Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Nsɛm

Wiase Nsɛm

United States

Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, nnipa a wɔnam kar kwan ho no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛ nneɛma a ɛtwetwe wɔn adwene bere a woretwa kwan mu no—ebinom tie nnwom, kasa wɔ fon so, ne nea ɛkeka ho. Nea ɛyɛ hu sen ne nyinaa ne text a wɔde mena. Egye wɔn a wɔde text mena no bere tenten na wɔde atwa kwan mu, na ɛnyɛ den sɛ wobebu wɔn ani agu traffic light so, anaa wobetwa kwan mu wɔ baabi a ɛmfata anaa wobetwam a wɔnhwɛ benkum ne nifa.

Nigeria

Wɔma mmea a wɔdaadaa wɔn de wɔn fi Nigeria kɔ Europa no di nsẽ wɔ abosom so sɛ wɔrenka sum ase nneyɛe no ho asɛm nkyerɛ obiara. Nea ɛbɛyɛ na mmea no de wɔn ho ahyɛ tuutuusi mu no, wohunahuna wɔn sɛ sɛ wonnim na wɔbɔ so kyerɛ obi a, abosom no bɛtwe wɔn aso.

Spain

Wɔn a bere tenten ni wonnya adwuma nyɛ no mu ɔha mu nkyem 5 kosi 10 mfa wɔn sukuupɔn digrii ne adwuma ho osuahu nka krataa a wɔde hwehwɛ adwuma no ho, efisɛ ɛma adwumawuranom susuw sɛ wɔboro adwuma no so.

Wiase

Wɔkyerɛ sɛ wusiw a efi bukyia mu no ka ho bi paa na nnipa bɛyɛ ɔpepem anan nya ahrawa mu nyarewa wuwu afe biara wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no. Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, wusiw a efi nnua anaa gyabiriw mu no ano yɛ den te sɛ awuduru a ɛwɔ sigaret mu no ara pɛ.