Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE NO ADWENE

Satan

Satan

So Satan yɛ obi ankasa?

‘Ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no redaadaa asase sofo nyinaa.’Adiyisɛm 12:9.

NEA NKURƆFO KA

Ebinom gye di sɛ Satan Ɔbonsam nyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa na mmom ɔyɛ bɔne su a ɛwɔ yɛn nyinaa mu.

NEA BIBLE KA

Satan yɛ obi ankasa. Ɔyɛ ɔbɔfo otuatewfo, honhom abɔde a ɔsɔre tia Onyankopɔn. Bible frɛ Satan “wiase yi sodifo.” (Yohane 12:31) Ɔnam “atoro nsɛnkyerɛnne” ne “nnaadaa” so na ɛyɛ ne nnwuma.2 Tesalonikafo 2:9, 10.

Bible no ka nkɔmmɔbɔ bi a ɛkɔɔ so wɔ Satan ne Onyankopɔn ntam wɔ ɔsoro ho asɛm. Sɛ Satan yɛ bɔne su a ɛwɔ obiara mu kɛkɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ a mfomso biara nni ne ho no ne ne fã bi a ɛyɛ bɔne akasa? (Deuteronomium 32:4; Hiob 2:1-6) Ɛda adi pefee sɛ, Satan yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa na ɔnyɛ bɔne su bi kɛkɛ.

DƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WOMA EYI HO HIA WO?

Sɛnea ɔsɛmmɔnedifo de ne ho sie na watumi akɔ so adi nsɛmmɔne no, saa ara na Satan pɛ sɛ ɔma wote nka sɛ onni hɔ, na wakɔ so ayɛ nneɛma bɔne a worenhu akyi. Sɛ wubetumi abɔ wo ho ban afi Satan ho a, ɛsɛ sɛ wudi kan gye tom sɛ ɔwɔ hɔ ankasa.

 Ɛhe na Satan te?

“Asase . . . nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn.”Adiyisɛm 12:12.

NEA NKURƆFO KA

Nnipa pii gye di sɛ Satan te Ɔbonsam gya mu wɔ asase ase. Afoforo nso susuw sɛ ɔte nnipa abɔnefo koma mu.

NEA BIBLE KA

Satan yɛ honhom abɔde, enti ɔte ahonhom atenae a yɛrentumi mfa yɛn aniwa nhu no. Bere bi na Satan tumi kyinkyin kɔ baabi a Onyankopɔn ne abɔfo no wɔ no. (Hiob 1:6) Nanso, seesei de, wɔapam ɔne honhom abɔde afoforo afi Onyankopɔn anim, na wɔaka wɔn ahyɛ asase so.—Adiyisɛm 12:12.

So eyi kyerɛ sɛ wɔaka Satan ahyɛ asase yi so beae pɔtẽẽ bi? Sɛ nhwɛso no, ebia woakenkan biribi afa tete Pergamo kurow no ho sɛ, na ɛyɛ “baabi a Satan te.” (Adiyisɛm 2:13) Nokwarem no, saa asɛm no kyerɛ sɛ na Satan som agye ntini wɔ hɔ. Satan mfaa wiase no fã pɔtẽẽ bi nyɛɛ ne fie. Mmom, Bible no ka sɛ “asase so ahenni nyinaa” yɛ ne dea.—Luka 4:5, 6.

So Satan betumi apira nnipa anaa wadi wɔn so?

“Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”1 Yohane 5:19.

NEA BIBLE KA

Nnipa pii ama Satan adaadaa wɔn ma enti wɔabɛhyɛ ne tumi ase. (2 Korintofo 11:14) Nokwasɛm yi boa ma yehu nea enti a nnipa ntumi nyɛ mma nneɛma nkɔ yiye wɔ asase so no.

Kyerɛwtohɔ afoforo a ɛyɛ hu nso wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛnea Satan anaa abɔfo atuatewfo afoforo adi nnipa so ma apira wɔn.Mateo 12:22; 17:15-18; Marko 5:2-5.

NEA WUBETUMI AYƐ

Ɛnsɛ sɛ wusuro tumi a Satan wɔ no. Sɛ wompɛ sɛ wo de wo ho hyɛ Satan ase a, ɛsɛ sɛ wusua ɔkwan a ɔfa so daadaa nkurɔfo no ho ade, na ‘woahu n’akwan.’ (2 Korintofo 2:11) Sɛ wokenkan Bible no a, wubehu sɛnea Satan te, na wannya wo.

Sɛe biribiara a ɛwɔ wo ho a ɛne adaemone wɔ biribi yɛ. (Asomafo Nnwuma 19:19) Emu bi ne nsɛbɛ, nhoma ahorow, video ahorow, nnwom, ne kɔmputa so dwumadi a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi anaa asumansɛm ho nkuran.

Bible no ka sɛ, “munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.” (Yakobo 4:7) Sɛ wode Bible mu afotu a nyansa wom no di dwuma a, ebetumi abɔ wo ho aban afi Satan nnɛɛdɛe ho.Efesofo 6:11-18.