɔayɛ, tirimbɔ ahorow ne nhyehyɛe afoforo ntumi nnanee huan a abɔde mu nneɛma so rehuan wɔ wiase nyinaa no.” Nokwarem no, Hunter de ka ho sɛ: “Ɛte sɛ nea biribiara a ɛrekɔ so nnɛ kyerɛ sɛ nneɛma agye nsam sen bere a wɔyɛɛ Amanaman Nkabom Nhyiam wɔ 1992 mu no.”

Dɛn nti na bɛboro mfe 30 a wɔde adi abɔde mu nneɛma ho nsɛm ho dwuma no, aba pa biara mfii mu mmae? Ade biako ne sɛ amanaman no pɛ sɛ wonya sikasɛm mu nkɔso. Wɔn sikasɛm gyina nneɛma dodow a ɔmanfo tɔ so. Eyi hwehwɛ sɛ adwumayɛfo yɛ nneɛma pii, ma enti ɛho behia sɛ wonya nneɛma a wɔde bɛyɛ. Ɛyɛ biribi a ɛkɔ so daa a ebewie ase no na abɔde mu nneɛma na wɔatwa wɔn ho resɛe no. Ɛnde dɛn ne ano aduru?

Nnipa Antu Anammɔn Pa

Bible kyerɛkyerɛ nea enti a mmɔden a nnipa abɔ sɛ wobedi wɔn ho so nyinaa ankowie hwee mu no mu. Odiyifo Yeremia kae sɛ: “[Yehowa, NW] mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛda adi sɛ saa nsɛm no yɛ nokware!

Woakɔ turo bi anaa agodibea bi mu pɛn? Hwɛ sɛnea yɛde anigye hwɛ nnua ne nhwiren ahorow a ɛyɛ fɛ no! Nanso egye nneɛma pii na obi atumi asiesie turo a ɛyɛ fɛ saa. Aturoyɛfo a wɔn ho akokwaw gye bere pii de twitwa nnua ho, dɔ sare a wɔadua no ma ɛtɔ so pɛpɛɛpɛ, na wosiesie nhwiren no sɛnea ɛbɛma ayɛ fɛ. Fa w’adwene bu sɛnea daakye yɛn asase yi bɛyɛ fɛ afa bere a nnipa hwɛ okyinnsoromma yi so yiye sɛnea nnɛ wɔma wɔn ani ku turo ho no ho hwɛ.

Nokwarem no, yɛn Bɔfo no abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma yɛahwɛ yɛn asase yi saa ara. Sɛnea adebɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu kyerɛ no, “[Yehowa, NW] Nyankopɔn de onipa no koduaa Eden turom sɛ ɔnnɔw na ɔnwɛn hɔ.” (Genesis 2:15) Bio nso, ɔde ahyɛde maa adesamma abusua no sɛ wɔnhwɛ Eden na wɔntrɛw Paradise no mu nkosi sɛ nnipa bɛyɛ asase nyinaa so ma.—Genesis 1:28.

Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa asoɔden no ma wɔtɔɔ sin, na hokwan a wɔde bɛhwɛ Paradise no so atrɛw n’ahye mu no bɔɔ wɔn. (Genesis 3:1-6, 23) Sɛ́ nnipa baanu yi a wodi kan no asefo no, yɛanya bɔne ne sintɔ afi wɔn hɔ. (Romafo 5:12) Asase so nneɛma a yɛde adi dwuma wɔ kwammɔne so no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ mmɔden a nnipa bɔe sɛ wobedi wɔn ho so no anyɛ anammɔn pa. Ɛda adi pefee sɛ adesamma haw ahorow no boro wɔn ahoɔden so. Wohia mmoa a ɛboro nnipa de so.

Ɔkwan a Ɛbɛfa so Asi ne Dedaw Mu

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.” (Mateo 6:10) Bible kyerɛkyerɛ sɛ, wɔ Nyankopɔn soro Ahenni ase no, asase no bɛyɛ paradise bio. (Dwom 37:10, 11) Saa bere no, nnua ne nnɔbae bɛsow aba wɔ tebea pa mu. (Dwom 72:16) Wɔ Nyankopɔn akwankyerɛ ase no, wobeyi fĩ afi asase so, na adesamma behu sɛnea wɔde abɔde mu nneɛma bedi dwuma pɛpɛɛpɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ ɛbɛba saa?

Bible ka sɛ asase ‘renhim da biara da.’ (Dwom 104:5) Wɔ Nyankopɔn bere a ɛfata mu no, wɔn a wɔte ase nyinaa benya nhyira afebɔɔ. Wobenya akwahosan, aduan bebu so na wobesisi adan pa nso. W’ani begye ho sɛ wubesua Nyankopɔn atirimpɔw ho nneɛma pii? Ka kyerɛ Yehowa Danseni biara. Ɛbɛyɛ wɔn anigye sɛ wobefi Bible no mu aboa wo ma woahu sɛnea wobegye okyinnsoromma a ɛne Asase no!—g05 1/8.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22]

Wɔ Nyankopɔn akwankyerɛ ase no, adesamma de abɔde mu nneɛma bedi dwuma pɛpɛɛpɛ

[Asɛm Fibea]

Abeawa ne okuafo: © Jeremy Horner/Panos Pictures