Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Afoforo Mmoa Wo

Ma Afoforo Mmoa Wo

Ma Afoforo Mmoa Wo

“Obi betumi adi ɔbaakofo so, nanso baanu de, wobetumi ne no de asi ani.”—Ɔsɛnkafo 4:12.

SƐ YƐMA afoforo boa yɛn a, ɔtamfo anaa ɔhaw biara nni hɔ a yɛrentumi nni so. Sɛ wopɛ sɛ wugyae sigaretnom a, ne papa mu paa no, hwehwɛ mmoa fi w’abusuafo ne wo nnamfo hɔ. Afei nso, obi foforo biara a obefi ne komam aso w’asen na wanya wo ho abotare no, ma ɔmmoa wo.

Wɔn a wɔatumi agyae sigaretnom no, wɔn paa na wobetumi aboa wo kɛse, efisɛ wɔbɛte wo ase, na wobetumi ama woahu nea wobɛyɛ. Torben yɛ Kristoni bi a ɔwɔ Denmark. Ɔkaa sɛ, “Nkurɔfo boaa me paa.” Abraham a ɔwɔ India kaa sɛ: “Ɔdɔ kann a m’abusuafo ne me nuanom Kristofo de dɔɔ me no, ɛno na ɛboaa me ma mitumi gyaee sigaretnom.” Nanso ɛtɔ da a abusuafo ne nnamfo nko ara rentumi mmoa obi mma onnyae sigaretnom.

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Bhagwandas kaa sɛ: “Menom sigaret mfe 27 mua, nanso, bere a mibehuu nea Bible aka afa nneyɛe bi a egu yɛn ho fĩ ho no, meyɛɛ m’adwene sɛ megyae nom. Metew sigaret dodow a na menom no so. Nnipa a me ne wɔn bɔ no, mesesaa mu. Mekɔɔ wɔn a wɔn adwuma ne sɛ wotu nkurɔfo fo nkyɛn kogyee akwankyerɛ. Nanso ne nyinaa antentam. Afei anadwo bi de, mebɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae kaa me koma mu asɛm nyinaa kyerɛɛ no, na mepaa no kyɛw sɛ ɔmmoa me mma minnyae sigaretnom. Afei de, mitumi gyaee!”

Ade foforo a ehia sɛ woyɛ ne sɛ wubegye atom sɛ sigaret a wopɛ sɛ wugyae nom no renyɛ mmerɛw mma wo. Nneɛma bɛn saa na wobɛfa mu? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

[Adaka]

ƐSƐ SƐ WONOM ADURU ANAA?

Wɔayɛ nnuro bi a wɔde boa nkurɔfo ma wogyae sigaretnom. Ebi ne nea wɔfrɛ no nicotine patch no. Nnipa pii de saa nnuru yi yɛ adwuma, na ɛho aguadi abɛyɛ biribi a sika wom paa. Nanso ansa na wode saa nnuru yi bi bɛyɛ adwuma no, dwen nsɛmmisa yi ho hwɛ:

Mfaso bɛn na ɛwɔ so? Nnuru bebree wɔ hɔ a, nkurɔfo kyerɛ sɛ ebetumi aboa wo ama woagyae sigaretnom. Sɛnea obi regyae sigaretnom a ne ho yɛ no basabasa no, wɔkyerɛ sɛ, saa nnuru no brɛ no ase. Nanso ebinom ka sɛ, saa nnuru no mmoa ahe biara.

Ɔhaw bɛn na ebetumi de aba? Nnuru bi tumi kɔfa ɔhaw ba. Ɔhaw no bi ne sɛ ɛma obi bo fono no, ɛma n’adwene tu fra, na etumi yɛ no sɛ onkum ne ho mpo. Kae nso sɛ, nnuru a wɔde si nicotine ananmu no, nea ɛte ne sɛ, nicotine wɔ ɛno nso mu, na enye mma apɔwmuden. Nokware a ɛwom ne sɛ, sɛnea obi nom sigaret a etumi ka ne hɔ no, saa ara na sɛ obi fa saa nnuru no bi a, ɛno nso tumi ka ne hɔ.

Mmoa foforo bɛn na ɛwɔ hɔ? Nkurɔfo yɛɛ nhwehwɛmu bi faa wɔn a wɔagyae sigaretnom ho. Wohui sɛ, sɛ wofa nnipa 100 a wɔagyae sigaretnom a, emu 88 kaa sɛ, wogyaee nom prɛko pɛ a wɔannom aduru biara.