Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Intanɛt Dwumadibea Soronko

Intanɛt Dwumadibea Soronko
  • KENKAN Bible no wɔ kasa bɛyɛ 50 mu ne nhoma ahorow a egyina Bible so wɔ kasa bɛboro 500 mu.

  • HWƐ video wɔ mum kasa bɛyɛ 70 mu.

  • KYINKYIN beae a wɔde kasa ɔhaha pii agu yi no.

  • TIE Bible mu nsɛm a wɔakenkan no anigye so te sɛ drama no.

  • TWA nsɛm a esisii Bible mu a wɔka ho asɛm te sɛ nea egu so resisi no ho mfonini.

  • HWƐ Bible drama ne video a ɛbɛboa wo ma woagyina asetenam nsɛnnennen ano.

  • TWE e-books, nsɛmma nhoma mu nsɛm, ne ɔkasa a wɔakyere agu Intanɛt so, worentua hwee.

  • YƐ NHWEHWƐMU wɔ nsɛm ahorow pii mu wɔ Watchtower ONLINE LIBRARY so—ɔkwan a wɔfa so nya nimdeɛ pii, ɛwɔ kasa bɛboro 100 mu.

 AWAREFO

“Mepɛ sɛ m’abusua gyina. Me ne me yere ahyia nsɛnnennen wɔ yɛn aware mu nnansa yi, titiriw bere a yɛwoo yɛn mma no. Yehia mmoa”

BIBLE KA SƐ:

“Nyansa na wɔde kyekye ofie, na nhumu na ɛma egyina.”—Mmebusɛm 24:3.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

“Awarefo & Awofo” afã hɔ no betumi aboa wo ma woagyina nsɛnnennen a ɛte sɛ nea edidi so yi ano:

  • Afe a edi kan wɔ aware mu nsɛnnennen a wogyina ano

  • Sɛnea wo ne wo nsenom bedi nsɛm

  • Mmofra ntetee

  • Akasakasa

  • Sɛnea wodi sikasɛm ho nsɛm so

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > COUPLES & PARENTS)

Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba yɛ nhoma a ɛka abusua ho nsɛm pii, fi bere a woyɛ osigyani a woresiesie wo ho ama aware de kosi awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔhwɛ wɔn so.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com. Kɔ NHOMA AHOROW > NHOMA & NHOMAWA)

 AWOFO

“Me mma ho hia me sen biribiara. Mepɛ sɛ wonyin bɛyɛ mpanyin pa”

BIBLE KA SƐ:

“Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”Mmebusɛm 22:6.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

“Mmofra” afã hɔ no, wubehu Bible mu nsɛm a wɔayɛ ho mfonini, abusua nsusuw ho, video ahorow ne Bible adesua a ebetumi aboa wo ma woakyerɛkyerɛ wo mma na . . .

  • wɔayɛ osetie

  • wɔada ayamye adi

  • wɔahu sɛnea wɔne afoforo bɛbɔ

  • wɔasua sɛnea wɔbɛka “meda wo ase”

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > CHILDREN)

Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No yɛ nhoma a wɔayɛ mfonini a ɛyɛ fɛ wom sɛ wo ne wo mma nkenkan.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com. Kɔ NHOMA AHOROW > NHOMA & NHOMAWA)

 MMABUN

“Mepɛ nyansahyɛ a ɛbɛboa me ma madi me sukuu, m’awofo, me nnamfo, ne wɔn a ɛsono me ne wɔn bɔbeasu ho nsɛm ho dwuma. Menyɛ abofra bio, enti mempɛ sɛ obi kyerɛ me nea menyɛ”

BIBLE KA SƐ:

“Ma wo koma nhu anigye wo mmabunberem.”Ɔsɛnkafo 11:9.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Sɛ wohwɛ “Mmabun” afã hɔ a, wubehu nsɛm ne video ahorow a ebetumi aboa wo . . .

  • sɛ́ woayɛ ankonam

  • sɛ́ worehyia ɔhaw wɔ sukuu mu

  • sɛ́ woabu ofie mmara bi so

  • sɛ́ obi resisi wo anaa ɔde nna ho asɛm reteetee wo

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS)

Questions Young People Ask—Answers That Work Volume 1 ne 2 nhoma no de nsɛmmisa 77 a ɛho hia a wɔtaa bisa no ho mmuae ma.

(Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr418.com. Kɔ PUBLICATIONS > BOOKS & BROCHURES)

 WƆN A WƆPƐ SƐ WOSUA BIBLE NO

“Mepɛ sɛ mete Bible no ase. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?”

BIBLE KA SƐ:

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.”—2 Timoteo 3:16.

NNEƐMA PA A ƐWƆ DWUMADIBEA HƆ

Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no yɛ Bible nkyerɛase a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ a ne kenkan nyɛ den.

(Kɔ NHOMA AHOROW > BIBLE)

“Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae” afã no de nsɛmmisa ahorow a efi “Dɛn nti na Onyankopɔn maa kwan ma Nasifo kunkum Yudafo pii?” kosi “Bere bɛn na wɔwoo Yesu?” no ho mmuae tẽẽ ma.

(Kɔ BIBLE TEACHINGS > BIBLE QUESTIONS ANSWERED)

“Ma Obi ne Wo Mmesua Bible a Wuntua Hwee” afã no bɛma woanya obi a ɔne wo besua Bible a wuntua hwee.

(Klik “Ma Obi ne Wo Mmesua Bible” no so wɔ mfiase afã hɔ)

“Migyaee Bible akenkan efisɛ na mente ase. Nanso bere a mefaa ‘Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?’ nhoma de suaa Bible no, mibehui sɛ asete nyɛ den na emu da hɔ, na ɛmaa me ho dwiriw me.”—Christina.

Da biara, nnipa bɛyɛ 700,000 kɔ jw.org so. Dɛn nti na wonkɔ hɔ bi?