Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adamfo Bɔne

Adamfo Bɔne

Adamfo Bɔne

Wowɔ “adamfo” bi. Bere a woyɛ aberante anaa ababaa no na wuhyiaa no. Ɔka wo ho a, ɛyɛ wo sɛ woanyin, na asɛ ɔma wo nnamfonom nso gye wo tom. Sɛ nneɛma hyɛ wo so a, ɔma wo ho “tɔ wo.” Nea ɛwom ne sɛ, onni hɔ a wotena a ɛntena.

Nanso eduu baabi no, wuhui sɛ ɔwɔ subammɔne. Baabi a wobɛkɔ biara, wopɛ oo, wompɛ oo, ose ɔne wo bɛkɔ. Sɛ ɔno nti wɔremma wo kwan mma womma hɔ mpo a, ose da! Ɔrentwe ne ho. Ɛwom sɛ ɔma wotee nka sɛ woanyin, nanso ɔsan maa wo yare. Nea asɛe asɛm no koraa ne sɛ, wunya sika a na wawia bi.

Nnansa yi ara, woyɛɛ sɛ wo ne no retwa adamfo no mu, nanso ose ‘ɛhe ne ha,’ ɔrempene. Wayɛ saa ama seesei woabɛyɛ n’akoa. Ama woanu wo ho koraa sɛ wofaa no adamfo.

NEA yɛreka ho asɛm yi, saa ara na sigaret ayɛ nkurɔfo. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Earline nom sigaret mfe 50. Ɔkaa sɛ: “Sɛnea na sigaret boa me no, sɛ obi wɔ me nkyɛn mpo a, na ontumi mmoa me saa. Ɔyɛ m’adamfo a me ne no abɔ akyɛ, na sɛ obiara nni me nkyɛn mpo a, ɔno de ɔnkɔ nnyaw me.” Nanso akyiri yi, Earline behui sɛ sigaret yɛ adamfo bɔne a onya wo a obepira wo paa. Nea yɛkaa wɔ asɛm yi mfiase no, ɛkaa ketewaa bi anka ɛne n’asɛm no hyiaa pɛpɛɛpɛ. Ade a ɛyɛ soronko wɔ n’asɛm no mu ara ne sɛ, ɔno de, bere a ohui sɛ Onyankopɔn kyi sigaret, efisɛ egu nipadua a ɔde ama yɛn no ho fĩ no, ogyaee.—2 Korintofo 7:1.

Owura bi a ne din de Frank nso, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyae sigaretnom. Nanso bere a ogyaee no, anni nnanu anni nnansa na ofii ase weaweaa ɛdan a ɔte mu no ase sɛ ebia obenya sigaret sin bi anom a. Frank kaa sɛ: “Saa bere no ara na misii gyinae. Sɛnea na mereweawea, na me nsa deda fam repɛ sigaret sin anom no, ɛyɛɛ me aniwu paa. Efi saa bere no besi nnɛ, memfaa sigaret nkaa m’ano bio.”

Adɛn nti na sigaret tumi de nkurɔfo yɛ nkoa saa? Nea ɛma etumi ba saa no, wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu de bi ato gua: (1) Sɛ obi nom wii anaa nnubɔne foforo a, sɛnea etumi ka ne hɔ no, saa ara na sigaret nso te. (2) Aduru bi wɔ sigaret mu a wɔfrɛ no nicotine, na ɛma ne nom ka nkurɔfo hɔ. Sɛ obi twe bi kɔ ne mu a, akyɛ ara anibu nson pɛ na adu n’adwenem. (3) Wɔn a wɔnom sigaret no, wɔredidi no, na wɔrenom bi, wɔrenom nsã no, na sigaret tua wɔn ano, nkɔmmɔ na wɔredi mpo a, na wɔrenom bi, na sɛ nneɛma hyɛ wɔn so nso a, ɛreyɛ ara ni, na wɔatwe sigaret renom.

Nanso, sɛnea yehuu wɔ Earline ne Frank asɛm no mu no, sɛ obi nom sigaret ma ɛka ne hɔ mpo a, obetumi agyae ama ayɛ yiye. Sɛ wonom sigaret na wopɛ sɛ wugyae a, ɛnde kenkan nsɛm a edidi so no, na ebetumi aboa wo ama woasesa w’abrabɔ.