NYAN! January 2014 | Intanɛt Dwumadibea Soronko

Wobɛpɛ sɛ wote Bible no ase yiye na w’abusua asetena atu mpɔn? Woyɛ ɔbabun a worehwehwɛ akwankyerɛ? Yɛn Intanɛt dwumadibea no wɔ biribi ma obiara.

ASƐM A ƐDA SO

Intanɛt Dwumadibea Soronko

Hu sɛnea yɛn dwumadibea no te na hwɛ sɛnea wo ne w’abusua betumi anya Bible mu nyansa a entwam da no so mfaso.

Wiase Nsɛm

Nsɛmti no bi ne: hokwan a mmofra wɔ wɔ Afrika Sahara Anafo fam, Intanɛt so ahunahuna wɔ Italy, ne mmabun pii a wɔpo adwuma mu abasobɔ wɔ Japan.

NSƐM A WOBISABISA

Nyansahufo Bi Kyerɛkyerɛ Ne Gyidi Mu

Nkwaboaa ho nsɛm a ɛkɔ akyiri sen sɛnea na wosusuw no maa Feng-Ling Yang, nyansahufo bi a ɔwɔ Japan no sesaa n’adwene wɔ adannandi ho. Dɛn ntia?

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso

Atipɛnfo nhyɛso betumi ama nnipa pa ayɛ ade bɔne. Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu fa ho, na wobɛyɛ dɛn agyina ano?

BIBLE NO ADWENE

Adebɔ

Bible no ka “nna” asia a Onyankopɔn de bɔɔ ade ho asɛm. So ɛyɛ nna asia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24?

NSASE NE NNIPA

Italy Nsrahwɛ

Italy agye din wɔ tete abakɔsɛm ho, mmeae a egu ahorow ne ahɔhoyɛ ho. Hu pii fa kurow yi ne dwuma a Yehowa Adansefo redi wɔ hɔ no ho.

WƆBƆE ANAA?

Ananse Ntontan a Ɛkyere Ade Ho Ahintasɛm

Ananse tumi de amane yɛ ntontan a ɛyɛ den na ɛsan nso yɛ mmerɛw. Hwehwɛ ɔkwan a ɔfa so ne nea enti a ɛte saa.