Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Sɛnea Onyankopɔn Te

Sɛnea Onyankopɔn Te

Nipadua bɛn na Onyankopɔn wɔ?

“Onyankopɔn yɛ Honhom.”—Yohane 4:24.

NEA BIBLE NO KA

Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ honhom. (2 Korintofo 3:17) Ne saa nti, ɔkorɔn sen yɛn koraa, na yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu sɛnea ɔte. 1 Timoteo 1:17 ka sɛ, ɔyɛ “mmeresanten Hene a ɔmporɔw na wonhu no.” Bible ka bio sɛ: “Obiara nhuu Onyankopɔn da.”—1 Yohane 4:12.

Yɛn Bɔfo no korɔn araa ma yɛrentumi ntwa sɛnea ɔte ho mfonini wɔ yɛn adwene mu. Yesaia 40:18 ka sɛ: “Hena ho na mubetumi de Onyankopɔn atoto, na dɛn na mode besusuw no?” Na yɛrentumi mfa amansan a ɛyɛ nwonwa yi mpo ntoto ade nyinaa so Tumfoɔ no ho koraa.—Yesaia 40:22, 26.

Nanso, abɔfo tumi hu Onyankopɔn na mpo wotumi ne no kasa anim-ne-anim. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ wɔn nso yɛ ahonhom, na wɔn nyinaa te ɔsoro. (1 Ahene 22:21; Hebrifo 1:7) Yesu Kristo kaa abɔfo yi ho asɛm sɛ: “Wohu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.”—Mateo 18:10.

 So Onyankopɔn wɔ baabiara?

“Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’”—Mateo 6:9.

NEA BIBLE NO KA

Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ baabiara wɔ bere biara mu, anaasɛ ɔyɛ honhom bi kɛkɛ a onni nipasu. Mmom sɛnea Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:9 ne 18:10 kyerɛ no, Onyankopɔn yɛ obi ankasa—ɔyɛ “Agya”—na ɔte soro, wɔ ne “tenabea .”—1 Ahene 8:43.

Aka kakra ma Yesu awu no, ɔkae sɛ: “Merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.” (Yohane 16:28) Bere a Kristo wui wɔ honam mu na onyanee wɔ honhom mu akyi no, “ɔkɔɔ ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekoyi ne ho adi Onyankopɔn anim.”Hebrifo 9:24.

Onyankopɔn ho nokwasɛm ahorow yi ho hia. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn yɛ obi ankasa nti, yebetumi asua ne ho ade na yɛabɛn no. (Yakobo 4:8) Nea ɛka ho bio no, nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no bɔ yɛn ho ban fi atoro som te sɛ ahoni ne nneɛma a nkwa nni mu a wɔsom wɔn no ho. 1 Yohane 5:21 ka sɛ, “Mma nkumaa, monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.”

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so?

“Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”—Genesis 1:27.

NEA BIBLE NO KA

Sɛ́ nnipa no, yetumi da Onyankopɔn su ahorow te sɛ ɔdɔ, atɛntrenee, ne nyansa adi. Nokwarem no, Bible ka sɛ: “Munsuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monkɔ so nnantew ɔdɔ mu.”—Efesofo 5:1, 2.

Afei nso Onyankopɔn de yɛn pɛ ama yɛn ma enti yetumi paw nea ɛteɛ, na yetumi da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo wɔ akwan pii so. (1 Korintofo 13:4-7) Bio nso yetumi bɔ yɛn tirim yɛ nneɛma, yɛkyerɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ ho anigye, na abɔde a atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase no nso ma yɛn ho tumi dwiriw yɛn. Nea ɛsen saa no, wɔde honhom fam nneɛma ho akɔnnɔ, a ɛne sɛ yebesua yɛn Bɔfo ne n’apɛde ho ade no, bɔɔ yɛn.—Mateo 5:3.

Sɛnea Bible mu nokware betumi aboa wo. Dodow a yesua Onyankopɔn ho ade na yesuasua no no, dodow no ara na yɛtena ase ma ɛne n’apɛde hyia. Ne saa nti, yenya anigye, abotɔyam ankasa, asomdwoe ne akomatɔyam wɔ asetena mu. (Yesaia 48:17, 18) Yiw, Onyankopɔn nim sɛ ne su ahorow a ɛsom bo no ka nnipa koma, na ɛtwe nnipa komapafo bɛn no, na ɛma wɔnantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—Yohane 6:44; 17:3.